25-0914 Anyabiaa W’abrabɔ Fata Asɛmpa No?

Nuammarima & Nnuammaa Dɔfoɔ,

Medɔ Awurade, Onyankopɔn Asɛm, saa Nkransɛm yi, Ne Nne, Ne Diyifoɔ, N’Ayeforɔ, kyɛn nkwa ankasa. Wɔnyinaa yɛ BAAKO MA ME. Mempɛ sɛ mɛpene so ago me gyedie a ɛwɔ ko’ baako, ɛtire asɛm baako, anaa ASƐM BAAKO A ONYANKOPƆN twerɛɛ wɔ N’Asɛm mu anaasɛ Ɔnam Ne Diyifoɔ so kaaeɛ ho. M’afam no, Ne nyinaa yɛ Sɛ Awurade Seɛ nie.

Onyankopɔn dwenee Ɛho, ɛna Ɔkaa Ɛno kyerɛɛ N’adiyifoɔ, ɛna wɔtwerɛɛ N’Asɛm. Afei Ɔsomaa Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ, William Marrion Branham, baa asase so wɔ yɛn da yi mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi ada Ɔno Ankasa ho adi wɔ onipa honam mu prɛko bio, te sɛdeɛ Ɔne Abraham yɛɛeɛ no. Afei Ɔnam Ne diyifoɔ so kasaeɛ sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn Nne ma wiase, sɛ ɔbɛda adi na wakyerɛ ahintansɛm no a wɔde asie firi ewiase fapem no nyinaa ase akyerɛ N’Ayeforɔ a wɔayi ato hɔ no.

Afei, N’Ayeforɔ, MO, rebɛyɛ Asɛm a mo ayɛ honam; mo ne No ayɛ Bafua, N’Asɛm Ayeforɔ a wɔde mo asan abɛsi hɔ koraa no.

Menim sɛ nnipa nte me ase wɔ deɛ meka ɛne deɛ metwerɛ ho. Momma memfa ahobrɛaseɛ nka sɛnea yɛn diyifoɔ no kaeɛ no, menyɛ nwomanimfoɔ na menim sɛ mentumi ntwerɛ anaasɛ menka no yie sɛdeɛ mete nka wɔ m’akoma mu no. Megye tom sɛ Ayɛ sɛdeɛ ɛtɔ mmerɛ bi a m’atwerɛdeɛ no ano ɛyɛ den dodo. Sɛ meyɛ saa a, ɛnyɛ sɛ mɛde kyerɛ animtiabuo, anaasɛ menya nneyɔeɛ bɔne anaasɛ mede bu obi atɛn, mmom deɛ ɛne no bɔ abira. Meyɛ ɛno firi ɔdɔ a ɛwɔ m’akoma mu ma Onyankopɔn Asɛm nti.

Mepɛ sɛ obiara gye tom na ɔgye saa Nkransɛm yi a Onyankopɔn somaa sɛ ɛmɛfrɛ N’Ayeforɔ. Mentee nka da wɔ m’akoma anaa m’adwene mu sɛ ɛnsɛ sɛ asomfoɔ ka asɛm bio da; anka ɛbɛkɔ atia Onyankopɔn Asɛm. M’ani ko Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so nko ara. Megye di sɛ ɛyɛ Ɛnne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ ASOMFOƆ NYINAA de si nkorɔfoɔ no anim kane. Wei nkyerɛ sɛ wɔntumi nka asɛm no, mepɛ sɛ mehyɛ wɔn nkuran kɛkɛ sɛ wɔmmɔ tapes no wɔ nsɔrensɔre mu ɛberɛ a nkorɔfoɔ no aboa wɔn ano wɔ saa ngosra no ase.

Yiw, anka m’ani bɛgye ho sɛ wiase nyinaa bɛtie Nkransɛm korɔ no ara ɛberɛ korɔ mu wɔ wiase nyinaa. Ɛnyɛ sɛ “me” kaa saa nti, anaasɛ “Me” na meyii tape no sɛ tie, nanso mete nka ampaniampaa sɛ Ayeforɔ no bɛhunu sɛnea Onyankopɔn abie ɔkwan ama wei asi ɛwɔ yɛn da yi mu.

