M’akoma Mu Tɔfe Mu Dɔfoɔ,
Medɔ wo paa ara. Woyɛ Me honam mu honam, ɛne Me dompe mu dompe. Mpo ansa na mebɔɔ nsoromma no, bosome no, M’adeɛ biara a ɛwɔ hɔ nyinaa no, Mehunuu wo ɛna Medɔɔ wo saaberɛ no. Na Menim sɛ woyɛ me fã bi, M’akoma mu dɔfoɔ baako a ɛbi nka ho. Na Wo ne Me yɛ BAFUA.
Ɛda no a M’ani agyina na matwɛn ɛfiri ɛberɛ a Mehunuu wo saa ɛberɛ no aba n’awieɛ. Afei Menam Me Nne so refrɛ wo ɛna mereka wo abom afiri apueɛ ne atɔeɛ, atifi ne anafoɔ. Wo ne Me nsusueɛ nom, M’Asɛm, M’Ayeforɔ, a wada ne ho adie.
M’ani agyina sɛ Mɛka biribiara a ɛwɔ M’akoma mu akyerɛ wo, enti Menam M’adifoɔ so twerɛeɛ ɛna Mede Ɛno ato hɔ abɔ Ɛho ban ama wo wɔ mfie mpempem. Dodoɔ na akenkan Ɛno, ɛna wɔn agye Ɛno adi wɔ mfie ɔha pii mu, nanso mede nneɛma pii ahinta kɔsii sɛ MO BƐDURUEƐ. MO nko ara ne NNIPA a Mɛka akyerɛ MO.
Na wɔn ani agyina sɛ wɔbɛhunu na wɔate saa anwanwadeɛ nom a Mede ahinta no, nanso sɛnea Mehyɛɛ wo bɔ no, Matwɛn na mede ahinta de bɛsi saaberɛ yi, ama WO, M’ADEƐ BAAKO A ƐBI NKA HO.
Mehyɛɛ wo bɔ sɛ Mɛba na Mabɛda Me ho adi prɛko bio wɔ onipa honam mu, sɛnea ɛbɛyɛ a Mɛtumi aka akyerɛ wo, na Mada saa nneɛma yi nyinaa adi akyerɛ wo. Na mepɛ sɛ wote ME NNE sɛ ɛkasa kyerɛ wo tẽẽ.
Mede Me Honhom Kronkron asra afoforɔ pii sɛ wɔbɛka Me dɔ ho asɛm akyerɛ mo, nanso sɛnea mayɛ no ɛberɛ nyinaa no, na Mentumi nsesa da no, meyii ɔbarima baako: Me bɔfoɔ, Me diyifoɔ, sɛ ɔnyɛ Me Nne sɛnea ɛbɛyɛ a Mɛtumi aka Sɛ Awurade Seɛ nie akyerɛ mo.
Na Mepɛ sɛ Meka kyerɛ wo sɛ ɛnyɛ ɛda pɔtee bi na wɔgyee wo nkwa. Ɛberɛ nyinaa na wɔagye wo nkwa. Mebaeɛ bɛgyee wo sii hɔ bio kɛkɛ. Wɔgyee wo firii mfitiaaseɛ no ɛfiri sɛ ɛde firi aseɛ no na wo wɔ Daa Nkwa. Ɛne sɛ, M’ani so no, Mentumi nhunu wo bɔne nyinaa mpo, adeɛ nkutoo a Me teɛ ne wo nne. Mehunu w’ananmusie kɛkɛ.
Sɛnea M’ani agyina sɛ Mɛka nneɛma pii akyerɛ wo no. Anigyeɛ rebu fa M’akoma so. Sɛnea M’ani agyina ama yɛn Ayefohyia Anwummerɛ Apontoɔ no, yɛbom wɔ yɛn mfirinhyia Apem Millennium no. Sɛ Mɛdɔ mu sukɔ aka akyerɛ wo deɛ ɛfa Yɛn Daakye Fie a yɛbɛtena abom no ho, sɛdeɛ Masiesie biribiara ama wo, a biribiara ayɛ krado ama wo pɛpɛɛpɛ.
M’akoma mu tɔfe, sɛ wodwene sɛ ɛyɛ nwanwa saa ɛberɛ yi sɛ woretie sɛ Me Nne ɛkasa kyerɛ wo a, wo deɛ twɛn, wei yɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ no, ne sunsum kɛkɛ sɛ yɛtena bom wɔ saa Kuro no mu a. Wo diyifoɔ no dan mpo bɛtoa wo deɛ so; ɔbɛyɛ wo fipam ni.
Yɛbɛtu mpasa afa saa sika kɔkɔɔ mmɔntene no so na yɛabom anom afiri asutire no mu. Yɛbɛnante akɔ Onyankopɔn paradise nom no mu ɛne Abɔfoɔ a wɔresesɛn wiem wɔ asase so, reto ahokeka nnwom no….Ɛda bi paa a ɛbɛyɛ!
Menim sɛ ɔkwan no ayɛ te sɛ monkyimɔnka, na ɛtɔ mmerɛ bi a ɛyɛ den ma wo, nanso ɛbɛyɛ ketewa bi, ketekete bi, ɛberɛ a Yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ hɔ no.
Seesei deɛ, prɛko bio merebɛsan aboaboa mo ano na Makasa akyerɛ mo Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, na Maka biribiara a ɛfa “Ɔsoro Ayefokunu No Ɛne Asase So Ayeforɔ No Daakye Fie” ho asɛm akyerɛ mo. Ɛneɛ Merepɛ ntɛm ne mo aka abom saaberɛ no.
Monkae, na mommma mo werɛ mfi da, Me dɔ mo yie.
De gyina Ɔno ananmu,
Ɔnuabarima Joseph Branham.
Twerɛnsɛm:
Ɔhoteni Mateo 19:28.
Ɔhoteni Yohane 14: 1-3 .
Efesofoɔ 1:10.
2 Petro 2:5-6 / Etire Mmiɛnsa.
Adiyisɛm 2:7 / 6:14 / 21:1-14 .
Leviticus 23:36.
Yesaia: Etire Nan, 28:10 / 65:17-25 .
Malaki 3:6.