Dɔfoɔ Ayeforɔ A Ɔwie Pɛyɛ,
Wei ɛnyɛ deɛ obi abɔ ne tiri mu aka kɛkɛ, namfonom. Wei yɛ SƐ AWURADE SEƐ NIE, Twerɛsɛm no.
Kristoni biara pɛ sɛ ɔyɛ Ayeforɔ no, nanso yɛnim sɛ N’Ayeforɔ no bɛyɛ kakraa bi a wɔayi wɔn nkutoo. Yɛnim sɛ Ɔwɔ ɔpɛ a akwan-ma wɔ ho, nanso ɛsɛ sɛ N’Ayeforɔ no wɔ Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn wɔ N’Asɛm mu, na afei ɛnam Adiyie so no, yɛbɛhunu Ne pɛ a ɛwie pɛyɛ sɛnea yɛbɛyɛ N’Ayeforɔ.
Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Twerɛnsɛm no mu, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ Onyankopɔn nsesa N’adwene ɛwɔ N’Asɛm ho DA. Onyankopɔn nsesa Ne nhyehyɛeɛ da. Ɔnsesa BIRIBIARA da. Ɔkwan a Ɔfaa so yɛɛ no ɛberɛ a ɛdi kan no yɛ deɛ ɛwie pɛyɛ. Deɛ Ɔyɛɛ ɛnora no, Ɔbɛyɛ saa ara ɛnnɛ.
Sɛnea Ɔgyee onipa nkwa firii mfitiaseɛ no, ɛsɛ sɛ Ɔfa saa kwan no ara so gye onipa nkwa ɛnnɛ. Sɛnea Ɔsaa onipa a ɔdi kan no yareɛ no, ɛsɛ sɛ Ɔyɛ no saa ara nnɛ. Sɛnea Onyankopɔn yiieɛ sɛ Ɔfrɛ na Ɔdi N’Ayeforɔ anim no, ɔkwan korɔ no ara so na Ɔbɛyɛ no ɛnnɛ; Ɛfiri sɛ Ɔyɛ Onyankopɔn na Ɔntumi nsesa. Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ Yesu Kristo te sɛdeɛ Ɔteɛ ɛnnora ɛnnɛ ɛne daapem.
Enti, sɛ yɛkenkan N’Asɛm a, yɛbɛtumi ahunu pefee Sɛnea Ɔyiieɛ sɛ Ɔfrɛ na Ɔdi N’Ayeforɔ anim wɔ mfirinhyia biara mu. Ɔyii ƆBARIMA BAAKO. Ɔkaa sɛ na wɔyɛ wɔn da no Asɛm. Odiyifoɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ Wamfa nnipa kuo biara DA; wɔn akwan yɛ soronko, nsusuiɛ soronko, na deɛ ɛho hia paa no, Ɔkaa sɛ, ONYANKOPƆN ASƐM NHIA NKYERƐASEƐ BIARA.
Ɛne sɛ, deɛ odiyifoɔ baako biara kaa wɔ mfirinhyia baako biara mu no, wontumi mfa nka ho anaasɛ wonyi mfiri mu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ deɛ ƆKAAEƐ no Asɛmfua baako biara. Ɛyɛ tiawa koraa sɛ wo bisa me deɛ ɛyɛ Onyankopɔn akwan a Ɔde ama a….ƐNE ODIYIFOƆ NO NTENA.
Afei, ɛnyɛ sɛ yɛnim deɛ ayɛ Onyankopɔn akwan ankasa a Ɔde ama no firi mfitiaseɛ no nko ara, Awurade bɛfa Ne bɔfoɔ mpo so akasa na waka deɛ Ɔbɛyɛ daakye akyerɛ yɛn, sɛ ɛbada ɛmu nokorɛ adi prɛko bio kɛkɛ, ONYANKOPƆN NSESA NE NHYEHYƐEƐ.
Ɛberɛ a N’Ayeforɔ(yɛn) afiri asase wei so na wɔafrɛ yɛn akɔ ayeforohyia anwummerɛ apontoɔ no akyire no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn rebɛfrɛ Yudafoɔ mpem ɔha aduanan nan a wɔayi wɔn no? Anyabiaa ɛyɛ mmarima kuo bi anaa?
Afei, sɛ wɔfrɛfrɛ Asafo wei (Ayeforɔ no) no bom pɛ a, wɔma no so kɔ soro; Na saa ahintasɛm a ɛfa Nsɔano a ɛtɔ so Nson no ho, anaasɛ Nsɔano Nson no, nkɔeɛ ho ahintasɛm no. Na wɔnam Totorobɛnto a ɛtɔ so nson no so na ɛfrɛ Yudafoɔ no, a ɛyɛ adiyifoɔ mmienu, Elia ne Mose, na wɔsan ba.
Enti sɛ wɔfrɛfrɛ Ayeforɔ no bom pɛ a, wɔbɛma yɛn so akɔ soro. Yɛnim sɛ adeɛ baako pɛ na ɛtumi frɛfrɛ Ayeforɔ no bom, Honhom Kronkron, na Honhom Kronkron no yɛ N’Asɛm, ɛna N’Asɛm a ɛwɔ hɔ ma nnɛ ɛne Onyankopɔn Ɛnne, na Onyankopɔn Ɛnne yɛ…
Sɛ menam ɛno a me kaaeɛ no so hyɛɛ mo abufuo a, momfa kyɛ me, nanso, metee nka sɛ ɛbia moampene so, nanso, meyɛ Onyankopɔn Ɛnne ma mo. Moahu? Meka ɛno bio, saa berɛ no na ɛwɔ nkanyan ase, moahu.