Sɛ anka yɛbɛnya Yesu Nne a ɛgu ahoma so sɛ ɛrekasa ɛnnɛ ɛwɔ tapes so a, ɛnyɛ Mateo, Marko, Luka anaa Yohane atwerɛdeɛ a ɛfa deɛ Yesu kaeɛ no ho (ɛfiri sɛ wɔnyinaa kaa no soronko nkakrankakra), nanso sɛ anka yɛbɛtumi atie Yesu Nne, Ne nipaban, ne hain’t, totes, ɛne fetches ɛwɔ yɛn ankasa asom a, anka ɛnnɛ ɔsom adwuma no bɛka akyerɛ wɔn asafo no sɛ, “ɛnyɛ adeɛ sɛ yɛrebɛbɔ Yesu tapes wɔ yɛn asɔredan mu. Wɔafrɛ me na wɔasra me ngo sɛ menka ho asɛm, na menyi N’anum nsɛm. Wo deɛ tie ɛno kɛkɛ sɛ wokɔ fie a.” Anyabiaa, anka nkorɔfoɔ no bɛpene so saa? Awerɛhosɛm ne sɛ, nanso ɛno pɛpɛɛpɛ ɛne deɛ wɔreyɛ ɛnnɛ. NSONSONOEƐ biara NNI mu, ɛmfa ho sɛnea wɔbɛkatakata so.

M’afam no, Onuabarima Branham maa yɛn nhwɛsoɔ bi. Na ɔdɔ sɛ nsɔrensɔre no nyinaa, afiefie, anaa baabiara a wɔwɔ nyinaa, ɛberɛ wɔn aba hookup no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛtumi atie Nkransɛm no ɛberɛ korɔ mu. Na ɔnim sɛ wɔbɛtumi, na wɔbɛnya tapes no na akyire no wɔn atie, nanso ɔpɛɛ sɛ wɔka bom na wɔn nyinaa tie Nkransɛm no wɔ ɛberɛ korɔ no ara mu….M’AFAM NO NA ƐNO YƐ ONYANKOPƆN A ƆREKYERƐ N’AYEFORƆ NO DEƐ NA ƐBƐSI ƐWƆ YƐN DA YI MU ƐNE DEƐ YƐBƐYƐ.

Nokorɛ Nkransɛm-gyedini somfoɔ biara no bɛgye atom sɛ biribiara nni hɔ a ɛso sene sɛ woretena Onyankopɔn Nne ngosra ase, a wɔatwe agu ahoma so de ato tapes no so. Ayeforɔ no bɛgye adi, na wanya Adiyie, sɛ saa Nkransɛm yi yɛ Onyankopɔn Asɛm ma ɛnnɛ. Mɛtumi de Asɛm no nko- ara na abu atɛn, nanso obibiara a wɔn nka sɛ saa Nkransɛm yi ɛne wɔn Osiwieɛ no nni Asɛm no mu Adiyie a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ, ɛnesɛ, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn atumi ayɛ N’Ayeforɔ?

Ɛnyɛ sɛ woreyi n’anum asɛm aka kɛkɛ, woreka asɛm anaa worekyerɛkyerɛ, mmom wɔretie ɛno wɔ tapes no so no NKUTOO ne BEAEƐ a Ayeforɔ no bɛtumi aka sɛ megye Asɛm biara di. Saa Nkransɛm yi yɛ Sɛ Awurade Seɛ nie. Deɛ ɛyɛ Asɛm a meka anaasɛ deɛ me kyerɛkyerɛ ɛnnyɛ Sɛ Awurade Seɛ, nanso Ɛnne a ɛwɔ tapes so no ƐYƐ… ɛno ne Ɛnne NKUTOO a Ogya Fadum no asi so dua.
Menim sɛ anuanom mmarima ne mmaa bi wɔ hɔ a wɔka sɛ, ɛna wɔte nka sɛ, “Sɛ woantie Nkransɛm a Branham Tabernacle bɔ ho dawuro no, kenkan ɔkɔdeɛ ɛreboa wɔn ano nkrataa no a, na woretie wɔ afiefie mu ɛberɛ korɔ no ara mu a wonyɛ Ayeforɔ,” anaasɛ, “Ɛyɛ mfomsoɔ sɛ wobɛkɔ asɔre, ɛsɛ sɛ wotena wo fie.” ƐNO YƐ MFOMSOƆ PAA. Menwenee saa DA, ɛnkaa saa, anaasɛ gye dii saa. Ɛno de ntetemu mpo bebiree na aba, menasepɔ, ɛne ayɔnkofa ntetemu wɔ Ayeforɔ no ntam, na ɔtamfo no refa ɛno so de tete nnipa no ntam.

