25-1207 Afei Yesu Baaɛ Ɛna Ɔfrɛeɛ

Nkransɛm: 64-0213 Afei Yesu Baaɛ Ɛna Ɔfrɛeɛ

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Asɛm Ayeforɔ,

Ɛdɔn nyinaa ɛmu sum kabii paa mu na yɛ wɔ yi, nanso YƐNSURO, Owura no aba. Waba abɛhyɛ N’Asɛm ma wɔ ɛda a ɛtwa toɔ no mu. Sɛdeɛ na Ɔteɛ saabrɛ no, saa na Ɔteɛ ɛnnɛ. Deɛ na ɛda No adi ɛne deɛ na ɛyi No kyerɛ saaberɛ no, saa na ɛteɛ ɛnnɛ. Ɔda so ara yɛ Onyankopɔn Asɛm, a Ɔreda Ne ho adi wɔ onipa honam mu wɔ Ne bɔfo hoɔdenfoɔ a ɔtɔ so nson no mu na wada no adi akyerɛ yɛn, yɛyɛ N’Asɛm Ayeforɔ a ɛte aseɛ.

Yɛnni ɛberɛ ma akyinnyegye anaasɛ nsɛnhunu ho anobaabaeɛ; Yɛ’atwam saa da no; Yɛrekɔ yɛn anim, ɛwɔ sɛ yɛduru hɔ. Honhom Kronkron no aba yɛn ntam. Awurade Yesu a Ɔwɔ Honhom no su mu no ada no adi na Ɔnam Ne diyifoɔ so ayi Ne ho akyerɛ sɛ Ɔno ne Onyankopɔn Nne ma N’Ayeforɔ.

Ɔkaa sɛ Ɔbɛba. Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ wei. Ɔkaa sɛ Ɔbɛpue ɛwɔ beaeɛ hɔnom wɔ ɛnna a ɛdi akyire no mu na Wayɛ saa nneɛma yi sɛdeɛ Ɔyɛɛeɛ ɛberɛ a Ɔbaa honam mu deɛ a ɛdi kan no, na Ɔno nie a Ɔreyɛ no. Ɛdeɛn na ɛbɔ wo hu? HWEE!!!

Yɛnam yɛn kwan so rekɔ Animuonyam mu! Biribiara nni hɔ a ɛrebɛsi yɛn kwan. Onyankopɔn rebɛda N’Asɛm mu nokorɛ adi. Deɛ ɛsie no ɛmfa me ho. Adeyɔ ɛberɛ aduru. Ɛberɛ aso sɛ wogye di anaasɛ wonnye nni. Saa ɛhyeɛ ntetemu a ɛba ɔbarima ne ɔbaa biara so no aduru.

Wɔwoo wo wɔ botaeɛ bi so. Ɛberɛ a ɛhan no tɔɔ wo so no, ɛyii tumm no nyinaa firii wo mu. Ɛberɛ a wotee Ne Nne sɛ Ɛkasa kyerɛ wo wɔ tapes no so no, biribi siieɛ. Ɛkasa kyerɛɛ wo kra. Ɛkaa sɛ, “Owura no aba na Ɔrefrɛ wo. Ɛntɔ baha, nsuro, Me na Mefrɛ Wo. Woyɛ M’Ayeforɔ”.

Oh abusufoɔ, monya awerɛhyɛmu! Monnto atoprɛ sini biara kɛkɛ wɔ so. Onyankopɔn wɔ nhyehyɛeɛ bi: N’Asɛm a Ɔtwe guu tapes so no. Owura no aba na Ɔfrɛ wo. Fa Onyankopɔn kwan a Ɔde ama no so bra.

Prɛko bio Owura no de Ne Nne rebɛka N’Ayeforɔ a wɔwɔ wiase nyinaa abom. Ɔrebɛhyɛ yɛn nkuran, ama yɛn awerɛhyɛmu bio, asa yɛn yareɛ, de yɛn aba N’Animpa tumi no mu na Waka akyerɛ yɛn sɛ:

Owura no aba na Ɔfrɛ wo. Oh, ɔdebɔneyɛni, oh, ɔyarefoɔ, wo nhunu Owura no sɛ Ɔda adi wɔ nnipa mu, agyedifoɔ ntam? Waba sɛ Ɔbɛfrɛ Ne mma a wɔgye di no akɔ mpɔmudene mu. Waba sɛ Ɔbɛfrɛ ɔdebɔneyɛni no akɔ adwenesakra mu. Deɛ wahweaseɛ, asɔreba, Owura no aba na Ɔfrɛ wo.

Ne Honhom Kronkron a ɛhwieguo paa a Ayeforɔ no bɛnya no saa Kwasiada yi ɛberɛ a Onyankopɔn ɛboaboa Ne mma ano bom prɛko bio na Ɔwura yɛn afie mu, yɛn nsɔre mu, yɛn nhyiamu ase, na Ɔto nsa frɛ yɛn na Ɔka sɛ, “Owura no aba na Ɔrefrɛ. W’adehiadeɛ biara yɛ wo dea.”

Momma saa Nsɛm no nkɔ m’oakoma mu akyirikyiri, anuanom mmarima ne mmaa. W’ADEHIADEƐ BIARA NO, OWURA NO ABA NA ƆDE MA WO.

Ɔsoro Agya, O Awurade, ma ɛnsi bio. Saa nneɛma yi nyinaa a maka no, “Yesu aba na Ɔfrɛ wo.” Ɛdeɛn na Ɔyɛ sɛ Ɔba a? Ɔfrɛ. Na ma ɛno ɛnsan nsi bio, Awurade. Ma Wo Honhom Kronkron no mmra nnipa no so anadwo yi, Awurade Yesu a Ɔwɔ— wɔ Honhom su no. Ma Ɔmmra anadwo yi na Ɔna Ne ho adi, na afei Ɔnyi Ne ho nkyerɛ.

Onuabarima Joseph Branham

Nkransɛm: Ɔkaa no Ɔgyefuo da a ɛtɔ so
du-mmiɛnsa wɔ afe apem ahankoron aduosia nan mu; Afei Yesu Baaeɛ Na Ɔfrɛeɛ.

Ɛberɛ : Prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu

Twerɛsɛm : Ɔhoteni Yohane 11:18-28