M’adɔfoɔ Honhom-Ahyɛma Ayeforɔ,
Nipakuo baako pɛ na ɛwɔ hɔ; Nnipakuo sononko paa, a wɔn na wɔtumi te deɛ honhom no reka no wɔ saa mfirinhyia a ɛtwatoɔ yi mu. Ɛyɛ kuo sononko a wɔn nsa aka Adiyie no a ɛwɔ hɔ ma saa mfirinhyia wei. Saa kuo no firi Nyame. Ɛkuo no a wɔntumi nteɛ no, ɛmfiri Nyame.
Ɛkuo na ɛtumi na wɔtie deɛ Honhom no reka no, nsa ka Nokorɛ Adiyie no. Yɛn ne wɔn a wɔ wɔ Onyankopɔn Honhom no. Yɛn ne wɔn a Onyankopɔn awo yɛn no na Ɔde Honhom Koronkron no abɔ yɛn asu no. Yɛn ne N’aYeforɔ a Ne Honhom Ahyɛma a yɛnsa aka Adiyie no a ɛwɔ hɔ ma yɛmfirinhyia no.
Press Play no, asekyerɛ bɛn na ɛwɔ ma yɛn? ADIYIE! Ɛne sɛ wo retie, wo resɔ mu, ɛne sɛ wo retena Onyame Akwan a wayi ato hɔ ama ɛnnɛ da yi. Onyankopɔn Nne ankasa ɛrekasa ano gu N’aYeforɔ aso mu. Ɛyɛ Honhom Koronkron no ara ɔrekasa gu yɛn akoma ne yɛn kra nom so.
Yɛnim, Onyankopɔn fa mmarima a Ɔde Ne Honhom asra wɔn ngo so kasa, nanso beaeɛ biaa nni hɔ a, wo te Sɛnea Awurade Seɛ Nie gyesɛ ɛnam Pressing Play ɛnesɛ wo retie Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson no, William Marrion Branham ƐNne. Ɛno ne Ɛnne nkutoo a Honhom Koronkron no ankasa asi so dua. Ɔyɛ Onyankopɔn Nne, Onyankopɔn diyifoɔ, Onyankopɔn sɔfoɔ, ma yɛn ɛne wiase.
Sɛ ɔkasa a, yɛka AMEN wɔ Asɛmfua biara so; ɛfirisɛ ɛyɛ Onyankopɔn no ara ankasa na ɔrekasa kyerɛ yɛn. N’asɛm ne Asɛm nkutoo a ɛnhia nkyerɛkyerɛmu. Ɛyɛ Onyankopɔn a ɔde ne nne ɛrekasa kyerɛ N’Ayeforɔ.
Ɛyɛ Onyankopɔn no ara ankass a ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, “Me mmɔfra, ɛnnyɛ mo na mo ayi me, na mmom me na mayi mo. Ansa na yɛ bɛnya nsoromma mu mfutuma, ansa na mo bɛhunu me sɛ meyɛ mo Nyankopɔn no, na Me nim mo. Na mo wɔ M’adwene mu, na mo te ase wɔ Me nsusueɛ a ɛnni awieɛ mu. Mo ne Me Spoken Word Seed Ayeforɔ no ankasa.
Ɛwɔ mu sɛ na mo wɔ Me nsusueɛ a ɛnni awieɛ mu deɛ, maana mo adi kɔsii me berɛ a mahyɛ a mayi asi hɔ. Ɛfirisɛ na Menim sɛ Mo bɛyɛ Me kuo sononko a Mo ne M’Asɛm bɛtena. Nkaeɛfoɔ no nyinaa adi ntwo, nanso na Menim sɛ mo nni ntwo.
Menim sɛ wɔtaa mo na wɔtweetwee mo ɛnam sɛ mo ne Mediifoɔ atena, nanso mo ne Me Nokorɛ Bobe no a ɛnnyeraa kwan ɛmfiri M’asɛm ho, nanso mo nam nokorɛdie mu ampa ara ne Mediifoɔ a Ɔka M’asɛm atena.
Afoforɔnom bebiree wɔ hɔ a wɔnam nokorɛ so akyerɛkyerɛ wɔn, nanso ɛnnyɛ aberɛbiara no wɔnsua ɛhia a ɛhia sɛ wɔbɛka deɛ Menam Me somafoɔ so aka nkutoo”.
