Dɔfoɔ A Mo Yɛ Onyankopɔn Nsusueɛ Nom,
Asɛmfua biara a wɔkaa no wɔ saa Nkransɛm yi mu no yɛ ɔdɔ krataa ma N’Ayeforɔ. Sɛ yɛbɛdwene sɛ y’ɛn Agya a ɔwɔ Ɔsoro Ahemman mu dɔ yɛn pii paa, sɛ na ɛnyɛ sɛ Ɔpɛ sɛ yɛkenkan N’Asɛm nko ara, mmom na Ɔpɛ sɛ yɛte sɛ Ne Nne kasa kyerɛ yɛn akoma sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi aka akyerɛ yɛn sɛ: “Moyɛ M’Asɛm a ɛte ase, Me nsusueɛ a ɛte ase a, mɛtumi ayi akyerɛ wiase.”
Afei sɛ wo bɛdwene sɛ N’afɔreɛ nom a Ɔbɔɔ no wɔ asase so ha no nyinaa akyi no, abrabɔ no a Ɔbɔɔeɛ, anamɔn kwan a Ɔfaa so, adeɛ baako nko ara na Ɔbisaaeɛ:
“Sɛ baabi a me wɔ no, wɔn nso aba hɔ bi.” Ɔbisaa yɛn fekuyɛ, ɛno nko ara ne adeɛ a Ɔbisaa Agya no wɔ mpaebɔ no mu, w’ayɔnkofa afebɔɔ.”
Baabi a mewɔ, “N’Asɛm,” ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ, sɛ yɛbɛgye Ne fekuyɛ, N’ayɔnkofa, afebɔɔ. Enti, ɛsɛ sɛ yɛde Asɛm biara a Ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ tapes no so no tena ase na ama yɛn ayɛ N’Asɛm Ayeforɔ Baabunu, a ɛma yɛyɛ Ayeforokunu no fã.
Ɛno ne Yesu Kristo ADIYIE wɔ ɛdɔn yi mu. Ɛnyɛ deɛ na Ɔyɛ wɔ ɛdɔn foforɔ mu, onipa ko a Ɔyɛ MPREMPREN yi. Asɛm a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ. Baabi a Onyankopɔn wɔ ɛnnɛ. Ɛno ne ɛnnɛ da yi Adiyie. Afei na ɛrenyini wɔ Ayeforɔ no mu, ɛrema yɛyɛ mma mmarima ne mmamaa a wɔ wie pɛyɛ mua.
Yɛhu yɛn ho wɔ N’Asɛm mu. Yɛnim nnipa ko a yɛyɛ. Yɛnim nnipa ko a yɛyɛ wɔ ne nhyehyɛeɛ mu. Wei ne Onyankopɔn kwan a Ɔde ama ɛnnɛ. Yɛnim sɛ Ohwim no abɛn. Ɛnkyɛ yɛn adɔfoɔ nom bɛyi wɔn ho adi. Afei yɛbɛhunu: Yɛaduru. Yɛn nyinaa rekɔ Ɔsoro Ahemman mu…aane, Ɔsoro Ahemman mu, beaeɛ a ɛyɛ adekann te sɛ wei.
“Yɛrekɔ beaeɛ kann a yɛrekɔyɛ nneɛma, baabi a yɛrekɔtena ase. Yɛrekɔyɛ adwuma. Yɛrekɔgye yɛn ani. Yɛrekɔtena ase. Yɛrekɔ Nkwa mu, akɔ Daa Nkwa kann mu. Yɛrekɔ Ɔsoro Ahemman bi mu, paradise bi. Ɛte sedeɛ Adam ne Hawa yɛɛ adwuma, na wɔtenaa ase, na wɔdiieɛ, na wɔgyee wɔn ani, wɔ Eden turo mu ansa na bɔne baa mu, yɛnam yɛn kwan so ɛsan kɔ ɛhɔ ara bio, ɛhɔ ara yɛsan kɔ hɔ ara pɛɛ. Adam a ɔdi kan no nam bɔne so, ayi yɛn afiri mu. Adam a Ɔtɔ so Mmienu no nam tenenee so de yɛn san ba mu bio; bu yɛn bem na Ɔde yɛn san ba mu.”
Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi de sɛdeɛ wei ase kyerɛ yɛn no akɔ nsɛmfua mu? Nokwasɛm ne sɛ yɛrekɔ paradise baabi a yɛbom tena Daa. Awerɛhoɔ, ɔyaw anaa apinisie biara nni hɔ bio, pɛyɛ a ɛtoa pɛyɛ so nkoaaa.
Yɛn akoma nom ɛredi dɛ, yɛkra nom wɔ ahosɛpɛ mu wɔ yɛn mu. Satan de ɔhyɛ dodoɔ ne bebiree na ɛregu yɛn so da biara, nanso yɛda so ara di ahurusie. Adɛn:
YƐNIM NNIPA KO A YƐYƐ.
YƐNIM SƐ YƐNII NO HWAMMƆ, NA YƐNNI NE HWAMMƆ.
YƐNIM, SƐ YƐWƆ NE PƐ A ƐWIE PƐYƐ NO MU.
YƐNIM SƐ, ƆDE N’ASƐM MU ADIYIE NOKORƐ NO AMA YƐN
Onuabarima Joseph, wo twerɛ adekorɔ no ara naawɔtwe biara. ANIMUONYAM, mɛtwerɛ no naawɔtwe biara ɛfiri sɛ Ɔpɛ sɛ wohunu dodoɔ sɛnea Ɔdɔ wo. Onipa ko a woyɛ. Baabi a worekorɔ. Deɛ ɛnni mu no reyɛ deɛ ɛdi mu. Wo yɛ Asɛm no a ɛrebɛyɛ Asɛm no.
Adɔfoɔ wiase, mommra mmɛka yɛn ho Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛwɔ hook-up no so, ɛnyɛ sɛ “me” to nsa frɛ wo nti, mmom ɛsiane sɛ “ƆNO” to nsa frɛ wo nti. Ɛnyɛ sɛ “me” na me yii tape no nti, mmom sɛ wo ne Ayeforɔ no fa bi a wɔ wɔ ewiase afanaa nyinaa bɛtie Asɛm no wɔ ɛberɛ korɔ mu nti.
Anyabiaa yɛbɛtumi ahunu sɛ ɛbɛtumi aba sɛ Ayeforɔ a wɔ wɔ ewiase afanaa nyinaa no, bɛtie Onyankopɔn nne wɔ ɛberɛkorɔ pɔtee no mu? Ɛsɛ sɛ ɛno yɛ Onyankopɔn. Onyankopɔn maa Ɔdiyifoɔ no yɛɛeɛ ɛberɛ a na Ne bɔfoɔ no wɔ asase so ha no. Ɔhyɛɛ Ayeforɔ no nkuran sɛ WƆN NYINAA nka mmom wɔ mpaebɔ mu WƆ JEFFERSONVILLE BERƐ KORƆ NO ARA MU, nɔn nkono, prɛmtoberɛ, nɔn mmiɛnsa; ne kɛseɛ paa a ɛyɛ wɔ saa berɛ yi, sɛ Ayeforɔ no bɛtumi aka abɔ mu sɛ BAAKO atie Onyankopɔn Nne ɛkasa kyerɛ wɔn nyinaa ɛberɛ korɔ mu?
Ɔnuabarima Joseph Branham .
Nkransɛm: Nneɛma A Ɛwɔ Sɛ Ɛyɛ.
Ɔpɛnima da a ɛtɔ so num afe apem ahankoron aduosia num mu
Twerɛnsɛm: .
Ɔhoteni Mateo 22:1-14 .
Ɔhoteni Yohane 14:1-7.
Hebrifoɔ 7:1-10 .