Ayeforɔ Dɔfoɔ A Wɔanwene,
Ɛnnɛ, asafo no werɛ afi wɔn diyifoɔ. Wɔnhia no bio sɛ ɔbɛka asɛm no wɔ wɔnbnsɔre mu. Wɔn na wɔseɛ sɛ wɔwɔ wɔn asɔfoɔ a wɔbɛka asɛm akyerɛ wɔn na wɔayi anumsɛm na wɔn akyerɛ Asɛm no ase. Asɛnka ho hia sene sɛ wɔretie Onyankopɔn Ɛnne wɔ tapes so wɔ wɔn nsɔre mu.
Nanso na Onyankopɔn nim sɛ ɛsɛ sɛ Ɔnya Ne diyifoɔ; ɛno ne sɛnea ɛberɛbiara Wafrɛ na Wadi N’Ayeforɔ anim. Ɔnam Ne Nkrantɛ nifanu no so atwitwa yɛn afiri amanaman a aka no mu, Ne Honhom Kronkron, Ne Nne a ɛnam Ne diyifoɔ so kasaeɛ.
Ɔnam saa Ɛnne no so anwene yɛn. Ɛno nti na Ɔmaa wɔtwe guu ahoma so no na wɔde too tape so no. Yɛnam Adiyie so hunu sɛnea Twerɛnsɛm no wie pɛyɛ! Ayeforɔ no ntumi mmere gye sɛ Ɔba no ma no bere.
Ɛmfa ho dodoɔ sɛnea wobɛka asɛm no, deɛ wobɛyɛ biara no, ɛntumi mmere, ɛntumi nna no adi, ɛntumi ɛnna ɛmu nokorɛ adi; gye sɛ Ɔno nkutoo a Ɔkaa sɛ, “Mene ewiase Hann no,” Asɛm no.
Asɛm no ka kyerɛɛ yɛn sɛ Honhom Kronkron no Ankasa bɛba na abɛma yɛn abere, ada ɛmu nokorɛ adi, ama nyinasoɔ na Wama Ne ho ada adi. Anwummerɛ berɛ Hann no aba. Onyankopɔn a Ɔreda Ne Ho adi wɔ honam mu ama Wafrɛ N’Ayeforɔ.
Ɔno ne Ɔnii no a Ɔde Ne Honhom Kronkron afrɛ WO, N’Asɛm, Ne Nne. Ɔno ne Ɔnii no a Ɔyii WO no. Ɔno ne Ɔnii no a Ɔkyerɛkyerɛ WO no. Ɔno ne Ɔnii no a Ɔɔdi W’anim no. Ɛnam deɛn so? Ne Honhom Kronkron, Ne Nne a ɛrekasa KYERƐ WO TẼẼ.
Nanso ɛnnɛ yi Ɛyɛ atete-kwaa dodoɔ ma wɔn. Wɔatwam sɛ wɔrebɔ tapes wɔ wɔn nsɔre mu. Wɔnhu Ɛno. Ɛno nti na wɔwɔ tebea a wɔwɔ mu no. Nanso wo deɛ, wɔada No adi sɛ ɛyɛ ɔkwan a Onyankopɔn de ama no, ƐYƐ SƐ AWURADE SEƐ NIE MA WO.
Enti ɛsɛ sɛ ɛ—ɛ—ɛ Tumi bi ba, Honhom Kronkron no Ankasa, ɛba bɛbere, anaasɛ ɛbɛsi no pi, anaasɛ ɛma nyinasoɔ, anaasɛ Ɔbɛma deɛ Waka atohɔ sɛ ɛbɛsie ɛda wei mu no ada adie. Anwummerɛ berɛ mu Hann no ɛyɛ saa. Ɛberɛ paa ni!
Yɛyɛ Onyankopɔn Asɛm Ayeforɔ a ɛwie pɛyɛ a Ne diyifoɔ no hunuu wɔ anisoadehunu no mu no. Yɛn ne wɔn a Ɔsomaa Ne diyifoɔ sɛ ɔmfa N’Asɛm so mfrɛ yɛn no, na seesei yɛrenya NKANNYAN, ɛfiri sɛ seesei yɛnim nnipa ko a yɛyɛ.
Kanyan, ɛhɔ, na asɛmfua korɔ no ara a wɔde dii dwuma wɔ baabi foforɔ biara no, meyɛɛ ɛho nhwehwɛmu kɛkɛ, ɛkyerɛ sɛ, “Nkanyan.” “Ɔbɛkanyan yɛn wɔ nnaanu akyi.” Ɛno bɛyɛ, “Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu no Ɔbɛkanyan yɛn bio, ɛberɛ a Ɔbɔɔ yɛn peteeɛ, na Ɔfiraa y’ɛani, na Ɔtetee yɛn mu.”
Agya somaa Ne diyifoɔ no sɛ ɔnkɔhwɛ N’Ayeforɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a na yɛrenfiri anamɔn santene no mu. Kae, na wei yɛ anisoadehunu!
