Nkransɛm: 60-0515M Ɔhene No A Wɔapo No
- 25-0427 Ɔhene No A Wɔapo No
- 21-0613 Ɔhene No A Wɔapo No
- 18-0527 Ɔhene No A Wɔapo No
- 16-0217 Ɔhene No A Wɔapo No
Nnamfonom A Mosom Bo,
M’adɔfoɔ, m’Asɛmpa mu akoma mu dɔfoɔ, me mma a wɔawo mo ama Onyankopɔn.
Nnawɔtwe awieɛ nwanwasoɔ bi paa a yɛne Awurade nyaaeɛ.
Na ɛte sɛ deɛ ɛbi nni hɔ, sɛ yɛne Ɔno ɛrenya ɛmerɛ kɛkɛ, yɛrekasa akyerɛ No, ɛretie Ne Nne, ɛresom No, ɛreda No aseɛ, na yɛreka sɛnea yɛdɔ No no ɛkyerɛ No.
Anidie paa ɛyɛ sɛ wo te ase wɔ saa da yi mu na wo yɛ Twerɛsɛm no fã bi a ɛrehyɛ ma. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa anumnsɛm bɛtumi akyerɛkyerɛ deɛ ɛwɔ yɛn akoma mu no nyinaa? Sɛnea odiyifoɔ no kaaeɛ no, ɛnyɛ me a, ɛyɛ biribi a ɛwɔ me mu tɔɔnn, a ɛrepiapia na ɛrehuru fa so wɔ me mu kɛkɛ; Honhom Kronkron no nsutire bi. Ɛyɛ Ayeforɔ no a ɔresiesie ne ho ama Ayeforokunu no.
Hwɛ sɛnea ayeforɔ ani gye ne ho paa ansa na n’ayeforohyia aba. N’akoma firi aseɛ bɔ ntɛmntɛm ɛberɛ a sima a ɛtwa toɔ no ɛbɛsene no….ɔnim sɛ ɛberɛ no anya abɛduru. “Masiesie me ho awie. Ɔreba abɛfa me. Afei deɛ yɛbɛyɛ BAAKO.”
Ampa ara ɛberɛ awieɛ mu na yɛ wɔ yi. Ɛnkyɛ na wɔahwim Ayeforɔ no na wɔafrɛ yɛn akɔ yɛn ayeforɔ anwummerɛ apontoɔ no ase. Ɔde yɛn ɛrekɔ mpɛnpɛnsoɔ foforɔ mu. Asɛmbisa biara nni hɔ bio; Ɛnnyɛ nwanwa bio; YƐN NA YƐYƐ AYEFORƆ NO.
Na Ɔnnya nwieɛ. Ɔda so ara pɛ sɛ Ɔhyira na Ɔhyɛ N’aYeforɔ dɔfoɔ a wɔayi wɔn no nkuran. Sɛnea Ɔdɔ sɛ Ɔhyɛ No nkuran na Ɔka kyerɛ No dodoɔ sɛnea Ɔdɔ No. Sɛnea Ɔde No hoahoa Ne ho.
Ɔda so wɔ Adiyie soronko foforɔ koraa a Ɔde bɛma No. Ɛberɛ a ɛnne bebiree wɔ wiase a ɛrepo sɛ wɔbɛbɔ tapes no, Ɔpɛ sɛ prɛkopɛ bio ɔma Ayeforɔ no awerɛhyɛmu bio sɛ wɔwɔ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ mu ɛne N’akwan a Wayi ato hɔ mu.
Ɛberɛ biara wɔapo Ne nhyehyɛe. Wɔataa N’ayeforo no ɛberɛ biara. Nkorɔfoɔ no pɛ wɔn ankasa kwan, wɔn adwene ɛberɛ nyinaa. Wɔpɛ ɔkannifoɔ soronko sɛ ɔbɛdi wɔm anim. Nanso Onyankopɔn somaa ɔkanifoɔ baako sɛ ɔmmɛdi N’Ayeforɔ anim, Ɔno Ankasa, Honhom Kronkron no, na ɛnnɛ da yi mu Honhom Kronkron no, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ƐNNA A AKA NYINAA MU NO, YƐ ONYANKOPƆN DIYIFOƆ.
Ɛberɛ biara wɔn apɛ sɛ nnipa di wɔn anim. Wɔ Samuel ɛda mu no, Onyankopɔn kaa sɛ na wɔn ɛrepo Ɔno ɛnam sɛ na wɔn mpɛ sɛ Samuel bɛdi wɔn anim no. Na ayɛ sɛ ɛyɛ nwanwa ɛfiri sɛ na Samuel nso yɛ ɔbarima nsoso, nanso na nsonsonoeɛ no ne sɛ na Samuel ne ɔbarima a Onyankopɔn yii no sɛ ɔni wɔn anim. Na Ɛnyɛ Samuel, na ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔde Samuel ɛredi dwuma. Na ɔyɛ Onyankopɔn NNE ƐNE ONIPA A wayi sɛ ƆNI WƆN ANIM, nanso na wɔpɛ ɛnne afoforɔnom.
