Awuranom Adɔfo,
Wei ɛne, Nsɛnkyerenne no. Wei ɛne, Ɛberɛ no. Wei ɛne, Nkransɛm no. Wei ne, Asɛm no. Wei ne, Onyankopɔn Nne. Wei ne, Onipa ba no. Wei yɛ, Onyankopɔn kwan a Ɔde ato hɔ. Wei ne, ɛberɛ awieɛ.
Odiyifoɔ biara nni hɔ, ɔsomafoɔ biara nni hɔ, asetena mu ɛmerɛ biara nni hɔ a aba da te sɛ ɛberɛ a yɛte mu seesei yi. Wɔatwerɛ pefee wɔ ɛwiem. Wɔatwerɛ pefee wɔ asase so baabibiara. Wɔatwerɛ wɔ dawubɔ krataa biara mu. Wei ne awieɛ no, sɛ wobɛtumi akenkan nsaano ntwerɛeɛ no a.
Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie deɛ Onyankopɔn kaaeɛ, na Ɔtwe guu ahoma so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɛrenyɛ m’asɛm, m’adwene nom, me nsusueɛ, na mmom Onyankopɔn Nne ankasa a ɛrekyerɛ N’Ayeforɔ no deɛ ɛyɛ Ne kwan nkutoo a ɛwie pɛyɛ a Ɔde ama ɛnɛ no.
Bra na bɛtie wɔ ɛberɛ a Ɔnam twerɛsɛm so ka na Ɔda no adi kyerɛ yɛn wɔ anisoadihunu mu, denam daeɛ nkyerɛaseɛ so, sɛ yɛne nkransɛm no ntena, yɛne tapes no ntena. Ka deɛ ɛwɔ tapes no so nkutoo.
Ɔkwan pa biara nni hɔ, anaasɛ ahotɔsoɔ kwan biara nni hɔ a ɛyɛ kyɛn sɛ yɛbɛte Onyankopɔn Nne afiri Onyankopɔn Ankasa hɔ. Onyankopɔn nam Ne diyifoɔ so ɛrekasa no, ɔhyɛɛ N’ayeforɔ no a na Ɔreka kyerɛ yɛn sɛ PRESS PLAY tohn.
Kasa fa Ɛho, preach fa Ɛho, di Ɛho adanseɛ, na ka Ɛho asɛm kyerɛ wiase, nanso Ɔka kyerɛ yɛn sɛ ɔkwan baako pɛ a ɛwie pɛyɛ a wɔde ato hɔ sɛ ɛbɛma Ayeforɔ no awie pɛyɛ: tie Onyankopɔn Nne a wɔ Tapes no so. Sɛ biribi kyere w’adwene so a, bɔ tape no. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ deɛ ƐDIKAN, ne Ɛnne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wotie. Ɛyɛ N’Asɛm a ɛwie pɛyɛ a Ɔde too tape so.
Afei fa ɛno mpo toto afoforɔ no ho, adaeɛso nom no. Ná wei yɛ anisoadehunu. Aduane no, ɛha na ɛwɔ. Beaeɛ no nie.
Tie, ɛnam adaeɛso ne anisoadehunu nom so, Ayeforɔ no Aduane no wɔ ɛhe? Ɛhefa na beaeɛ no wɔ? Nkrasɛm a ɛwɔ hɔ ma Ayeforɔ no wɔ tapes no so.
M’afam no, wei yɛ me sɛ fie. Wei ne beaeɛ no. Na sɛ wohyɛ no nso a, adaeɛso no ka asɛm korɔ no ara, hwɛ, baabi a aduane no.
Nea ɛbɛyɛ na yɛate aseɛ no, ɔka kyerɛ yɛn prɛkopɛ bio sɛ, Tapes no yɛ Aduane ma Ayeforɔ no.
“Ɛberɛ nni hɔ bio.” Sɛ ɛte saa a, namfonom, momma yɛnsiesie yɛn ho, mfa nhyia yɛn Nyankopɔn.
Yiw, Awurade, ɛno ne y’ɛakoma so apɛdeɛ, sɛ yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛhyia Wo, sɛ yɛbɛyɛ W’Ayeforɔ. Ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ Awurade? Ɛdeɛn ne Wo kwan a wode ama no? Ɛdeɛn ne Wo nhyehyɛe? Ɛdeɛn ne Wo kwan a ɛwie pɛyɛ? Wo somaa odiyifoɔ bi berɛɛ yɛn a wobɛtumi afa ne mu akasa akyerɛ yɛn. Yɛsrɛ sɛ kyerɛkyerɛ yɛn.
Aduane bebiree na ɔde agu hɔ saa berɛ yi. Moma yɛmfa nni dwuma. Moma yɛmfa nni dwuma saa berɛ yi.
Sɛn paa a obi bɛtumi ayɛ anifiraeɛ? Ɔka deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ kyerɛ yɛn: aduane bebiree a wɔakora wɔ tapes no so; monfa nni dwuma SAA BERƐ yi. Wei yɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ma N’aYeforɔ.
Sɛ wogye to wo ho so sɛ wogye saa Nkransɛm yi di a, gye di sɛ William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn Diyifoɔ- Somafoɔ a wɔasoma no sɛ ɔmfrɛ Ayeforɔ no a; N’abrabɔ hyɛ twerɛnsɛm nyinaa wɔka fa ne ho ɛma; Gye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Nne ma saa da yi, ɛneɛ ƆNO; Onyankopɔn, a ɔnam Ne diyifoɔ so ɛrekasa no, ka no pefee wɔ Borɔfo kasa mu kyerɛ Ayeforɔ no deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ.
Ɛwom sɛ wɔdi yɛn ho fɛw, wɔtaa yɛn, na wɔbu yɛn animtia ɛfirisɛ yɛtie Tapes no nkutoo, yɛreyɛ deɛ ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Awurade yɛda wo ase wɔ Adiyie no ho.
Mepɛ sɛ meto nsa frɛ ɛwiase sɛ wɔmmɛka yɛn ho Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no Ɔpɛnima bosome no ne da aɛtɔ so aduasa anwumerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia mimienu mu: “Owura, Anyabiaa Awieɛ Nsɛnkyerɛnneɛ No Nie?” Yɛbɛte deɛ ɛfa:
Aprannaa,
Nsɔano Nson,
Pyramid Ɔbotan, Honhom Aduane,
Ɛnni Awieɛ,
Abɔfo Kuo,
M’Asoeɛ bea, Anisoadehunu, Adaeɛso, Nkɔmhyɛ, Ahintasɛm a Asuma, Twerɛsɛm akyi Twerɛsɛm nyinaa ho asɛm.
Biribiara nni hɔ wɔ abrabɔ wei mu a ɛso kyɛn sɛ wɔbɛte na wɔadi Onyankopɔn Nne so.
Onubarima Joseph Branham.
Twerɛnsɛm:
Malaki , Ɛtire Nan 4
Mateo 13:3-50
Romafoɔ 9:33 / 11:25 / 16:25
1 Korintofoɔ 14:8 / 15
Galatifoɔ 2:20
Ephesofoɔ 3:1-11 / 6:19/ 5:28-32
Kolosofoɔ 4:3
1 Tesalonikafoɔ 4:14-17
1 Timoteo 3:16
Hebrifoɔ13:8
2 Petro 2:6
Adiyisɛm 1:20 / 3:14 / 5:1 / 6:1 / 10:1-7 / 17