Mempɛ sɛ mɛtete Ayeforɔ no mu da, mepɛ sɛ meka Ayeforɔ no bom sɛnea Asɛm no kaa sɛ ƐSƐ SƐ YƐKABOM SƐ BAAKO. Ɛnsɛ sɛ yɛne afoforɔnom nya anobaabaeɛ, nanso biribibiara nni hɔ kɛkɛ a ɛbɛtumi aka yɛn abom gye sɛ Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes so no.

Ɛnsɛ sɛ yɛgye akyinnyeɛ na yɛreka deɛ ƐWƆ SƐ WƆYƐ kyerɛ wɔn ɛnte saa a wɔn nnyɛ Ayeforɔ no, wodeɛ yɛ sɛnea AWURADE DI W’ANIM. Wɔdaso yɛ yɛn nnuammarima ɛne nnuammaa. Ɛhia sɛ yɛdɔ na yede obuo ma yɛnhɛyɛnho.

Afei, ɛnnya anobaabaeɛ. Wahu? abufuo dɔre abufuo. Adeɛ a ɛdi kan a wobɛhunu no, wo ho Honhom Kronkron no bo firi wo ho, wode anobaabaeɛ bɛyi ano. Afei Honhom Kronkron no ɛtu kɔ. Abufuo dɔre abufuo.

Ɛnam deɛ odiyifoɔ no kaa wɔ ɛha yi no, mempɛ sɛ mɛho Honhom Kronkron no bo da. Mempɛ sɛ mɛyɛ anobaabaeɛ da. Yɛbɛtumi abom atoatoa adwene wɔ ɔdɔ mu, nanso ɛnyɛ anobaabaeɛ. Sɛ maka biribi a aha obiara wɔ deɛ matwerɛ anaa maka no mu a, anidie mu fa kyɛ me, na ɛnyɛ boapayɔ.

Sɛnea madikan ada no adi no, mete Onyankopɔn frɛ ho nka wɔ m’asetena mu sɛ metene me nsa hwɛ Onyankopɔn Nne a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ no ɛkyerɛ nkorɔfoɔ no. Asomfoɔ foforɔ no wɔ ɔfrɛ foforɔ na ɛbia wɔhunu nneɛma soronko, Kamfo Awurade, wɔreyɛ deɛ WƆte nka sɛ Honhom Kronkron no di wɔn anim sɛ wɔn nyɛ. Me som dwumadie ne sɛ mɛka akyerɛ Ayeforɔ no kɛkɛ sɛ, “PRESS PLAY” na “Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no ne Ɛnne a ɛho hia paa a wobɛtumi atie.” “Megye di sɛ ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma no bɔ Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no ɛwɔ wɔn nsɔrenom mu.”

Nkrataa a metwerɛ no naawɔtwe biara no wɔ hɔ ma Ayeforɔ no fã a wɔte nka sɛ wɔyɛ Branham Tabernacle no fã bi. Menim sɛ afoforɔ pii kenkan nkrataa no, nanso ɛyɛ m’asɛdeɛ nkutoo sɛ mɛyɛ sɛnea menya akannie sɛ menyɛ ma yɛn asafo no. Asɔre biara de ne ho; ɛsɛ sɛ wɔyɛ sɛnea wɔnya Awurade akannie atenka sɛ wɔnyɛ, ɛno yɛ Asɛm no mu abupɛn ɔha. Mentia wɔn adwenekorɔ mu na yɛnkɔ kɛkɛ. M’afam ɛne Branham Tabernacle deɛ, yɛpɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn Ɛnne a ɛwɔ tapes so no.

Meto nsa frɛ wiase sɛ wɔmmɛka yɛn ho nnawɔtwe biara. Mehyɛ wɔn nkuran sɛ, sɛ wɔn antumi anka yɛn ho a, wɔbɛyi tape baako, tape biara, na wɔn apress play. Wɔbɛnya ngosra te sedeɛ ɛbi nsii da. Ene sɛ, meto nsa frɛ mo naawɔtwe wei sɛ mommɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛboa yɛn ano bom na yɛtie, 63-0630E Anyabiaa W’abrabɔ Fata Asɛmpa No?

Onuabarima Joseph Branham.