Momma me mmera mu wɔ ɛha pɛɛ na me nka sɛ, saa ANUM ASƐM BAAKO yi ara a ɛfiri Onyankopɔn bɔfoɔ somafoɔ a wɔasi ne so dua hɔ yi, ɛsombo ma wɔn a wɔseɛ sɛ wɔfrɛ wɔn ho awieɛ-berɛ mu agyidifoɔ no sɛ wɔbɛhyɛ wɔn sɔfoɔ ketee ama wɔn aPRESS PLAY wɔ wɔn nsɔre mu anaasɛ wɔbɛsi fam sɛnea wɔbɛtumi ato aba ayi ɔsɔfoɔ a ɔwɔ NOKORƐ ADIYIE A ƐFIRI ONYANKOPƆN HƆ.
Enti, wɔhyɛnee Torobɛnto no na adiyifoɔ mmienu no pueieɛ sɛnea Ɔntumi nnya Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson no ɛne N’Ayeforɔ wɔ asase so ha wɔ ɛberɛ korɔ no ara mu a wɔaba no. Enti ɔkwan bɛn so na Ɔfa frɛ Yudafoɔ no? Ɔkwan korɔ no ara a Wafa so afrɛ N’Amanaman mu foɔ Ayeforɔ no.
Na wɔnam ahintasɛm a ɛfa Totorobɛnto a ɛtɔ so Nson no so na ɛfrɛ Yudafoɔ no a ɛyɛ adiyifoɔ mmienu…
Ɛsɛ sɛ Ayeforɔ no firi kwan no mu, ɛforo kɔ soro seesei ara; sɛnea ɛbɛyɛ a nkoa mmienu no, Onyankopɔn nkoa mmienu no, ɛwɔ Adiyisɛm, adiyifoɔ mmienu no, bɛtumi ayi wɔn ho adi wɔ beaeɛ hɔ, ahyɛne Totorobɛnto a ɛtɔ so Nson no akyerɛ wɔn ama wɔn ahunu Kristo.
Ɛmu da hɔ pefee, Onyankopɔn nsesa Ne nhyehyɛeɛ. Ɔsomaa N’Adiyifoɔ. Ɛne sɛ, N’Ayeforɔ bɛfa N’akwan a Ɔde ama no so atena, Ne bɔfoɔ diyifoɔ no, Onyankopɔn Enne a ɛwɔ tapes so.
Afei sɛ ɛbɛma ani ada hɔ nwann no, prɛko bio Onyankopɔn kasa na Ɔka kyerɛ N’Ayeforɔ: Moatena nokorɛdie mu ama me ɛne Me kwan a Mayi ato hɔ, enti Me kwan a Mayi ato hɔ ama mo da no bɛka akyerɛ mo:
Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson, somafoɔ no se “Hwɛ Onyame Adwammaa no a Ɔyi ewiase bɔne korɔ no nie.”
SAA ƐNNE no ho hia paa; ONYANKOPƆN ƐNNE a ɛnam Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson so rekasa wɔ tapes so. Onyankopɔn de SAA ƐNNE NO rebɛdi dwuma, NE BƆFOƆ A ƆTƆ SO NSON NO ƐNNE. ƐNYƐ ƐKUO BI…ƐNYƐ ME…ƐNYƐ WO SƆFOƆ…NE BƆFOƆ A ƆTƆ SO NSON NO ƐNNE na ɛbɛyi yɛn akyerɛ Ɔno Ankasa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo.
Ɛne sɛ yɛNIM:
- YƐYƐ N’AYEFORƆ.
- YƐWƆ NE PƐ A ƐWIE PƐYƐ MU.
- YƐREDI NE NHYEHYƐEƐ A ƐWƆ HƆ MA ƐNNƐ YI SO ƐNAM SƐ YƐREPRESSE PLAY.
N’Ayeforɔ no fa bi bɛboa wɔn ano Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, retie yɛn sɔfoɔ, Onyankopɔn bɔfo somafoɔ, William Marrion Branham, na ɔbɛkasa na wada no adi akyerɛ yɛn sɛ asɔre foforɔ biara nni hɔ, nnipakuo foforɔ biara nni hɔ ɛfiri ewiase ahyɛaseɛ a wɔn anya pɛn akwanya a yɛwɔ sɛ yɛkabom retie Onyankopɔn sɛ Ɔkasa kyerɛ wɔn teenn.
Nnipa a wɔahyira wɔn paa ɛne yɛn. Yɛn ani agye yie. Yɛn ani asɔ yie. Ayeforɔ no ne Ayeforokunu no reyɛ BAFUA.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm: Totorobɛnto Afahyɛ No. Kitawonsa da a ɛtɔ so du nkoron anɔpa wɔ afe apem ahankoron aduosia nan mu (64-0719M)
Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na watie Nkransɛm no:
Lewitikɔs 16
Lewitikɔs 23:23-27
Isaiah 18:1-3
Isaiah 27:12-13
Adiyisɛm 10:1-7
Adiyisɛm 9:13-14
Adiyisɛm 17:8