Asɛm Dɔfoɔ A Ada Adie,
Anyabiaa yɛbɛtumi adwene Ɛho! Ogya Fadum korɔ no ara a ɛbaa saa mmarima a wɔtwerɛɛ Bible no so no yɛ Ogya Fadum korɔ no ara a yɛretie ɛdabiara no, a Ɔrekyerɛ Bible mu ahintasɛm no nyinaa ase ma yɛn no: Onyankopɔn Asɛm a ada adi!
Na Onyankopɔn akata N’anim wɔ Ne tete Adiyifoɔ no mu sɛ Ɔbɛka Ne Nsɛm akyerɛ wɔn. Ɛno ne deɛ na wayɛ saa berɛ no. Nanso yɛn da yi mu no, yɛn diyifoɔ, William Marrion Branham na na ɔyɛ Asɛm a ɛte aseɛ ma ɔmanfoɔ no, a na Ogya Fadum no akata n’anim.
Ngosra no yɛ onipa. Asɛmfua Kristo kyerɛ “deɛ wɔasra no,” hwɛ o, “deɛ wɔasra no no.” Ɛnneɛ, na Mose yɛ Kristo wɔ ne nna no mu, na ɔno ne deɛ wɔasra no no. Na Yeremia yɛ Kristo wɔ ne nna no mu, a na ɔwɔ Asɛm no fã bi a na ɛwɔ hɔ ma saa da no.
Onyankopɔn kyerɛkyerɛ Ɔno Ankasa Asɛm ase. Onuabarima Branham kaa Nsɛm no; Onyankopɔn kyerɛɛ Nsɛm no ase. Ná ɔwɔ Asɛm no. Ɛnyɛ ɛkuo bi, mmom William Marrion Branham! Onyankopɔn nyaa onipa baako. Ɔntumi nnya adwene ahodoɔ mmienu anaa mmiɛnsa a wɔwɔ nsusuiɛ ahodoɔ. Ɔfa ONIPA BAAKO, na ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛte ase a wɔde onipa honam akata n’anim.
Yɛnnni saa nkatanim no akyi bio, mmɔfra nkumaa. Onyankopɔn abɛyi Ne ho nyinaa akyerɛ mo. Nhyɛsoɔsom ne atetesɛm dadaa twamtam no mu atete afiri Onyankopɔn Asɛm ho, sɛnea Ɛbɛtumi ada adie! Ɛwɔ saa da a ɛtwa toɔ yi mu no, saa atetesɛm nkatanim no ɛmu atete, na Ogya Fadum no na Ɔgyina ha yi no. Ɔno nie, Ɔreda Asɛm a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ da yi no adi. Nkatanim no mu atete.
Hwɛ saa tapes no ɛberɛ a ɛba no, hwɛ ɛmu baako biara, sɛnea ɛba a na ɛmu da hɔ a pefee bebiree ne pefee; Sɛ mowɔ aso a modetie a, moahu, aniwa a modewɛ a.
Ɛno ne deɛ ɛda so ara fira nkorɔfoɔ no ani ɛnnɛ. Wɔpɛ sɛ wɔka sɛ wɔgye di sɛ Onyankopɔn diyifoɔ no de Asɛm no baeɛ, nanso seesei saa ngosra no wɔ afoforɔ so sɛ wɔbɛdi yɛn anim, ɛnyɛ odiyifoɔ no.
Odiyifoɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn ntumi mmu N’Asɛm so. Ɛnna a ɛdi akyiri no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ ade korɔ no ara bio. Onyankopɔn ntumi nsesa N’akwan, anaa sɛ N’Asɛm. Ɔkaa sɛ Ɔnsesa. Wasoma N’adiyifoɔ aberɛ biara ɛnyɛ sɛ wɔde N’Asɛm bɛba nko ara, mmom sɛ wɔbɛdi N’Ayeforɔ anim.
Sɛnea wɔyɛɛ no wɔ mfirinhyia biara mu no, Nyame de onipa honam kataa N’anim. Hyɛ no nso, Ɔyɛɛ. Ná adiyifoɔ no yɛ Nnyame, a wɔakatakata wɔn anim. Na wɔyɛ Onyankopɔn Asɛm (ɛte saa?) a wɔde nnipa honam akatakata wɔn anim. Enti, wɔanhunu yɛn Mose no, hwɛ o, Yesu.
Seesei yɛn afam no, ɛnyɛ Asɛm a wɔatwerɛ kɛkɛ, ɛyɛ adekann bi. Yɛwɔ Ne mu. Seesei yɛregye yɛn ani. Afei deɛ yɛhunu No nwanwasoɔ mu. Afei yɛhunu No, Asɛm no, a Ɔreda Ne ho adi.
Afei, yɛbɛyɛ Ne fã bi. Yɛyɛ nkatanim a ɛkata N’anim. Yɛyɛ Ne fã bi; ɛmmerɛ tenten a Kristo wɔ mo mu no, sɛnea na Kristo firi Onyankopɔn no.
Yɛde yɛn ho reyɛ Kristo asɔredan wɔ yɛn wedeɛ nkatanim akyi.
Yɛyɛ nkrataa a wɔatwerɛ, Asɛma a wɔatwerɛ. Yɛyɛ Asɛm a wɔatwerɛ, a wɔada no adi.
Na sɛ wohu Asɛm a ada adie no a, wohu Agya Nyankopɔn no, ɛfiri sɛ Asɛm no ne Agya no. Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Na Asɛm, a wɔada no adie no, yɛ Onyankopɔn Ankasa a Ɔrefa Ɔno Ankasa Asɛm na Ɔreda No adie wɔ agyedifoɔ ntam. Biribiara ntumi mma No nnya nkwa gye agyedifoɔ, agyedifoɔ nko ara.
Onyankopɔn, a Ɔde onipa honam akata N’anim, a Ɔrekasa na Ɔreda N’Asɛm adi kyerɛ yɛn da biara da. Onyankopɔn a Ɔwɔ onipa honam mu a Ɔte yɛn mu baako biara mu.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkrasnɛm: a ɔkaa no Ayɛwohumumɔ da a ɛtɔ so du nan anɔpa wɔ afe apem ahankoron aduosia nan mu – “Wɔreyi Onyankopɔn Nkatanim No”.
Ɛberɛ: Prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu.
Kae adekyeɛ ɛdɔ no mu nskraeɛ no. (Daylight savings)