25-0907 Akwantuo A Ɛtɔ So Mmiɛnsa

Akwantuo A Ɛtɔ So Mmiɛnsa Ayeforɔ Dɔfoɔ,

Sɛ wo nni honhom mu aniwa a, wonte aseɛ. Nanso honhom mu aniwa tumi hunu Onyankopɔn tumi ɛretu anamɔn ɛfiri sɛ Ɛne Asɛm no yɛ pɛpɛɛpɛ. Ɛyɛ Asɛm no, na Onyankopɔn Asɛm nsesa da. Deɛ Ɔyɛɛeɛ wɔ mfitiaseɛ no, saa ara na Ɔreyɛ mprempren yi na honhom mu aniwa hu Ɛno, gye Ɛno di, na ƆTIE ƐNO.

Ebia ewiase ne me ɛnyɛ adwene ɛwɔ deɛ megye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn kwan a Ɔde ama nnɛ no mu: Ɛnne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wotie ɛne Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no. Ɛsɛ sɛ mobɔ tapes no wɔ mo nsɔre mu, nanso SƐ mogye saa Nkransɛm yi di ampa a, ɛneɛ montumi nnye akyinyeɛ wɔ deɛ Onyankopɔn diyifoɔ ka ho.

Kwasiada wei yɛbɛboa yɛn ano sɛdeɛ Hebrifoɔ mmɔfra no yɛɛeɛ ɛde gye manna a na wɔde ma wɔn anadwo no, a ɛbɛtena wɔn ho wɔ adekyeɛ a ɛreba no mu. Yɛbɛboa yɛn ano ama yɛn Honhom mu Manna a ɛbɛma yɛn ahoɔden ama yɛn akwantuo kɛseɛ a ɛnkyɛ koraa ɛreba no.

Tiawa mu no ɔkwan papa biara nni hɔ a ɛkyɛn sɛ yɛbɛma Onyankopɔn Nne no Ankasa akasa afa Ne ho, na saa Nkransɛm a yɛrebɛtie no, ɛmu AYƐ MA!

Onyankopɔn faa onipa baako wɔ ɛserɛ no so, tetee no. Na ɔsan de no baaeɛ, na Ɔfaa adeɛ no ɛdii so, ɛna ɔde nkorɔfoɔ no firii hɔ baaeɛ. Moahu deɛ mekyerɛ no? Ɔntumi nsesa Ne nhyehyɛeɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn.

Enti ɛha no, Ɔka kyerɛ yɛn pefee sɛ Ɔnsesa Ne nhyehyɛeɛ da. Deɛ Ɔyɛɛeɛ firi mfitiaseɛ no, Ɔbɛsɛn ayɛ no bio wɔ awieɛ no, Ɔhyɛɛ bɔ. Enti afei ɛsɛ sɛ yehu deɛ na Ne Nhyehyɛeɛ teɛ saa berɛ no ɛfiri sɛ Ɛbɛyɛ Nhyehyɛeɛ korɔ no ara saa berɛ yi.

Ɔmfa nnipakuo mu ɛnyɛ adwuma. Ɔnyɛɛ saa da. Ɔne ankorankora na ɛdi dwuma; Na Ɔyɛɛ saa, na Ɔbɛyɛ saa. Ɔhyɛɛ bɔ, mpo ɛwɔ Malaki tire nan, Ɔbɛyɛ.

Ɔne nnipakuo bi nni dwuma. Enti, Ɔhyɛɛ bɔ wɔ yɛn da yi mu ɔbɛsoma ɔbarima baako Malaki tire nan a ɔwɔ Sɛ Awurade Seɛ nie.

Ɛte saa. Enti ɛhɔ na Ne bɔhyɛ wɔ, deɛ na Ɔyɛ; hyɛ deɛ Ɔkaeɛ sɛ Ɔbɛyɛ no ho bɔ, na ɛha na yɛwɔ yi. Nnipasuo paa bi, anigyeɛ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ; a ɔrema wɔn nsɛnkyerɛnne no, denam Ne bɔhyɛ Asɛm  nsɛnkyerɛnne no so, bɔhyɛ Asɛm. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛyɛ.

 Ɛkwan bɛn so na Onyankopɔn faaeɛ de yii N’Ayeforɔ saa berɛ no?

Akwantuo nna no mu no, Onyankopɔn yii, Ɔfrɛɛ ɛkuo bi. Na ɛfiri saa kuo no mu no, mepɛ sɛ mohyɛ biribi nso, Ɔnyaa mmienu pɛ a  wɔkɔduruu bɔhyɛ asase no so. Ɛdeɛn na Ɔyii sɛ Ɔbɛfa so de wɔn afiri hɔ akɔ?

Ɛnnie. Wei ho hia yie ɛma honhom mu adwene no sɛ ɛbɛte aseɛ. Ɛkwan bɛn so na Onyankopɔn yii sɛ Ɔbɛdi anim na Ɔde Ayeforɔ no akɔ Bɔhyɛ Asase no so?

