Dɔfoɔ A Wɔawo Ama Kristo,
Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi de onipa anumsɛm kɛkɛ akyerɛ ɔdɔ ne anigyeɛ a ɛwɔ yɛn akoma mu sɛ yɛnim N’Asɛm mu nokorɛ Adiyie wɔ yɛn da yi mu? Sɛ yɛbɛdwene sɛ, na yɛnni hwee yɛ wɔ ho, nanso ƆNO, Okokroko ME YƐ, ɛnam Ɔno ankasa Ne yie so, hyɛɛ YƐN too hɔ sɛ yɛbɛnya adekɛseɛ paa a na Ɔbɛtumi de ama yɛn, N’ASƐM MU ADIYIE A ƐWƆ HƆ MA YƐN DA YI MU.
Ɔtwɛnee, kɔsii sɛ na ɛberɛ awie du no aba, sɛ Ɔbɛhome nkwa home agu yɛn mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛte sɛ Ɔkasa kyerɛ yɛn na Ɔka sɛ:
Afei, mabɔ me ho mmɔden biara sɛ—sɛ—sɛ mɛka akyerɛ mo nkorɔfoɔ yi na madi mo anim te sɛ deɛ agya bi bɛdi ne mma anim. Moyɛ me mma; Menam saa Asɛmpa a meka ho asɛm yi so awo mo ama Kristo. Moahu? Na me—me—Mepɛ sɛ moyɛ mmɔfra anaa—nkɔdaa a woatete mo ama moanyini koraa. Na mepɛ sɛ mede mo kyerɛ Kristo saa da no, sɛnea Paulo kaeɛ no, “Ɔbaabunu a efi nni ne ho.” Biribiara nni saa Asɛm no mu gye sɛ deɛ w’akoma bɛgye “amen” wɔ so.
Onyankopɔn, a Ɔnam Ne bɔfo-hoɔdenfoɔ so rekasa, rema yɛn Kristo Ayeforɔ no akwankyerɛ na Ɔredi yɛn anim. Yɛyɛ Ne mmaabunu mmɔfra a efi nni yɛn ho a yɛanyini koraa. Na ɛnam N’adom nwanwasoɔ no so no, yɛde AMEN gye Asɛm biara a yɛteɛ so! Ɛyɛ Asɛm no nkyerɛaseɛ a ɛwie pɛyɛ a Ɔsoro da ɛmu nokorɛ adi!
Sɛ Ɛnne a yɛretie wɔ tapes no so yɛ: Asɛm no mu nkyerɛaseɛ a ɛwie pɛyɛ a, ɛdeɛn bio na Yesu Ayeforɔ no hia?…HWEE!
Wayi yɛn, Ne kuo ketewa a Ɔde Ne nsa ayie, sɛ yɛbɛnya N’Asɛm mu nokorɛ Adiyie ɛwɔ yɛn da yi mu. Yɛn ne wɔn a Ɔyii sɛ yɛbɛwɔ asase so, wɔ nnipadua honam so, wɔ Millennium mfie apem ahennie no mu.
Me nnamfonom, momma yɛnyina ɛno so simma baako kɛkɛ.
Yɛbɛnya nipadua a wɔahyɛ no animuonyam wɔ asase so ha yi ara. Yɛbɛdidi, anonom, asisi adan, atena ase te sɛ deɛ yɛyɛ seesei ara yi wɔ mfie apem. Ɛbɛyɛ yɛn ayefohyia akyi ahomegyeɛ berɛ a Ayeforɔ no (YƐN) ne Ayefokunu no (Awurade Yesu Kristo) abɛyɛ BAAKO.