Sɛnea ɛsɛsɛ yɛ yɛ ahwɛyie sɛ yɛbɛtie ɛnne BAAKO, ɛfirisɛ Honhom no wɔ ɛnne baako a ɛyɛ Onyankopɔn nne.
Oh, sɛnea ɛhia sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn nne ɛnam N’esomafoɔ so, na afei yɛka deɛ ɔde ama wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ nsɔre no.
“M’asɛm aba Me diyifoɔ hɔ aberɛbiara, nanso ɛnnɛ da yi, Me maa ɔtwee Me nne guuTape so sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mfomsoɔ biara ɛmma wɔ deɛ Me ka kyerɛɛ Ayeforɔ no. Ahoma a dadeɛ tua ɛtoɔ a ɛtene baako pɛ, abaa baako pɛ na ɛwɔ hɔ, na ɛno ne ASƐM a Menam Me bɔfoɔ so kaaeɛ. Sɛnea ɛwɔ mfirinhyia biara mu no, Me diyifoɔ ne Asɛm a ɛwɔ ɛda no mu. “
Tapes no, Ne Nne, ɛyɛ ɔdɔ krataa ma yɛn. Ɛberɛ a ɔtamfo no nam sɔhwɛ ne ahohiahia ne ahokyerɛ so ɛrema yɛaberɛ kɔsi sɛ yɛbɛpa aba no, Ɔsomaa Nebɔfo hoɔdenfoɔ sɛ Ɔnka nkyerɛ yɛn sɛ ɛnnyɛ hwee na mmom ɛyɛ Onyankopɔn nyitohɔ dɔ ma yɛn, ɛreda nadi sɛ, na wayi yɛn sɛ, yɛnntwe yɛn ho.
Ne botaeɛ kɛseɛ ne sɛ, yɛahunu amaneɛ wɔ mmeretia bi mu no akyiri no, Ɔbɛma yɛawie pɛyɛ, atintim ahyɛ yɛn den. Ɔkakyerɛɛ yɛn sɛ mpo yɛn Awurade Yesu nam N’amaneɛ mu na Ɔwiee pɛyɛ. Hwɛ nhyira a Ɔde agya yɛn. Ɛfirisɛ ɛnam yɛamanehunu mu no, Ɔdɛ yɛn bɛduru pɛyɛ mu nso.
Ɔnam yɛn nsɔhwɛ ne ahohiahia mu ɛretintim yɛn suban-su. Ɛfirisɛ yɛntumi nnya suban wɔ mmerekorɔ a amaneɛ nni mu. Kyerɛ sɛ, yɛn amanehunu no yɛ NKUNIMDIE ma yɛn, na ɛnyɛ akyɛdeɛ.
Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ada yɛn dɔ adi akyerɛ no?
– Ɛnam ɛberɛ a yɛregye deɛ Ɔka die.
– Yɛne N’asɛm ɛɛtena.
– Yɛde anigyeɛ ɛretoto yɛn nneɛma wɔ yɛnsɔhwɛ ne ahohiahia a, Ɔnam Ne nyansa kɛseɛ mu, ma ho kwan ma ɛba.
Sɛnea Ɔma yɛn honhom so wɔ sɛ yɛretie N’asɛm. Ne nne kyekyere yɛn kra werɛ. Sɛ yɛ Presse Play na yɛtie sɛ ɔkasa a, ɛma yɛb adesoa nyinaa so. Yɛntumi mpo nhyɛ aseɛ nsusu aboɔdenneɛ a ɔde agu hɔ ama yɛn ɛnam yɛn ahohiahia no nyinaa mu.
Oh, Yesu Kristo Ayeforɔ, sɛnea m’ani agye sɛ me yɛ wɔn mu baako ɛne mo mu baako biara. Anigyeɛ bɛn na ɛhyɛ m’akoma mu ma sɛ menim sɛ ɔde N’asɛm mu Adiyie ama yɛn. Sɛ Ɔkakyerɛ yɛn sɛ ɛbɛbɛn paa ara sɛ ɛbɛdaadaa wɔn a wayi wɔn ato hɔ pɔtee no sɛ anka ɛbɛtumi a, Wama yɛn NOKORƐ ADIYIE no.
Bra, ɛne yɛn mmɛwura Honhom no mu Kwasiada wei prɛmtoberɛ, Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Asɛm a ɛwie pɛyɛ no:
60-12-06 – Smyrna Asafo Mfirinhyia No.
Onua Barima Joseph Branham