Yesu Kristo Abusua Dɔfoɔ,
Biribi ɛrekɔ so te sɛ deɛ ɛbii nsii da wɔ Kristo Ayeforɔ a wɔ wɔ wiase nyinaa no. Nneɛma a yɛate ho asɛm na yɛkɔn adɔ sɛ yɛhu no, seesei ɛreda adi ɛwɔ yɛn ani so.
Honhom Kronkron no ɛreka N’Ayeforɔ abom sɛnea Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ no, denam Ne kwan NKUTOO a Ɔde ama ɛnnɛ no so, Onyankopɔn Ɛnne a ɛwɔ tapes so.
Ɔreda N’Asɛm adi na Ɔresi so dua sɛdeɛ ɛbi nsii da. Te sɛ nsubura no, Adiyie ɛrehuru fa so wɔ yɛn mu.
Saa mprempren yi Kristo ne N’Asafo honhom mu nkabom no, ɛberɛ a honam no ɛreyɛ Asɛm no, na Asɛm no ɛreyɛ honam, a ɛda adi, ɛresi no pi. Deɛ Bible no kaa pɛɛ sɛ ɛbɛkɔso wɔ saa da yi mu no, ɛrekɔ so, da biara da. Adɛn nti, ɛreboaboa ano ntɛmntɛm wɔ adihɔnom, wɔ saa anweatam no so, ɛne nneɛma a ɛresisi, a na mentumi mpo mfa m’ani ɛnni akyi.
Ɛdabiara Adiyie bebiree ne bebiree na Ɔreda no adi kyerɛ yɛn. Te sɛ odiyifoɔ no, nneɛma ɛresisi na ɛrekɔ so ntɛmntɛm saa, yɛntumi mpo mfa yɛn ani nni Ɛno akyi…ANIMUONYAM!!!
Yɛn berɛ adu. Twerɛsɛm ɛrehyɛma. Ɔhonam ɛreyɛ Asɛm, na Asɛm no ɛreyɛ honam. Deɛ odiyifoɔ no kaa pɛɛ sɛ ɛbɛsi no afei na ɛrekɔ so.
Adɛn nti na yɛn?
mmɔreka biara nni yɛn ntam, nnyegyeɛ a ɛnsi pi, onipa nkyerɛaseɛ biara nni hɔ a ɛhia wɔ yɛn mu. Yɛretie Asɛm Korɔgyenn a ɛwie Pɛyɛ no ara kɛkɛ ɛfiri Onyankopɔn anom ɛberɛ a Ɔkasa anofafa so gu yɛn aso mu.
Afei yɛhunu saa bɔhyɛ Asɛm korɔ no ara a ɛfa Luka, ɛfa Malaki, saa bɔhyɛ foforɔnom yi nyinaa a ɛwɔ hɔ ma nnɛ, ayɛ honam, ɛretena yɛn ntam, a yɛde yɛn aso ɛteeɛ; seesei (yɛde yɛn ani) hunu Ɔno Ɔrema Ɔno Ankasa Asɛm mu nkyerɛaseɛ, yɛnhia onipa nkyerɛaseɛ biara.
Ayeforɔ, ɛmu ntumi ɛnnyɛ pefee ɛnkyɛn ɛno kɛkɛ. Ɛyɛ Onyankopɔn, a Ɔgyina N’Ayeforɔ anim wɔ onipa honam so, a yɛbɛtumi de yɛn ankasa ani ahu, Ɔrekasa na Ɔrema Ɔno Ankasa Asɛm mu nkyerɛaseɛ, na Ɔde ɛregu tape so. Asɛm a ɛwie Pɛyɛ no a Onyankopɔn Ankasa aka na watwe agu ahoma so, ɛne sɛ, ɛnhia onipa nkyerɛaseɛ biara.
- Onyankopɔn ɛrekasa tẽẽ akyerɛ N’Ayeforɔ, wɔ tapes no so.
- Onyankopɔn ɛrema Ɔno Ankasa Asɛm mu nkyerɛaseɛ wɔ tapes no so.
- Onyankopɔn ɛreda Ne ho adi, wɔ tapes no so.
- Onyankopɔn ɛreka akyerɛ N’Ayeforɔ no, mo nhia onipa nkyerɛaseɛ biara, M’Asɛm a ɛwɔ tapes so no, ɛne deɛ M’AYEFORƆ HIA nyinaa.