Yɛrehwɛ na yɛretwɛn saa animuonyam berɛ yi simma biara da biara. Ɛbɛn paa ɛte sɛ deɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛbɛtumi de yɛn nsa aka. Mede m’akoma nyinaa gye di, wei ɛne deɛ ɛrekɔ so wɔ yɛn so ɛnnɛ:
Oh, saa honhom mu nkabom a ɛfa Kristo ne N’Asafo ho seesei, ɛberɛ a honam no reyɛ Asɛm, na Asɛm no reyɛ honam, a ɛda adi, ɛsi no pi. Sɛdeɛ Bible no kaa sɛ ɛbɛsi wɔ ɛnnɛ da yi mu no ara pɛ, ɛrekɔ so, da biara da. Adɛn, ɛreboaboa ano ntɛmntɛm wɔ adihɔ, wɔ saa ɛserɛ nom no so, ɛna nneɛma a na ɛrekɔ so, a mantumi amfa m’ani anni akyire mpo. Yɛabɛn Yesu Mmaeɛ no, sɛ yɛne N’Asafo no bɛka abom, baabi a Asɛm no bɛyɛ Asɛm no.
Nkransɛm biara a yɛtie no, Adiyie bebiree na Ɔde rema yɛn. Ɛreboaboa ano ntɛmntɛm a yɛntumi mfa yɛn ani nni Akyire. Yɛrehunu sɛ Asɛm no reyɛ Asɛm sɛnea ɛbi nsii da. Akyinnyegyeɛ baako ho sunsum nni hɔ; Ɛnam Adiyie so, yɛnim nnipa ko a yɛyɛ pɛpɛɛpɛ.
Ɔreka N’Ayeforɔ no abom sɛdeɛ Ɔkaa sɛ Ɔbɛyɛ no ara pɛ, na yɛyɛ Ɛno fã bi. Yɛde yɛn ankasa ani rehunu sɛ Ɛrekɔ so. Ebia afoforɔnom renhunu Ɛno anaasɛ wɔrente Ɛno ase. Ɛnyɛ wɔn dea, ƐYƐ YƐN DEA, NE MMA A WƆAWO WƆN NO.
Ná Ayeforɔ no wɔ nsɛmmisa a wɔbɛbisa odiyifoɔ no.
Ɛno ara yɛ sɛ wobɛtie Onyankopɔn Nne NKUTOO wɔ tapes no so? Onyankopɔn maa mmuaeɛ na Ɔkaa sɛ: YIW!!
Anyabiaa yɛn mma nso nsa bɛtumi aka deɛ wɔhia nyinaa ama wɔayɛ Kristo Ayeforɔ no ɛnam sɛ wɔretie tapes no kɛkɛ: YIW!!
Ene sɛ, deɛ Ayeforɔ no hia nyinaa WƆ TAPES NO SO.
Yɛnim nso sɛ Onyankopɔn de akwan foforɔ pii ama Ne mma.
“Ɛnam Ne mmaa-ntampeɛ so na wɔsaa wo yareɛ”. Afei, deɛ ɛdikan no Asɛm no ka saa, ɛsɛ sɛ ɛno ara ɛyɛ, nanso sɛ wonnye nni wɔ Asɛm no mu a, ɛneɛ akyɛdeɛ nom wɔ Asɔre no mu, te sɛ mmarima a wɔnam nkanyan so nim sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛ ɛno, ɛno bɛma ayɛ pefee ama wo, ɛno ne gyidie sɛ wobɛgye adie.
Yɛn ani asɔ sɛ Onyankopɔn ayi mmarima a wɔnam nkanyan so nim sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛ ayaresa ɛne N’Asɛm ɛma no yɛ pefee ma afoforɔnom, nanso N’Ayeforɔ no pɛ NE KWAN A ƐNO ARA WIE PƐYƐ A ƆDE AMA. Ɛno ne DEƐ YƐHIA nyinaa.
M’ani bɛgye ho sɛ mɛto nsa afrɛ wo sɛ bra bɛka Branham Tabernacle ho Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie
Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ #3 64-0830M
Sɛnea ɛyɛ nwanwa sɛ yɛbɛnya N’Asɛm no mu Adiyie na yɛahunu sɛ yɛn ɛne Asɛm no a ayɛ honam no.
Onuabarima Joseph Branham.