25-1221 Worekɔ Nsraban No Akyi

Medɔ Dɔfoɔ,

Onyankopɔn nsesa. N’Asɛm nsesa. Ne nhyehyɛeɛ nsesa. Na N’Ayeforɔ nsesa, yɛne Asɛm no bɛtena. Ɛboro nkwa so ma yɛn; Ɛno ne asutire a ɛma Nkwa Nsuo nom.

Adeɛ nkutoo a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ne sɛ yɛbɛtie Asɛm no, a ɛyɛ Onyankopɔn Nne a wɔasi no pi a wɔatwe agu ahoma so na wɔde ato tapes so no. Adeɛ nkutoo a yɛhunu no ɛnyɛ gyedie bi, ɛnyɛ mmarima kuo bi, yɛnhunu biribi foforɔ biara gye Yesu, na Ɔno ne Asɛm a ayɛ honam wɔ yɛn da yi mu.

Onyankopɔn wɔ yɛn Nsraban mu na yɛwɔ ɔkwan so rekɔ Animuonyam mu a Ogya Fadum no redi y’ɛanim, a ɛyɛ Onyankopɔn Ankasa a Ɔnam Ne diyifoɔ a ɔwɔ Malaki tire nan a wɔasi no pi no so rekasa. Yɛredi saa Manna no a asuma no, Nkwa Nsuo nom no a Ayeforɔ no nkutoo na wɔbɛtumi adie.

Onyankopɔn nsesa N’akwan, saa nso na ɔbonsam nsesa ne deɛ. Deɛ Ɔyɛɛ mfie mpem mmienu a atwam no, ɔreyɛ ade korɔ no ara ɛnnɛ, gye sɛ n’ani na ate bebiree.

Afei, mfie ahannan akyi no, Onyankopɔn nantee wɔ wɔn ntam pɛɛ da koro bi. Sɛnea Twerɛnsɛm no kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ Ɔyɛ honam na Ɔtena wɔn ntam. “Wɔbɛfrɛ Ne din Ɔfotufoɔ, Asomdwoeɛ Hene, Otumfoɔ Nyankopɔn, Daa Agya.” Na ɛberɛ a Ɔbaa nkorɔfoɔ no ntam no, wɔ kaa sɛ, “Yɛremma saa barima yi ɛnni yɛn so!…

Sɛnea Twerɛnsɛm no kyerɛ no, na Onipa Ba no bɛba prɛko bio na watena ase na wada Ne Ho adi wɔ onipa honam mu, na Ɔyɛɛeɛ, na woreka asɛm korɔ no ara. Ampa, wɔyi n’anum nsɛm ɛna wɔka asɛm fa ne Nkransɛm no ho, nanso wɔremma saa barima no nni wɔn so.

Wei ne deɛ ɛrekɔ so pɛpɛɛpɛ no:

Na sɛnea na ɛteɛ saaberɛ no, saa ara na ɛteɛ seesei! Bible no kaa sɛ Laodikea asafo no bɛyi No asi abɔntene, na Ɔrebɔ mu, rebɔ mmɔden sɛ Ɔbɛwura mu. Biribi ato kyema wɔ baabi. Afei, adɛn? Na wɔayɛ wɔn ankasa nsraban.

Ɔbarima bi bɛtumi aka sɛ, Menim na megye di sɛ Onuabarima Branham yɛ odiyifoɔ. Na ɔyɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no. Na ɔno ne Elia no. Yɛgye saa Nkransɛm yi di. Afei wɔma anoyie bi, sɛdeɛ ɛteɛ biara, a wɔremmɔ Ɛnne NKUTOO a wɔasi no pi no wɔ wɔn asɔre…Biribi ato kyema wɔ baabi. Afei, adɛn? Na wɔn ayɛ wɔn ankasa nsraban.

Menka saa nsɛm yi sɛ mede tete asɔre no mu, Onyankopɔn Asɛm yɛ saa. Mepɛ sɛ yɛka bom, yɛ ne yɛn ho yɛn ho ɛne Ɔno yɛ BAFUA, nanso ɔkwan baako pɛ na ɛwɔ hɔ a yɛfa so yɛ saa: ɛtwa hyia wɔ Onyankopɔn Ɛnne wɔ tapes no so. Ɛno NKUTOO ne Onyankopɔn SƐ AWURADE SEƐ NIE.

Onyankopɔn ada Ne kwan a ɛwie pɛyɛ adi akyerɛ yɛn. Ɛyɛ animuonyam paa ɛna ɛnsoso ɛnyɛ kyenkyerenkyenn. Nkransɛm biara a yɛte sɛ Ɔka kyerɛ yɛn no, Ɔma yɛn awerɛhyɛmu bio, hyɛ yɛn nkuran, sɛ YƐYƐ N’AYEFORƆ. Yɛwɔ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ mu. Yɛasiesie yɛn ho awie ɛnam sɛ YƐRETIE ƆNO.