Amanyɔsɛm? Mmoanokuo?  Ɔyii odiyifoɔ, a ɔwɔ nyanko-nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ Ogya  Fadum, a nkorɔfoɔ no ɛnyɛ mfomsoɔ. Deɛ odiyifoɔ no kaaeɛ no na na ɛyɛ Nokorɛ. Na Onyankopɔn nam Ogya Fadum mu siane baa fam, na Ɛbɛsii Ɔno Ankasa ho pi, daa N’Asɛm adi. Ɛyɛ saa? Ɛno ɛne deɛ Ɔde baaeɛ, N’akwantuo a ɛdi kan. N’akwantuo a ɛtɔ so mmienu…

Enti, sɛnea ɛbɛyɛ a amapa ara nkorɔfoɔ no rennyɛ mfomsoɔ no, Ɔsomaa odiyifoɔ bi a na ɔwɔ nyanko-nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ Ogya Fadum brɛɛ wɔn maa wɔn akwantuo kɛseɛ no.

Ɛdeɛn na Ɔyɛɛeɛ, akwantuo a ɛdi kan no? Ɔsomaa odiyifoɔ bi a wɔde Ogya Fadum asra no ngo, na Ɔfrɛɛ nkorɔfoɔ no firii adi. Na ɛno yɛ N’akwantuo a ɛdi kan…

Akwantuo a ɛtɔ so mmienu no, Ɔde Odiyifoɔ bi baaeɛ, a na ngosra wɔ Ne so, a na ɛyɛ Ne Ba, Onyankopɔn-Diyifoɔ. Mose kaa sɛ na Ɔbɛyɛ Odiyifoɔ; na na Ɔwɔ Ogya Fadum no, na Ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ nom…

Na ɛha yi Ɔhyɛɛ adekorɔ no ara ho bɔ ɛwɔ awieɛ nna no akwantuo no mu, na Ɔntumi nsesa no…

Dodoɔ no ara bɛpene so sɛ wɔreka sɛ, aane, Ɔsomaa odiyifoɔ bi sɛ ɔmmɛfrɛ Ayeforɔ bi, nanso seesei Honhom Kronkron no bɛdi Ayeforɔ no anim ɛnam ɔsom adwuma no so; Nanso Wanka saa…Momma yɛnkɔ so nkenkan kɛkɛ.

Hyɛ no nso Ogya  Fadum no a Ɛfrɛɛ wɔn firii adi no, dii wɔn anim kɔɔ bɔhyɛ asase no so, ɛwɔ odiyifoɔ ngosra ase. Ogya Fadum bi a na wɔbɛtumi ahwɛ, dii wɔn anim kɔɔ bɔhyɛ asase no so, wɔ odiyifoɔ a wɔasra no ngo ase. Na wɔpoo no Saa ɛberɛ nyinaa. Ɛte saa? Ampa.

Saa Ogya Fadum korɔ yi redi nkorɔfoɔ no anim bio akɔ bɔhyɛ Asase bi so, mfirinhyia Apem no.

Ogya Fadum no, wɔ Onyankopɔn akannie ase…Onyankopɔn na na Ɔyɛ Ogya no, na Ogya Fadum no sraa odiyifoɔ no kɛkɛ. Na ɛwɔ sɛ Ogya Fadum no gyina sɛ Ɔsoro adanseɛ sɛ wɔfrɛɛ Mose .

Afei, monkae, na Mose nyɛ Ogya Fadum no. Na ɔyɛ ɔkandi ni no a na wɔasra no ngo no, a na ɔhyɛ saa Ogya Fadum no ase, na Ogya Fadum no de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ nom sii ne Nkransɛm no pi kɛkɛ

Mfomsoɔ biara nni hɔ, nnamfonom. Ɛnyɛ deɛ mereka; Me yɛ mo nuabarima kɛkɛ. Nanso, ɛyɛ deɛ Onyankopɔn reda ɛmu nokorɛ adi akyerɛ mo, deɛ ɛma no yɛ Nokorɛ no. Ogya Fadum korɔ no ara a Ɔde dii dwuma maa saa mmienu no, Ɔde Ɛno aba mo ntam nnɛ, ɛna Ɔnam abɔdeɛ nhwehwɛmu ada Ɛmu nokorɛ adi.

Onyankopɔn nsesa Ne nhyehyɛeɛ da. Onyankopɔn wɔ ɔkwan bi a Wayi ato hɔ ama N’Ayeforɔ nnɛ: Ogya Fadum, wɔ Onyankopɔn akannie ase… Onyankopɔn na na Ɔyɛ Ogya no, na Ogya Fadum no sraa odiyifoɔ no kɛkɛ.

Ɛnne baako pɛ na ɛwɔ hɔ, odiyifoɔ baako, a ɔwɔ Sɛ Awurade Seɛ nie, William Marrion Braham. Ɔnyɛ Ogya Fadum no, nanso ɔno ne ɔkandi ni a wɔasra no ngo wɔ saa Ogya Fadum no ase.

Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛtena Onyankopɔn Pɛ a ɛwie PƐYƐ mu. N’Asɛm yɛ N’apɛdeɛ a ɛwie Pɛyɛ . Asɛm a wɔasi no pi ama yɛn da yi ɛne saa Nkransɛm yi. Wɔyii Ne diyifoɔ sɛ ɔnni N’Ayeforɔ anim. Sɛ wo ɛnnye ɛno nni a, wontumi nyɛ N’Ayeforɔ.

Bra na bɛyɛ ahosiesie ma yɛn akwantuo kɛseɛ no ɛnam sɛ wo nɛ yɛn retie Onyankopɔn Asɛm a ɛwie Pɛyɛ Kwasiada prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie: Akwantuo A Ɛtɔ So Mmiɛnsa No 63-0630M.

Onuabarima Joseph Branham.