Na Saul nim sɛ Nkorɔfoɔ no suro Samuel, ɛnti na ɛsɛ sɛ ɔbɔ no dawuro sɛ, “Saul ƐNE Samuel”. Na ɛsɛ sɛ ɔbɔ nkorɔfoɔ no hu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛdi n’akyi. Nokorɛ nie na, wɔafrɛ no. Nokorɛ nie, na Samuel asra no ngosra sɛ ɔnyɛ wɔn hene, nanso na Onyankopɔn da so ara wɔ Ɔkwan a wayi ato hɔ, ɛne odiyifoɔ a Ɔyii sɛ ɔni wɔn anim, mpo sɛ ɔbɛdi Saul anim. Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Ne diyifoɔ no na ɔka kyerɛɛ Saul deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛberɛ a Saul sii gyinae sɛ ɔno nso wɔasra no ngo no, na ɔmpɛ sɛ ɔbɛtie odiyifoɔ no ara kɛkɛ no, Onyankopɔn yii n’ahennie no firii hɔ.
Ɛnti afei ɛberɛ a wɔyɛɛ saa no, ɛberɛ a nkoguo kɛseɛ no baeɛ no, afei Saul twaa nantwie akɛseɛ mmienu na ɔsoma ma wɔde kɔmaa nnipa no nyinaa. Na anka mɛnya a wo bɛhyɛ nso wɔ ha, ɛberɛ a Saul de nantwie asinasini no kɔmaa Israelfoɔ nyinaa no, na ɔkaa sɛ, “Obiara a ɔrenni Samuel ne Saul akyi no, mo ma no ɛnyɛ sɛ nantwie wei.” Anyabiaa wo hu sɛnea ɔbɔɔ mmɔden ɛnam nnaadaa kwan so sɛ ɔde ne ho bɛgyina ama ɔne Onyankopɔn nipa no? Sɛn—sɛnea na ɛnyɛ Kristo nneyɔeɛ! Samuel nti na na nkorɔfoɔ no suro no. Nanso Saul maa wɔn nyinaa dii n’akyi ɛfiri sɛ na nkorɔfoɔ no suro Samuel. “Ma wɔn mmera mɛdi Samuel ɛne Saul akyi.”
Da koro bi Saul kɔɔ ɔhaw pii mu. Na ɔntumi nnya mmuaeɛ mfiri Onyankopɔn hɔ. Na ɔntumi nnya awerɛkyekyerɛ. Ná ɔrepɛ mmuaeɛ nom. Ná ɔnim baabi a na ɛsɛ sɛ ɔkɔ na ɔnya mmuaeɛ a na ɔpɛ no; Na beaeɛ baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, ONYANKOPƆN DIYIFOƆ, SAMUEL. Na ɔkɔ ne kra akyi nanso na ɔda so ara yɛ ONYANKOPƆN NNE, MPO ƐWƆ PARADISE.
Agya pɛɛ sɛ N’Ayeforɔ no hunu ɔnii ko a Ɔyii sɛ ɔni N’Ayeforɔ anim ɛwɔ saa ɛda a ɛtwatoɔ yi, ɛnti Ɔfaa Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no kɔɔ twamu-berɛ akyi sɛ Ɔbɛka akyerɛ yɛn prɛkopɛ bio, akyekyere yɛn werɛ, na wahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛ wɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ a wayi ato hɔ no mu.
Tie deɛ odiyifoɔ no ɛreka no nyinaa yie paa.
Afei, mempɛ sɛ mobɛma wei asi wɔ ne mperenu so. Meka wei wɔ m’asɔre anim, anaa me nwan a merehwɛ wɔn no soɔ.
Ansa na ɔbɛka biribiara akyerɛ yɛn no, ɔpɛ sɛ ɔdikan ma yɛhunu sɛ wei yɛ YƐNKO ARA DEA, N’ASAFO, NE NWAN, WƆM A ƆREHWƐ WƆN SO. Ɛne sɛ, sɛ wo ntumi nka sɛ, “Onuabɛɛma Branham yɛ ME sɔfo a,” maka no pɛn, nanso ɛho nhia sɛ wobɛtoa so akenkan akɔ anim biara, wei ɛnyɛ wo dea, deɛ ɛka ho ne sɛ na ɔmpɛ sɛ yɛbɛsan atĩ mu mpo ama obibiara gyesɛ wɔn a wɔgyedi na wɔka sɛ, “Onuabɛɛma Branham yɛ me sɔfo”.
