Onyankopɔn Asɔre Dɔfoɔ,
Onyankopɔn kasaeɛ na Ɔkaa sɛ, “Menyɛ adwuma wɔ asase so, gyesɛ ɛnam onipa nko ara so. Me—Me—Me ne Bobe no; mo ne mman no. Na ɛberɛ a mɛtumi anya onipa BAAKO nkutoo na mɛda Me ho adi. Na Me na M’apaw no, William Marrion Branham. Masoma no wɔ ɛfam sɛ ɔmmɛfrɛ M’Ayeforɔ. Mede M’Asɛm bɛhyɛ n’anum. M’Asɛm bɛyɛ n’Asɛm. Ɔbɛka Me Nsɛm na waka deɛ Me ka nkutoo.”
Ɛnne a ɛwɔ Twerɛnsɛm no mu no kasa faa Ogya Fadum no mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Me na M’apaw wo, William Branham. Wo ne ɔbarima no. Saa botaeɛ yi so nti na Memaa wo so. Menam nsɛnkyerɛnne ɛne anwanwadeɛ nom so bɛda wo mu nokorɛ adi. Woresiane akɔ akɔda M’Asɛm adi na wadi M’Ayeforɔ anim. Ɛsɛ sɛ M’Asɛm nam WO so ɛhyɛ ma”.
Na yɛn diyifoɔ no nim sɛ botaeɛ ankasa a ɛnti wɔsomaa no ne sɛ ɔmmɛda Twerɛnsɛm no mu ahintasɛm no nyinaa adi na ɔnni Onyankopɔn Ayeforɔ no anim nkɔ Bɔhyɛ Asase no so.
Na ɔnim sɛ Onyankopɔn de anidie bɛma deɛ ɔkaeɛ no, na wama no aba mu. Mempɛ sɛ wo werɛ bɛfiri saa Asɛm no da. Deɛ yɛn diyifoɔ no kaaeɛ no, Onyankopɔn de anidie bɛma no,
Ɛfiri sɛ na Onyankopɔn Asɛm wɔ William Marrion Branham mu. Ɔno ne Onyankopɔn Nne ma wiase.
Ná ɔnim sɛ ɔyɛ Onyankopɔn bɔfoɔ somafoɔ a ɔtɔ so nson a wɔasra no. Na ɔnim nneɛma a Onyankopɔn aka afa ne ho nyinaa wɔ n’akoma mu wɔ N’Asɛm mu. Na deɛ na ɛredɛre wɔ n’akoma mu no abɛyɛ adekann. Na ngosra wɔ ne so na na ɔnim sɛ ɔwɔ SƐ AWURADE SEƐ NIE. Na biribiara nni hɔ a ɛrebɛsi no kwan sɛ ɔbɛkɔ akɔka Onyankopɔn Asɛm.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no, “M’Asɛm, ɛne wo, Me somafoɔ, ɛyɛ adekorɔ.” Ná ɔnim sɛ ɔno ne onii ko a wɔayi no sɛ ɔnka Asɛm a ɛnni mfomsoɔ no. Ɛno ara ne deɛ na ɔhia. ƆBƐKASA, NA ONYANKOPƆN AMA NO ABA MU.
Nkransɛm yi mu Adiyie ƐNE Onyankopɔn somafoɔ no ama yɛn gyedie so ngosra te sɛ deɛ ɛbi nsii da. Ayi yɛn adi awura kanko akɛseɛ nom mu. Atete yɛn ntam afiri biribiara ho gye Ne Nkransɛm, N’Asɛm, Ne Nne, Ne Tapes.
Ɛmfa ho sɛnea yɛyɛ ɛkuo kumaa bi, sɛnea wɔtweetwee yɛn, ɛdi yɛn ho fɛw, ɛnyɛ nsonsonoeɛ ketekete. YƐHU ƐNO. YƐGYE ƐNO DI. Biribi wɔ yɛn mu. Wɔyii yɛn too hɔ sɛ yɛbɛhunu ƐNO na biribiara nni hɔ a ɛrebɛsi yɛn kwan sɛ yɛregye ƐNO adi.
