25-0928 Nkabom Berɛ No Ɛne Nsɛnkyerɛnneɛ

Nkransɛm: 63-0818 Nkabom Berɛ No Ɛne Nsɛnkyerɛnneɛ

PDF

BranhamTabernacle.org

Ayeforɔ Dɔfoɔ A  Wɔaka Abom,

M’ani agye yie, na me wɔ akwanhwɛ kɛseɛ a ɛte saa ase, sɛ meka ɛho bi ɛwɔ deɛ Onyankopɔn reyɛ nyinaa ɛwɔ yɛn da yi mu. Onyankopɔn Nsusueɛ ɛwɔ mfitiaseɛ no rehyɛma a yɛn ani tua, na yɛka ho bi.

Wɔ Bible no mu nyinaa no, adiyifoɔ hyɛɛ nkɔm na wɔkaa deɛ na ɛrebɛsie ho nsɛm. Ɛtɔ ɛmerɛ bi a saa nkɔmhyɛ nom no bi amma mu mfie ɔha nom akyi, nanso ɛberɛ a ɛberɛ wiee duru no, ɛbaa mu; ɛfiri sɛ Onyankopɔn adwene a wɔnam N’adiyifoɔ so aka no, ƐSƐ sɛ ɛba mu.

Ɔdiyifoɔ Isaiah kaa sɛ, “Ɔbaabunu bi bɛnyinsɛn”. Hebri abusua biara maa wɔn babaa ketewa yɛɛ krado sɛ ɔbɛwo saa akokoa yi. Wɔtɔɔ mpaboa a ɛboro nantini ɛne mpaboa ɛnnuru nantini, ɛne ntoma ketewa a wɔanwene, na wɔsiesiee maa akokoa a ɔbɛba no. Awoɔ ntoatoasoɔ twaa mu, nanso awieɛ no, Onyankopɔn Asɛm no baa mu.

Ɛberɛ a meyɛ aberantewaa a merenyini  no na ɛyɛ me nwanwa Ɛberɛ nyinaa sɛ, Awurade, mehunu wɔ W’asɛm mu sɛ Woaka Wo nkorɔfoɔ abom Ɛberɛ nyinaa de hyɛ W’Asɛm ma. Wo nam ɔbarima baako so kaa wo Hebrifoɔ mma bɔɔ mu, Mose, a ɔnam Ogya Fadum no so dii wɔn anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so.

Ɛberɛ a wobɛyɛɛ honam na wotenaa asase so ha no, Wokaa W’asuafoɔ no bɔɔ mu. Wotetee wɔn firii biribiara ho ɛne obiara ho sɛ Wo bɛda W’Asɛm adi akyerɛ wɔn. Pentekose da no, prɛko bio Wosan kaa W’Asafo bɔɔ mu wɔ baabi koro, adwene koro mu ɛne nteaseɛ koro ansa na woretumi aba de Wo Honhom Kronkron no abrɛ wɔn.

Medwenee sɛ, ɛnnɛ yi Awurade ɛbɛyɛ dɛn na ɛno atumi ayɛ yie? W’Ayeforɔ no ate apete ewiase nyinaa. Anyabiaa Ayeforɔ no nyinaa bɛba Jeffersonville anaa? Me ntumi nhunu saa sɛ ɛresie Awurade. Nanso Awurade, Wonsesa Wo  nhyehyɛeɛ da. Ɛyɛ Wo mmara, ɔkwan biara nni hɔ sɛ ɛresi no kwan. Wobɛyɛ no sɛn?