Ɛhɔnom pɛɛ na yɛ wɔ mmuaeɛ ma asɛmbisa no a yɛnya no pii firi mfomsoɔ hwehwɛfoɔ hɔ sɛ yɛreka sɛ: “Onuabɛɛma Bramham ɛyɛ yɛn sɔfoɔ.” (Ɛno ɛne tape nkorɔfoɔ no.) Wɔn ɛdi ka, wɔ yɛ, na yɛyɛ.
Mesrɛ wo mma wo bo mfu me, menka saa nsɛm yi sɛ ɛbɛfu obibiara bo, ɛno bɛyɛ mfomsoɔ, nanso ɛyɛ deɛ ɔreka akyerɛ Ayeforɔ no. Ɛnyɛ sɛ mede me nkyerɛaseɛ ɛreto so, Ɔreka no pefee…Onyankopɔn asɛm nhia nkyerɛaseɛ biara.
Sɛ na ayɛ sɛdeɛ na mewɔ saa nipadua yi mu anaasɛ mafiri mu a, sɛ na ɛyɛ nsakraeɛ bi a, na ɛnte sɛ anisoadehunu biara a na manya pɛn.
Afei ɔka kyerɛ yɛn sɛ na wei ɛnte sɛ anisoadehunu biara a na wanya pɛn. Ɔkɔɔ baabi a na ɔnkɔɔ da. Na ƐSO sene anisoadehunu biara a wahu pɛn mpo. Na ɛnyɛ sɛ ɔreso daeɛ, ɔhunuu ne nipadua wɔ mpa no so; NA ƆWƆ HƆ.
Yesu Kristo Ayeforɔ no, ma ɛno ɛmem nkɔ mu yie paa ankasa. Na ɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ na na wɔwɔ ɔfã foforɔ no, mprempren kabea, a na wɔde mmirika ɛreba ne nkyɛn, ɛreteɛteɛmu na wɔresosɔ ne mu, ɛde wɔn nsa ɛregu ne kɔn mu na wɔreka sɛ, “Oo, yɛn nua barima a ɔsom boɔ!”
Na ɔwɔ hɔ; Ná ɔtumi te nka; Ná ɔtumi te wɔn nne. Ná wɔrekasa kyerɛ no. Ɔgyinaa hɔ, na ɔhwɛɛeɛ, na ɔyɛ abrantewaa. Ɔtwaa n’ani hwɛɛ ne nipadua dada no a ɛda hɔ a ne nsa gu ne ti akyi no.
Afei yɛasi so dua sɛ NA ƆWƆ HƆ, na ɛyɛ Yesu Kristo Ayeforɔ no na na ɔrehunu wɔn no. Afei momma yɛntie deɛ na ɛnne bi a ɛfiri soro ɛreka kyerɛ no.
Na afei saa Ɛnne a na ɛrekasa no, ɛfiri m’atifi no, kaa sɛ, “Wonim, wɔatwerɛ wɔ Bible no mu sɛ na wɔaboaboa adiyifoɔ no ɛne wɔn nkorɔfoɔ ano.”
Ɛnyɛ sɛ na Onyankopɔn ɛrekyerɛ ne diyifo no na Ɔrehyɛ no nkuran nko ara, na mmom na dodoɔ pii ka ɛho. Ɔbɛsan aba na waka akyerɛ yɛn ɛnyɛ baabi a yɛɛkɔ nkutoo ɛne sɛdeɛ ɛbɛyɛ, na mmom sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛwɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ mu ɛnam sɛ yɛre Presse Play na ɛno ne sɛnea yɛfa so kɔ baabi a Ayeforɔ no wɔ no.
Onuabarima Branham kaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu Yesu dendennden. Nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ:
“Afei, Ɔwɔ soro kakra, ɛsoro hɔnom ara sɛɛ.” Kaa sɛ, “Ɛda bi Ɔbɛba wo nkyɛn.”
Wɔn kɔɔ so kyerɛɛ no ONII KO A NA ƆYƐ.
“Wɔsomaa wo, sɛ ɔkannifoɔ. Na Onyankopɔn bɛba. Na sɛ Ɔba a, Ɔbɛgyina deɛ wo kyerɛɛ wɔn no so abu wo atɛn, kane, sɛ wɔbɛkɔ mu anaasɛ daabi. Yɛbɛkɔ mu sɛnea wo nkyerɛkyerɛ ɛteɛ no”
Hwan na wɔsomaa no sɛ ɔkannifoɔ? Wɔrekɔbu yɛn atɛn ɛgyina deɛ hwan kyerɛkyerɛɛ yɛn so? Ɛnam hwan nkyerɛkyerɛ so na yɛbɛwura Ɔsoro ahennie mu?