Kae, sɛ wo firi ha a, firi aseɛ tu anamɔn firi ɛhono no mu mprempren yi; Worekɔ aburo no mu, nanso da Ɔba no Animpa. Mfa nka ho, deɛ maka no; Ɛnnyi mfiri mu, deɛ maka no. Ɛfirisɛ, meka Nokorɛ no kɔpem sɛnea menim Ɛno no, sɛnea Agya no de ama me no. Wahu?
Onyankopɔn ayɛ ƆKWAN NKUTOO A ƐWIE PƐYƐ no ama Ayeforɔ no sɛ yɛnyɛ sɛnea Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no ara pɛ. Ɛntumi ɛmmaa sei da, de bɛsi ɛnnɛ. Adwene bubuo biara nni mu, nsusueɛ biara nni mu, asɛmmisa biara nni mu sɛ wɔde biribi aka ho, wɔayi biribi afiri mu anaa wɔakyerɛ aseɛ. Wɔama Ayeforɔ no nokorɛ Adiyie no: WOREBƆ TAPES NO ƐNE ONYANKOPƆN KWAN A ƐWIE PƐYƐ.
Sɛ ɛba sɛ a, ma mensan nka ɛno bio. M’Adiyie ne sɛ Yesu Kristo Ayeforɔ, ɛnyɛ afoforɔnom, AYEFORƆ NO, ɛnhia BIRIBI FOFORƆ BIARA gye Onyankopɔn Ɛnne a ɛwɔ tapes so no.
Nanso ɛberɛ ko a saa Honhom Kronkron no ampaniampaa…Asɛm kann no ba wo mu (Asɛm no, Yesu), afei, Onuabarima, Nkransɛm no nyɛ kokoam mu nsɛm ɛmma wo saa berɛ no; Wonim Ɛno, onuabarima, Ne nyinaa ɛhyerɛn wɔ w’anim.
Nkransɛm no nyɛ asumasɛm mma me. Yesu Kristo te sɛ deɛ Ɔteɛ ɛnnora, ɛnnɛ ɛne daapem. Wɔfrɛ ɔsoro ne asase nyinaa Yesu. Yesu ne Asɛm no.
Na ɛdin no wo Asɛm no mu ɛfirisɛ Ɔno ne Asɛm no. Amen! Ɛneɛ na Ɔyɛ deɛn? Asɛm a wɔakyerɛ aseɛ no ɛyɛ Onyankopɔn din a wɔada no adi akyerɛ.
Onyankopɔn de Ne Nne a watwe agu ahoma so na wɔde asie ama ɛnnɛ da yi ɛreka N’Ayeforɔ abɔ mu, sɛdeɛ Ɔbɛtumi aboa N’Ayeforɔ abom sɛ Ɛkoro Bafua. Ayeforɔ no bɛhunu Ɛno na wahyɛ Ɛno nso sɛ ɛne ƆKWAN NKUTOO a Ɔbɛtumi aka N’Ayeforɔ abɔ mu.
Ɔyɛɛ no bɛboro mfie aduosia a atwam no de kyerɛɛ yɛn sɛdeɛ na Ɔrebɛyɛ no nnɛ. Yɛyɛ “Ne nsɔre-nom baako a ɛwɔ hook-up so no.”
Sɛ mennye asɔrekɔ ɛnni a, adɛn nti na mewɔ asɔre? Na yɛwɔ won wɔ ɔman no nyinaa mu ahyia, a na wɔ wɔ hook-up so ɛdaano anadwo no, borɔfo kwansini ahinanan ahaanu biara no na m’asɔre baako wɔ hɔ.
Asomfoɔ bebiree ka kyerɛ wɔn nsɔrenom sɛ wo wɔ “hook-up” so no anaasɛ worebɔ afiri ahoma so,” “ɛretie Nkransɛm korɔ no ara no wɔ ɛberɛ korɔ no ara mu no”, ɛnyɛ sɛ worekɔ asɔre. ƆKAA NO SEESEI ARA SƐ NA ƐYƐ! wɔnnim Asɛm no kɛkɛ anaa sɛ wɔntumi nkenkan ɔdɔ krataa no te sɛ deɛ Ayeforɔ no tumi no.
Ɛdeɛn ne asɔre? Momma yɛnhwɛ deɛ Onuabarima Branham kaaeɛ kɛkɛ sɛ ɛyɛ asɔre.
Nhyiamufoɔ pii, bebiree na wɔanya saa daberɛ yi sɛdeɛ mo nyinaa nyaaeɛ firii Tabernacle no. Ɛnam hook up so nso wɔ Phoenix, sɛ baabiara a ɔsom no wɔ no, ɛba mu pɛɛ…Na wɔn aboaboa wɔn ho ano wɔ nsɔredan mu ɛne afiefie mu, ɛne nneɛma a ɛtete saa, ɛdenam mframa a ɛyɛ kama so.