Yɛkae deɛ saa anisoadehunu no kaaeɛ,
“San w’akyi na kɔfa Aduane sie.” Ɛhe na na saa adekoradan no wɔ? Branham Tabernacle. Ɔman no mu ɛhe fa, anaa ewiase afanaa nyinaa baabiara, a ɛde bɛtoto Nkransɛm nom a yɛwɔ no ho? Ɛno…ɛne Ɛnne nkutoo a Onyankopɔn Ankasa asi no pi sɛ ɛyɛ Sɛ Awurade Seɛ. SAA ƐNNE NO NKUTOO .
Ɛhe bio na anka yɛbɛtumi, anaasɛ anka yɛbɛpɛ sɛ yɛkɔ, ɛberɛ a ɔkaa sɛ;
Ɛha ne baabi a wɔakora Aduane no…
Wɔakora no wɔ ha. Ɛwɔ tapes so. Ɛnam tapes no so bɛkɔ ewiase nyinaa, wɔ baabi a nnipa wɔ ɛwɔ wɔn afiefie mu. Saa tapes no bɛtɔ wɔn a Onyankopɔn a ayi wɔn ato hɔ no nsam pɛɛ. Ɔbɛtumi ama Asɛm no akwankyerɛ, Ɔbɛkyerɛ biribiara kwan pɛpɛɛpɛ akɔ ne kwan so. Ɛno nti na Ɔsomaa me sɛ me nsan m’akyi nkɔyɛ wei: “Kora Aduane no wɔ ha”.
Yɛyɛ N’Asɛm a ɛwie Pɛyɛ Ayeforɔ a ɛne N’Aduane a Ɔde Asie no atena. Ɛho nhia sɛ yɛbɛsu bio, yɛka Asɛm no kɛkɛ na yɛkɔ yɛn anim, ɛfiri sɛ yɛn na YƐYƐ Asɛm no.
Biribiara nni hɔ a ɛha adwene. Ɛnhia mma anadwo dasuo nyinaa mpaebɔ ahyiadie sɛ ɛbɛda nnipa ko a yɛyɛ adi, wɔada Asɛm no adi akyerɛ yɛn. Yɛnim nnipa ko a yɛyɛ, te sɛ Onyankopɔn diyifoɔ no ara pɛ, na waka akyerɛ yɛn dada onii ko a na ɔrekɔ.
Yɛn mu biara! Sɛ́ woyɛ ɔbaa warefoɔ a ɔhwɛ fie, anaasɛ woyɛ obi a woyɛ —afena kumaa bi, anaa woyɛ aberewa, anaa abranteɛ, anaa akɔkora, anaa deɛ woyɛ biara no, yɛrekɔ, ɔkwan biara so. Yɛn mu baako ɛrenka. Amen. “Yɛn mu biara ɛrekɔ, na biribiara nni hɔ a ɛrebɛsi yɛn kwan.”
Kasa fa sɛ ɛrema yɛn Ohwim mu GYEDIE!!!
Bra bɛka Onyankopɔn Ayeforɔ no fã bi ho ɛberɛ a yɛboaboa yɛn ho ano ɛtwa hyia Onyankopɔn Nne a wɔasi no pi no ho, ɛberɛ a Ɔkasa na Ɔka kyerɛ yɛn: M’akoma mu Tɔfe, Deɛ Mayi no, M’Ayeforɔ, Adɛn nti na wo Su, Kasa, na kɔ w’anim.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm: 63-0714M Adɛn Nti Na Wo Su? Kasa!
Ɛberɛ: Prɛmtoberɛ, Jeffersonville ɛbere mu.
Beaeɛ:
Nanso Asɔre ankasa baako pɛ na ɛwɔ hɔ, na wo nkɔdɔm Ɛno. Wɔwo wo to Ɛno mu. Wahu? Na sɛ wɔwo wo to mu a, Onyankopɔn teasefoɔ no Ankasa nam wo so yɛ adwuma, na Ɔreda Ne ho adi. Wahu? Ɛhɔ na Onyankopɔn teɛ, ɛwɔ N’Asɔre mu. Onyankopɔn kɔ Asɔre da biara, Ɔte Asɔre mu saa. Ɔte wo mu. Wo’yɛ N’Asɔre. Wo ne N’Asɔre. Wo ne Ntamadan a Onyankopɔn te mu. Wo na woyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no Asɔre no wo ankasa.