Adɔfoɔ Akɔdeɛ Mma,
Baabi a Ɛnammono no wɔ no, ɛhɔ na wɔbɛboaboa Ayeforɔ no ano. Na yɛn afam no, baabi a ɛwie pɛyɛ baako pɛ a ɛwɔ hɔ a yɛbɛtumi anya saa Manna nnamono no: ɛne sɛ yɛre Pressing play na yɛretie Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no.
Kasa fa Manna FOFORƆ ho, yɛbɛtumi afiri aseɛ mpo adwennwene deɛ yɛwɔ wɔ yɛn nsatea ano no ho pɛɛ? Onyankopɔn Nne ankasa a Ɛrekasa akyerɛ N’Ayefo-dɔdoɔ wɔ tape so, baabi a adwene bubuo biara nnie, mfeefeemu pɛ biara nnim, asɛmmisa biara nnim saa ara nso na adwene mu naayɛ biara nnim deɛ yɛretie yɛ Onyankopɔn, a Ɔde onipa nne, reka Sɛ Awurade Seɛ nie kyerɛ N’Ayeforɔ.
Ɛnam Adiyie so, yɛgyedi sɛ Ɛyɛ beaeɛ NKUTOO a yɛbɛtumi akɔ ama yɛn kra nom anya ahomegyeɛ sɛ Nsɛm no a yɛretie no ɛnyɛ onipa asɛm, saa ara nso na ɔmfaa ne nkyerɛaseɛ anaa n’adwenkyerɛ nkaa Ɛho, mmom ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm korɔgyenn no a Ɛrekasa kyerɛ yɛn akɔdeɛ mma, Ɛreda N’Asɛm adi.
Yɛbɔ fekuo ɛwɔ Asɛm no ho. Yɛkenkan N’Asɛm wɔ yɛn Bible nom mu. Yɛtie mpo sɛ mmarima a Onyankopɔn ahyɛ wɔn ɛne mmarima a wɔafrɛ wɔn a Ne Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma, wɔreyi N’anum Asɛm ka na wɔreka Onyankopɔn Asɛm, nanso yɛn da yi mu no, Onyankopɔn ama beaeɛ bi a yɛbɛtumi atie N’ASƐM A WAKA A ƐWIE PƐYƐ, ɛnam pressing play.
Agya mpo ma N’Ayeforɔ akwanya ma no bisa nsɛm no a na ɛda yɛn akoma so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnya mmuaeɛ a ɛwie pɛyɛ:
- Anyabia Satan bɛtumi de kasahoroɔ anaa nkɔmhyɛ akyɛdeɛ a ɛwɔ obi mu adi dwuma anaa?
- Ɛdeɛn na na Yesu kyerɛ wɔ Mateo 12, nkyekyɛmu 32?
- Anidie mu kyerɛkyerɛ Korintofoɔ nwoma a ɛdikan 13:8-12.
- Anyabiaa wɔma ho kwan ma mmaa yɛ aban adwuma wɔ ɛberɛ a wɔwɔ okunu ne mmɔfra a wɔwɔ apomdene?
- Ɛyɛ mfomsoɔ sɛ ɔbaa bɛkontonokonoto ne tiri nwi?
Onyankopɔn ama akwan pii a Ɔfa so hyira na Ɔde hyɛ N’Ayeforɔ den, nanso baabi baako pɛ na Ɔde ama a N’Ayeforɔ bɛtumi anya ɔha mu nkyekyɛmu ɔha awerɛhyɛmu sɛ deɛ wɔretie no yɛ N’ASƐM A ƐWIE PƐYƐ. Asutire baako Nkwa Nsuo beaeɛ a Akɔdeɛ mma bɛtumi anom afiri baabi a ɛnyɛ adeɛ a efĩ biara bɛtumi aba mu no. PRESS PLAY.
Meto nsa frɛ mo sɛ mommra mmɛnom mfiri saa Asutire no mu Kwasiada yi prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, baabi a yɛbɛtie
“Nsɛmmisa Ɛne Mmuaeɛ #2.” Nkransɛm a ɔkaa no Ɔsanaa da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa anwummerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia nan mu
Onuabarima Joseph Branham.