Onuabarima Branham ka pefee sɛ na nkorɔfoɔ a wɔ wɔ wɔn “afie” mu ɛne “nneɛma a ɛte saa” no yɛ n’asɔrenom no mu baako a wɔ wɔ hook-up no so. Ene sɛ afiefie, filling stations, adan, mmusua boaboaa wɔn ho ano wɔ ne hook-up no so maa wɔ yɛɛ asafo.
Momma yɛnkenkan ƆDƆ KRATAA kakra bio.
Yɛbɔ mpaeɛ ma nsɔrensɔre no ɛne asafo mma no nyinaa a wɔn aboaboa wɔn ano no atwa saa—saa–saa microphone nketewa no ho ahyia, ɛfiri ɔman no mu, de kɔ ara kɔsi Atɔeɛ Mpoano no, aforo akɔ Arizona mmepɔ no so, asiane akɔ akɔ Texas mpaprɛ so, akɔwura Apueɛ fam Mpoano no, wɔ ɔman no nyinaa hyia, Awurade, baabi a wɔn aboaboa wɔn ho ano. Nnɔnhwereɛ pii ɛda ntammu, yɛwɔ ɛberɛ mu, nanso, Awurade, yɛaka yɛn ho abom anadwo yi sɛ ɛkoro bafua, agyedifoɔ, ɛretwɛn Mesia no Mmaeɛ no.
Enti sɛ wowɔ Hook-Up no so, ɛretie Onuabarima Branham NYINAA ƐWƆ ƐBERƐ KORƆ NO; na wɔn aka wɔn ho abom sɛ ɛkoro bafua, agyedifoɔ, ɛretwɛn Mesia no Mmaeɛ no.
Nanso woreka sɛ, sɛ woyɛ saa nnɛ a, ɛnyɛ asɔrekɔ, ɛyɛ mfomsoɔ, ɛnyɛ sɛ mo reka mo ho aboa ano kɛse mpo ɛberɛ a yɛhu sɛ ɛda no ɛrebɛn no, ɛno ɛnyɛ asɔre kɔ?
Ma memmisa wo asɛm bi na fa mmuaeɛ ma w’asafomma. Sɛ Onuabarima Branham wɔ ha ɛnnɛ a, ɛwɔ honam mu a, ɛna nka wobɛtumi afa no wɔ ahoma so anaa hook-up so Kwasiada anɔpa biara, a wo ne Ayeforɔ no nyinaa a wɔ wɔ wiase bɛtie no wɔ ɛberɛ korɔ mu a, asɔfoɔ, anka mobɛfa HOOK-UP so na moatie Onuabarima Branham anaasɛ mobɛka asɛm no?
Onuabarima Branham ka pefee sɛ w’asɛdeɛ yɛ w’asɔre. Sɛ ɛnka na wowɔ ha mfie aduosia a atwam no ɛna na Onuabarima Branham ɛreyɛ ɔsom, nanso na w’asɔre no ɛrenkɔ ɛno na mmom wɔn ara reyɛ wɔn ankasa som (a asomfoɔ bebiree yɛɛeɛ saa berɛ no), anka wobɛkɔ “w’asɔre”, annasɛ anka wobɛkɔ “Branham Tabernacle” akɔtie Onuabarima Branham?
Mɛma wo me mmuaeɛ. Ɛnka mɛgyina ɛpono no ano wɔ nsutɔeɛ mu, asukɔkyea, anaasɛ sukyerɛmma ahum mu akɔtie Onyankopɔn diyifoɔ no ɛwɔ Tabernacle hɔ. Sɛ anka na MEREKƆ saa asɔre foforɔ no a, anka mɛsesa nsɔre saa anadwo no.
Nanso saa ɔbaa no, na ɔnnim sɛ na tumi no wɔ poma no mu anaasɛ ɛnte saa, nanso na ɔnim sɛ Onyankopɔn wɔ Elia mu. Ɛhɔ na na Onyankopɔn no wɔ: wɔ Ne diyifoɔ mu. Ɔkaa sɛ, “Sɛ Awurade te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, mennyae wo mu”.
Meto nsa frɛ mo sɛ mommɛka yɛn ho na monyɛ Onuabarima Branham nsɔre no mu baako wɔ hook-up so Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne ɛberɛ yɛn Nkransɛm: Beaeɛ Koro Pɛ A Onyankopɔn Ayi Ato Hɔ Ama Ɔsom. 65-1128M
Onuabarima Joseph Branham.