Ayeforɔ no twaa mu wɔ beaeɛ korɔ no ara a na Ɔwɔ no ɛberɛ a na Ɔwɔ mfitiaaseɛ no. Nanso na merehwɛ No sɛ Ɔrefiri anamɔn santene no mu, na merebɔ mmɔden sɛ mɛtwe No akɔ N’akyi.
Nanso ɛbɛyɛ dɛn na “ɔno” atumi atwe no akɔ n’akyi ɛnnɛ? “Ɔno”, ɔbarima no, ɔnni asase so ha. ƐNAM ASƐM NO SO! Ɛdeɛn ne Asɛm NKUTOO a wɔasi no pi ma ɛnnɛ? Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so.
Wɔafrɛ asomfoɔ sɛ wɔmfa odiyifoɔ no anum asɛm a ɔkaaeɛ so pɛpɛɛpɛ na ɛnka Asɛm no. Sɛnea odiyifoɔ no ankasa kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ wɔka hwee ka ho.
Nokorɛ nie, wɔafrɛ wɔn sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ na ɔɔmo nka saa Asɛm no. Nanso ƐNNE BAAKO PƐ NA ONYANKOPƆN ANKASA ASI NO PI SƐ ƐYƐ SƐ AWURADE SEƐ NIE.
Enti saa ara na me ka, wɔ Yesu Kristo Din mu: Mfa adeɛ baako nka ho, mfa, mfa w’ankasa w’adwene nhyɛ Mu, wo deɛ ka deɛ wɔaka no wɔ saa tapes no so kɛkɛ, wo deɛ yɛ deɛ Awurade Nyankopɔn ahyɛ sɛ yɛ no pɛpɛɛpɛ; Mfa nka Ho!
Sɛ woka “amen” ma asɛm biara a wo sɔfoɔ anaa ɔsomfoɔ ɛka a, woayera. Mmom sɛ woka “AMEN” MA ASƐM BIARA A ONYANKOPƆN NAM NE DIYIFOƆ SO KAAEƐ ƐWƆ TAPES SO A, WO YƐ AYEFORƆ NO NA WO BƐNYA DAA NKWA.
Onyankopɔn diyifoɔ ne ɔbarima a Onyankopɔn yii no sɛ Ɔbɛfa ne so akasa. Na Ɛnam ONYANKOPƆN ƐYIE SO sɛ Ɔbɛfa ne so aka N’asɛm na Ɔde ato tapes so sɛnea ɛbɛyɛ a ƐBERƐBIARA AYEFORƆ NO BƐNYA SƐ AWURADE SEƐ NIE ATIE.
Ɔmpɛ sɛ N’Ayeforɔ no de Ne ho bɛto deɛ mmarima afoforɔ ɛka so, anaa wɔn nkyerɛaseɛ a ɛwɔ N’Asɛm ho. Ɔpɛ sɛ N’Ayeforɔ tie firi N’ano gu wɔn aso mu. Ɔmpɛ sɛ N’Ayeforɔ de Ne ho bɛto obi foforɔ so gye Ɔno ankasa.
Sɛ yɛsɔre anɔpa a, y’ɛani gye sɛ Ɔka akyerɛ yɛn sɛ, “Mema mo akye nnamfonom. Merebɛkasa akyerɛ mo ɛnnɛ na maka dodoɔ sɛnea medɔ mo ɛne sɛnea mo ne Me yɛ BAFUA akyerɛ mo. Mewɔ dodoɔ a mede daa nkwa bɛma wɔn, nanso MO nkutoo ne M’Ayeforɔ a Mede nsa ayiyie. Mo nkutoo na mede Adiyie no ama ansa na wiase fapem.
Afoforɔ pii ani gye ho sɛ wɔbɛtie me, nanso mayi wo sɛ bɛyɛ M’Ayeforɔ. Ɛfiri sɛ woahu me na wo ne M’Asɛm atena. Wongoo wo mmudie mu, wonyɛɛ ahohyehɛ basabasa, mmom wo ne M’Asɛm atena wɔ nokorɛdie mu.
Ɛberɛ aso. Ɛrenkyɛ koraa Mereba abɛfa mo. Ɛdikan no, mobɛhunu wɔn a wɔwɔ me nkyɛn saaberɛ yi no. Oh, sɛnea wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛhunu mo na wɔne mo atena. Monha mo ho mmɔfra nkumaa, biribiara wɔ ɛberɛ mu pɛpɛɛpɛ, monkɔ so mpem nkɔ kɛkɛ.”
Sɛ́ Asɛmpa no mu ɔsomfoɔ no, mentumi nhunu adeɛ baako a aka, gye sɛ Ayeforɔ no nkorɔeɛ no.
Ɔnuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm:
Nkransɛm a ɔkaa no Kitawonsa da a ɛtɔ so aduonu nsia anɔpa wɔ afe apem ahankoron aduosia nan mu “Worehunu Wo Da Ɛne Ne Nkransɛm.”
64-0726m
Ɛberɛ:
Prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu.
Twerɛnsɛm a wobɛkenkan ansa na woatie Nkransɛm no:
Hosea: Ti 6 .
Hesekiel: Ti 37 .
Malaki: 3:1 / 4:5-6.
II Timoteo: 3:1-9.
Adiyisɛm: Ti 11 .