ANIMUONYAM…ƐNNƐ, yɛtumi de yɛn ani ankasa hunu, na hia a ɛho hia paa no, SƐ YƐKA ƐHO BI: Onyankopɔn Daa Nkwa Asɛm a ɛrehyɛ ma. HONAM mu no, yɛnni baabi baako, wɔatete yɛn ntam atwa wiase ho ahyia, nanso SEESEI, Honhom Kronkron no NAM ONYANKOPƆN ASƐM SO AKA N’AYEFORƆ ABOM. N’ASƐM A WAKA NA WƆATWE AGU TAPES SO NO, Onyankopɔn Osiwieɛ ma ɛnnɛ, ɛreboaboa N’Ayeforɔ ano na ƐREKA N’AYEFORƆ BOM… NA BIRIBIARA NNI HƆ A ƐBƐTUMI ASI ANO.

Onyankopɔn reka N’Ayeforɔ bom. Ɔreboa n’ano bom, ɛfiri Apueɛ ɛne Atɔeɛ, ɛne Atifi ɛne Anaafoɔ. Nkabom berɛ bi wɔ hɔ, na ɛgu so mprempren yi. Ɔreboa n’ano apɛ deɛn? Ohwim no. Amen!

Nkabom berɛ rekɔ so SEESEI AAA!!! Ɛdeɛn na ɛreka yɛn bom? Honhom Kronkron no nam N’Asɛm, Ne Nne so. Yɛreka abom apɛ deɛn? Ohwim no!!!.  Na yɛn nyinaa rekɔ na yɛrennya BAAKO wɔ akyi.

Onyankopɔn resiesie No. Yiw owura, ɛrekabom! Ɔnam ɛdeɛn so na ɔrekabom no? Ɔde Asɛm no!

Ɛdeɛn ne yɛn da yi mu Asɛm no?  Saa NKRANSƐM YI, NE NNE, Onyankopɔn Nne ma N’Ayeforɔ. Ɛnnyɛ ɔbarima bi. Ɛnyɛ mmɛɛma. Ɛnyɛ ɛkuo bi. Deɛ wɔasi no pi no, ɛnam Ogya Fadum so no, Onyankopɔn NNE a ɛwɔ tapes so.

Na ɔsoro ne asase nyinaa bɛtwam, nanso M’Asɛm rentwam da. ‘Ɔnam SƐ AWURADE SEƐ NIE so reka Neho abom ɛmfa ho ne deɛ nhyɛsoɔ som biara anaa ɔbi foforɔ biara ɛka.

Ɛmfa ho deɛ OBIARA ka no, yɛreka yɛn ho bom ɛnam Sɛ Awurade Seɛ nie a wɔada mu nokorɛ adi asi no pi Ɛnne a ɛwɔ yɛn da yi mu. Ɛnyɛ obi nkyerɛaseɛ; Adɛn nti na anka yɛbɛyɛ saa? Ɛno sesa wɔ onipa baako biara deɛ ho, nanso Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no NSESA DA na Ogya Fadum no Ankasa abɔ ho dawuro sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ɛne Onyankopɔn Nne.

Ɔhaw a ɛwɔ mu ne sɛ, onipa afam no, ɔnnim ne kandifoɔ.  Yiw owura.
Wɔbɛka wɔn ho abom ahyia nhyɛsoɔ som bi ho, wɔbɛka wɔn ho abom ahyia bishop bi ho anaa ɔbarima bi, nanso  wɔrenka wɔn ho mmɔ mu ɛnhyia Ɔkandifoɔ no ho, Honhom Kronkron a ɛwɔ Asɛm no mu. Moahu? Wɔka sɛ, “Oh, aane, mesuro sɛ mɛyɛ ntrasoɔ kakra; me suro sɛ m’ahyɛaseɛ no bɛyɛ mfomsoɔ ” Ohhhh, ɛna ɛda hɔ no!

Wei ne baabi a mfomsoɔ hwehwɛfoɔ no de kyerɛ wɔn asafomma no na wɔka sɛ, “Hwɛ, wɔrema onipa bi so, Onuabarima Branham. Wɔyɛ anyame agyedifoɔ na wɔreka wɔn ho abom ahyia onipa no ho, ɛnyɛ Honhom Kronkron no.” 

