Adɔfoɔ a Wɔagye Wɔn Abayɛ,
Awɔ Berɛ nwanwasoɔ bi a yɛwɔ mu ɛberɛ a Honhom Kronkron no ɛrema N’asɛm ahyerɛn ama Ayeforɔ no sɛdeɛ ɛbi nsii da. Nneɛma a ɛbia yɛate, akenkan na yɛasua yɛn abrabɔ nyinaa mu no, seesei wɔrepa ho ntoma na wɔada no adi sɛnea ɛbi mmaa da.
Onipa de mfie mpempem mu na atwɛn saa ɛda pɔtee yi. Wɔn nyinaa kɔn dɔɔeɛ na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛte na wɔahu nneɛma a yɛhunu na yɛteɛ no. Tete adiyifoɔ no mpo kɔn dɔɔ saa da yi. Sɛdeɛ na wɔpɛ sɛ wɔhunu deɛ ɛhyɛma ne Awurade mmaeɛ no.
Yesu asuafoɔ mpo, Petro, Yakubu, ne Yohane, mmarima a wɔne No nanteeɛ na wɔne No kasaaeɛ, kɔn dɔɔ sɛ wɔbɛhunu na wɔatie deɛ na ahinta no nyinaa. Wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛda no adi na wɔde akyerɛ wɔ wɔn nna mu, wɔ wɔn berɛ mu.
Wɔ Asafo Mfirinhyia Nson no nyinaa mu no, ɔsomafoɔ biara, Paul, Martin, ne Luther pɛɛ sɛ wɔhunu ahintansɛm a na wɔde asie no nyinaa. Na wɔn apɛdeɛ ne sɛ wɔbɛhunu Asɛm no sɛ ɛrehyɛma wɔ wɔn nkwa nna mu. Na wɔpɛ sɛ wɔhunu Awurade mmae no.
Ná Onyankopɔn wɔ nhyehyɛeɛ bi. Ná Onyankopɔn wɔ ɛberɛ bi. Na Onyankopɔn wɔ nnipa bi a na Ɔɔtwɛn wɔn…YƐN. Wɔ Mfirinhyia no nyinaa mu no, na wɔn nyinaa adi ntwo. Nanso na Ɔnim, ɛnam Ne nimdeɛ a ɔdii kan nyaaeɛ so no, nkurɔfoɔ bi bɛba: N’animuonyam, Asɛm a ɛwie pɛyɛ Ayeforɔ. WƆN ƐMMA N’ENSA ƐNSI FƆM. Wɔn ɛngo wɔn mmudie mu wɔ ASƐM BAAKO HO. Wɔbɛyɛ N’asɛm korɔgyenn Ayeforɔ baabunu.
Saaberɛ yi ɛne ɛberɛ no. Ɛmmerɛ no nie. Yɛn ne wɔn a wɔayi wɔn a Watwɛn firi ɛberɛ a Adam hwee aseɛ na ɔhweree deɛ ɛwɔ no no. YƐYƐ N’AYEFORƆ.
Onyankopɔn diikan kyerɛɛ Yohane deɛ na ɛbɛsie nyinaa, nanso na ɔnnim asekyerɛ no nyinaa. Ɛberɛ a wɔfrɛɛ no kɔɔ soro no, ɔhunuu deɛ na ɔte ahenwa no so no nsa nifa mu nwoma bi a wɔatwerɛ mu, a wɔde nsɔano nson asɔ ano, nanso na ɔbiara nni hɔ a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu.
Yohane teaa mu na osuu dendeenden ɛnam sɛ na adeɛbiara ayera, na anidasoɔ biara nni hɔ. Nanso yi Awurade ayɛ, mpanyinfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsu, ɛfiri sɛ hwɛ, Yuda abusuakuo mu Gyata no, David Ntini no, Wadi nkonim sɛ ɔbɛbue nwoma no mu, na watete ne nsɔano nson no”.
Na ɛno yɛ saa berɛ no. Ná ɛno ne ɛmerɛ no. Na ɔno ne ɔbarima a Onyankopɔn ayi no sɛ ɔntwerɛ deɛ ɔhunuiɛ nyinaa. Nanso ɛda so ara, Na yɛnnim Ne nyinaa nkyerɛaseɛ.
Na Onyankopɔn ɛretwɛn na Ɔretwɛn sɛ Ne nipa a wayi no, N’ebɔfo somafoɔ a ɔtɔ so nson, bɛba asase so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi de ne nne ayɛ Ne Nne, ama N’ayeforɔ. Ná Ɔpɛ sɛ Ɔkasa ano gu aso mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a NTEASE A ƐMMU NNA HƆ biara ɛmma. Na Ɔno ankasa, pɛ sɛ Ɔkasa na ɔda N’ahintansɛm nyinaa adi kyerɛ Ne dɔfoɔ, a wɔwie pɛyɛ, a wɔyii no too hɔ, akomamu tɔfe Ayeforɔ… YƐN!!
Sɛnea Ne kɔn adɔ sɛ Ɔbɛka saa nneɛma a ɛyɛ nwanwa yi nyinaa akyerɛ yɛn. Sɛnea ɔbarima ka kyerɛ ne yere sɛ ɔdɔ no mpɛn pii, na ɔmmrɛ da sɛ ɔbɛtie no, Ɔdɔ sɛ Ɔbɛka akyerɛ yɛn mpɛn pii sɛ Ɔdɔ yɛn, Ɔyii yɛn, Ɔtwɛɛn yɛn, na afei Ɔreba abɛfa yɛn.
Na Ɔnim sɛdeɛ y’ɛani bɛgye ho sɛ yɛbɛte sɛ Ɔka si so bio, si so bio, ɛnti Ɔmaa wɔtwee Ne Nne guu ahoma so, ne saa no N’ayeforɔ no tumi ‘Press Play’ da mũ no nyinaa, da biara, na wɔtie sɛ N’asɛm ɛhyɛ wɔn akoma nom ma.
N’Ayeforɔ kɔnɔfoɔ no nam N’asɛm adidie so asiesie Ne ho. Yɛntie biribi foforɔ biara nka ho, Ne Nne nkutoo kɛkɛ. Yɛbɛtumi adi N’asɛm Korɔgyenn a wɔde ama no nkutoo.
Yɛwɔ akwanhwɛ kɛseɛ mu. Yɛnya Ɛmu atenka wɔ yɛn kra nom mu. Ɔreba. Yɛte sɛ wɔrebɔ ayeforɔhyia nnwom no. Ayeforɔ no ɛresiesie ne ho sɛ ɔbɛnante ɔkwan a ɛda nkonwa ntam no so. Obiara sɔre gyina hɔ, Ayeforɔ no ɛreba abɛka n’Ayeforɔkunu no ho. Wɔasiesie adeɛ nyinaa. Ɛberɛ no adu.
Ɔdɔ yɛn sɛdeɛ ɛbi nni hɔ. Yɛdɔ No sɛdeɛ ɛbi nni hɔ. Yɛne No ɛrekɔyɛ Baako, ɛne wɔn a yɛdɔ wɔn nyinaa, daapem nyinaa.
Yɛto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka yɛn ho siesie wo ho ma ayeforɔhyia no Kwasida prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne ɛreda Adiyisɛm, Ɛtire Num Ɔfã A Ɛdikan adi. Nkrasɛm a ɔkaa no Ayɛwohomumɔ bosome no ne da a ɛtɔ so du baako wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu.
Onuabarima Joseph Branham.