Obi bɛtumi aka sɛ, mekyerɛkyerɛ me nkorɔfoɔ deɛ Onuabarima Branham kae no aaa…amen, ɛsɛ sɛ woyɛ na megye di sɛ ɛbinom yɛ, nanso mma ɛnyɛ no “Onuabɛɛma Branham ɛne me.”
Momma yɛnkɔso nkenkan sɛnea Ɔpɛ sɛ yɛhwɛ hunu sɛ yɛte aseɛ yie bebiree.
Na saa nkorɔfoɔ no teateaa mu, na wɔkaa sɛ, “Yɛnim saa. Na yɛnim sɛ yɛne wo ɛrekɔ, da bi, asan aba asase so.” Kaa sɛ, “Yesu bɛba, na wɔbɛgyina sɛnea wo kaa Asɛm no kyerɛɛ yɛn no so no na abu wo atɛn.
Wɔbɛbu yɛn atɛn wɔ Asɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn no so. Ɛne sɛ, atɛmmuo firii deɛ Onyankopɔn Nne kaaeɛ wɔ tapes no so no. Ɛbɛyɛ dɛn na ɔbi atumi aka sɛ Ɛnne a ɛwɔ tapes no so no ɛnyɛ ƐNNE A ƐHO HIA PAA sɛ wo bɛtumi atie?
“Na afei sɛ wɔgye wo tom saa berɛ no, a wɔbɛgye wo atom,” .
Woasiesie wo ho? Wei bɛkoa dadewa no ato deɛ ɛyɛ Awurade Pɛ a ɛwie pɛyɛ ma Yesu Kristo Ayeforɔ no so. Ayeforɔ no ɛreka kyerɛ odiyifoɔ no DEƐ ƆBƐYƐ. Obi foforo biara nni hɔ. Ɛnyɛ nipakuo bi. Ɛnyɛ ɔsɔfoɔ foforɔ, Onyankopɔn diyifoɔ, WILLIAM MARRION BRANHAM.
“afei wode yɛn bɛkyerɛ No, sɛ wo som dwumadie mu nkonimboɔ nom”.
Hwan na ɔde yɛn ɛrekɔkyerɛ Awurade Yesu? Ɛnna a yɛtie odiyifoɔ no kɛkɛ no atwam? Onuabarima Branham anka da sɛ bɔ tapes?
Ayeforɔ no ɛreteateamu ɛna wɔn ɛreka sɛ, sɛ wopɛ sɛ wo yɛ Ayeforɔ no a, ɛbɛyɛ ama wo sɛ wobɛ Press Play.
Wo da so ara wonnye ntoo mu? Wiɛ, bebiree mpo wɔ hɔ.
Kaa sɛ, “wobɛma yɛn akwankyerɛ akɔ Ne hɔ, na yɛn nyinaa bɛbom asan yɛakyi akɔ asase so akɔtenase afebɔɔ.
Hwan na ɛwɔ sɛ ɔma yɛn akwankyerɛ kɔ Ne nkyɛn no? Hwan na Ɔredi Ayeforɔ no anim? Ayeforɔ no ɛreka kyerɛ no sɛ ƆNO NA ƆBƐMA AYEFORƆ NO AKWANKYERƐ AKƆ NE NKYƐN, afei yɛbɛsan akɔ asase so akɔtena afebɔɔ.
Sɛ Adiyie BIARA wɔ wo mu koraa a. Sɛ wode to wo ho so sɛ wogye Saa Nkransɛm yi di a, mebɔ mpaeɛ sɛ Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ wo sɛ ƐSƐ SƐ wode Ne Nne, tapes no DIKAN. Asɔfoɔ, monsan mfa odiyifoɔ no mmɛgyina mo asɛnkannua no akyi. Tapes no ɛne Ɛnne a ɛhia sɛ wobɛtie sɛnea wɔde SAA ƐNNE no na ɛrebɛbu wo atɛn.
Sɛnea Asɛm no seɛ no, yɛwɔ Ne Pɛ a ɛwie pɛyɛ ɛne Ne kwan a Ɔde ama no mu ɛma yɛn ɛda yi ɛnam sɛ yɛretie Onyankopɔn Ɛnne a ɛwɔ tapes so no.
Sɛ Onyankopɔn abue w’ani akɔ nokorɛ Adiyie no a ɛwɔ N’Asɛm mu no a, me to nsa frɛ wo sɛ bɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no Kɔtonima da a ɛtɔ so dunum wɔ afe apem ahankoron aduosia mu anɔpa:
Ɔhene A wɔapo No No.
Ɔnuabarima Joseph Branham.