Nkwaseasɛm, yɛreka yɛn ho ABOM ahyia ONYANKOPƆN NNE A WƆASI NO PI NO A ƆNAM SAA ƆBARIMA NO SO KAAEƐ no ho. Kae, ɛno ne ɔbarima no a Onyankopɔn yii sɛ ɔnyɛ Ne Nne sɛ ɔbɛfrɛ na wadi N’Ayeforɔ anim wɔ saa da yi mu. Ɛno NKUTOO ne Ɛnne a Onyankopɔn Ankasa asi no pi.

Nanso deɛ ɛne no bɔ abira no, WƆN reka wɔn ho bom hyia MMARIMA bi ho. Wɔremmɔ Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no ɛwɔ wɔn nsɔre mu. Wobɛtumi asusu ɛno ho??? Ɔsomfoɔ bi a ɔno na ɔseɛ sɛ ɔgye saa Nkransɛm yi di sɛ ɛno ne ɛdɔn yi mu Nkransɛm, Sɛ Awurade Seɛ nie, nanso ɔhwehwɛ ɛnyinasoɔ bi sɛ ƐMMA no mmɔ saa Ɛnne no wɔ wɔn nsɔre mu, nanso sɛ ɔbɛyɛ ɔsom ama nkorɔfoɔ no a ƐSƐ SƐ wɔtie wɔn ɛne asomfoɔ foforɔ ɛka Asɛm no…afei wɔka sɛ yɛn na yɛredi onipa akyi!!!

Yɛtee Kwasiada a atwam no deɛ, Onyankopɔn yɛɛ saa mmarima no!!

Yɛresiesie yɛn ho ama ayeforɔhyia bi. Yɛn ɛne No reyɛ Baako. Asɛm no bɛyɛ wo, na wobɛyɛ Asɛm no. Yesu kaa sɛ, “Saa da no wobɛhunu. Deɛ Agya no yɛ nyinaa Me yɛ; na deɛ meyɛ nyinaa, mo yɛ; na deɛ moyɛ nyinaa, Me yɛ.

Saa da no mobɛhunu sɛ mewɔ Agya no mu, Agya no wɔ me mu, me wɔ mo mu, na mo wɔ Me mu.”

Meda Wo ase Awurade wɔ Wo ho Adiyie, ɛne yɛn ho, ɛwɔ yɛn da yi mu. W’Ayeforɔ nam W’Asɛm a Wɔaka so resiesie Ne ho. Yɛnim sɛ yɛwɔ Wo pɛ a ɛwie pɛyɛ mu ɛnam sɛ yɛne W’Asɛm a wɔatwe agu ahoma so retena.

Meto nsa frɛ wiase sɛ wɔntie Onyankopɔn Nne koro pɛ a wɔasi no pi ama yɛn da yi Kwasiada wei. Yɛma wo akwaaba sɛ bɛka yɛn ho Kwasiada  prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie (Ɔsanaa da a ɛtɔ so du-nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu) Nkabom Berɛ Ɛne Nsɛnkyerɛnne. Sɛ wontumi ɛmma hook-up no so ɛne yɛn ɛntie a, yi tape bi, TAPE BIARA; wɔn nyinaa yɛ [Sɛ Awurade Seɛ nie, ] na tie Onyankopɔn Asɛm sɛ ɛma wo wie pɛyɛ na ɛma wosiesie wo ho ma Ne mmaeɛ a ɛrenkyɛ no.

Ɔnuabarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm:

Nwom 86:1-11 .
Ɔhoteni Mateo 16:1-3.

Ɔreka Ne ho abom. Ɔresiesie Ne ho. Adɛn? Ɔno ne Ayeforɔ no. Saa na ɛteɛ. Na Ɔreka Ne ho bɔ N’Ayeforokunu no mu, hwɛ oo, na Ayeforokunu no ɛne Asɛm no. “Mfitiaseɛ no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Na Asɛm no bɛyɛɛ honam na Ɔbɛtenaa yɛn ntam.