Saa Nkrasɛm yi yɛ deɛ ɛwɔ soɔ mprempren yi kyɛn ɔkyena dawubɔ nkrataa. Yɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛrehyɛ ma. Yɛn na yɛyɛ Asɛm a wɔada no adi no. Onyankopɔn nam Nkransɛm biara a yɛtie so da ɛmu nokorɛ adi kyerɛ yɛn sɛ, saa da yi saa Twerɛnsɛm yi rehyɛ ma.

Ebia ɛbinom wɔ hɔ a wɔwɔ amananaman mu, wɔ wiase nyinaa, a mpo saa tape yi bɛhyia wɔn wɔ wɔn afie mu anaa wɔn asɔredan nom mu. Yɛbɛbɔ mpaeɛ, Awurade, sɛ ɛberɛ a ɔsom no rekɔ so no, wɔ—wɔ…anaasɛ wɔrebɔ tape no, anaasɛ gyinabea biara a ɛbia yɛwɔ mu no, anaa—anaasɛ tebea, Ɔsoro Nyame kɛseɛ no ɛntie nokorɛdie a ɛwɔ y’ɛakoma nom mu saa anɔpa yi, na Ɔnsa ahiafoɔ yareɛ, Ɔmma wɔn deɛ wɔhia.

Twɛn simma pɛ kɛkɛ,….Ɛdeɛn na Onyankopɔn Nne ma ewiase no hyɛɛ ɛho nkɔm no Ɔkaaeɛ no? Nkorɔfo bɛbɔ tapes wɔ wɔn afiefie mu anaa wɔn nsɔre mu.

Nanso wɔhunu mfomsoɔ ka fa yɛn ho ɛna wɔreka y’ɛanim ɛna wɔreka sɛ yɛNTUMI ɛnnya Efie Tape Asɔre? Onuabarima Branham anka da sɛ mo mmɔ tapes wɔ mo nsɔre mu?

ANIMUONYAM NKA NYAME, TIE, KENKAN ƐYƐ SƐ AWURADE SEƐ NIE. Na ɛnyɛ sɛ Ɔkaeɛ nkutoo, mmom ɛnam sɛ morebɔ tapes no wɔ mo fie nom ne nsɔre no, ɔsoro Nyame kɛseɛ no bɛtie nokorɛdie a ɛwɔ y’ɛakoma nom mu na wasa ahiafoɔ yareɛ na wama yɛn ADEƐBIARA A YƐHIA!!

Saa anumsɛm baako yi DA ƐMU NOKORƐ ADI nkorɔfoɔ no retie ɔɔmo asɔfoɔ na WƆRENTIE ASƐM NO, ɛnte saa anka wɔbɛko atia wɔn na wɔnam ASƐM no so ada ɛmu nokorɛ adi akyerɛ wɔn yɛwɔ NE PƐ A ƐWIE PƐYƐ MU, na ɛwɔ NE PƐ A ƐWIE PƐYƐ MU SƐ WƆBƐBƆ TAPES NO WƆ WƆN NSƆRE MU.

Merennyi Asɛm no mfiri ne sibea anaa sɛ merennane anumsɛm no te sedeɛ bebiree ka sɛ meyɛ no. Wo ankasa tie Ɛno na kenkan Ɛno ma wo ho. Ɛyɛ merɛ paa na ɛwie pɛyɛ paa, PRESS PLAY kɛkɛ na tie Onyankopɔn Nne a Ɔkasa kyerɛ wo. Asɛm biara a wo teɛ no, ka “Amen”. Ɛnhia mpo sɛ ɛsɛ sɛ wote Ɛno aseɛ, wo deɛ gye Ɛno di kɛkɛ.

“Mepɛ sɛ mekɔ a nsraban no nka ho. Ɛmfa ho ne ɛboɔ a mɛtua, mɛfa m’asɛnnua asoa no ɛdabiara. Mɛkɔ Nsraban no akyi. Ɛmfa ho ne deɛ nkorɔfoɔ ka fa me ho, mepɛ sɛ medi N’akyi wɔ nsraban no akyi. Mayɛ krado sɛ mɛkɔ.

Bra na bɛsene ɛne yɛn nkɔ nnyegyeɛ akwansideɛ no akyi nkɔwura Onyankopɔn Asɛm mu Kwasiada wei prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu. Ɛyɛ deɛ ɛnni ano deɛ Onyankopɔn tumi yɛ na Ɔde onipa a wayɛ krado sɛ ɔbɛkɔ nsraban no akyi bɛyɛ.

Onuabarima Joseph Branham.

Nkransɛm: Ɔkaa no Kitawonsa da a ɛtɔ so du nkoron anwumerɛ wɔ Afe apem ahankoron aduosia nan mu “Worekɔ Nsraban No Akyi.” (64-0719E)

Twerɛnsɛm:
Hebrifoɔ 13:10-14
Mateo 17:4-8