Nkransɛm: Awurade Adidie 65-1212
Asɛm A Wɔasi No Pi Nkutoo Ayeforɔ Dɔfoɔ,
Sɛnea yɛda Honhom Kronkron no ase wɔ nokorɛ Adiyie a ɛfa N’Asɛm a wɔasi no pi ama ɛnnɛ da yi. Nnipa pii gye to wɔn ho so sɛ wɔgye di sɛ Onuabarima Branham yɛ Onyankopɔn diyifoɔ a ɔhyɛ bɔhyɛ Twerɛnsɛm a ɛfa ɔno ankasa ho ma, nanso wɔde Asɛm no mu nokorɛ adiyie no asuma wɔn.
Ɔdɔ krataa Nkransɛm biara a Ayeforɔ no teɛ no, Onyankopɔn si so dua ma yɛn sɛ yɛwɔ Nepɛ a ɛwie Pɛyɛ no mu ɛnam sɛ yɛretie Ne Kwan a Ɔde ama ɛnnɛ, Onyankopɔn Nne a ɛwɔ Tapes no so no.
Na ɛsɛ sɛ yɛdi N’akyi, ɛno nkutoo ne ɔkwan a yɛbɛfa so anya Daa Nkwa. Enti Onyankopɔn akannie no ɛne sɛ: fa Honhom Kronkron no so di ɛdɔn no mu Asɛm a wɔasi no pi no akyi.
Ɔkwan NKUTOO a ɛkɔ Daa nkwa mu ɛne: Honhom Kronkron no a Ɔredi mo anim ama mo adi Asɛm a wɔasi no pi no akyi. Hwan na ɔwɔ ɛnnɛ da yi Asɛm a wɔasi no pi no? Hwan na Onyankopɔn yii no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ N’Asɛm ase? Hwan na Onyankopɔn kaa sɛ ɔyɛ Ne Nne ma ɛnnɛ da yi? Hwan na Onyankopɔn Ankasa kaa sɛ ɔyɛ ɔkannifoɔ a wɔasi no pi sɛ ɔni N’Ayeforɔ anim ɛnnɛ? Anyabiaa ɛyɛ ɔsom adwuma no?
Ɛte sɛdeɛ mekaaeɛ no, ɔkɔdeɛ ketewa no, ɛberɛ a ɔtee Ayeforokunu no Ɛnne no, ɔkɔɔ Ne nkyɛn, Onyankopɔn Asɛm a wɔasra no, a wɔasi no pi ama ɛda a ɛtwa toɔ no.
Noah na na ɔyɛ Asɛm a wɔasi no pi ɛwɔ ne da no mu.
Ná Mose yɛ ne da no mu Asɛm a wɔasi no pi.
Na Yohane yɛ Asɛm a wɔasi no pi .
Wɔbɛtumi de akyinkyimadeɛ anaa nkyerɛaseɛ biara a wɔpɛ ato Ɛso, nanso: WILLIAM MARRION BRANHAM YƐ ONYANKOPƆN ASƐM A WƆASI NO PI AMA ƐNNƐ!!
Enti Onyankopɔn akannie no ɛne sɛ: fa Honhom Koronkron no so di ɛdɔn no mu Asɛm a wɔasi no pi no akyi.
Na anyabiaa worebɔ Onyankopɔn Nne a wɔasi no pi no wɔ w’asɔrɛ dan mu no ɛnyɛ adeɛ a ɛhia paa a Ayeforɔ no bɛtumi ayɛ?Anyabiaa ɛhia paa sɛ wobɛtie ɛnne foforɔ bi?
Anyabiaa ɛyɛ mmarima kuo bi ɛne wɔn som adwuma na ɛbɛka Ayeforɔ no abom adi wɔn anim? Anyabiaa deɛ ɔsom adwuma no ka no na ɛbɛka Ayeforɔ no abom? Wɔn nyinaa ka biribi soronko, ɛnti hwan akyi na ɛsɛ sɛ yɛdi?
Anyabiaa wɔn nkyerɛaseɛ a ɛfa saa Nkransɛm yi ho no so na wɔbɛgyina abu yɛn atɛn anaa? Anyabiaa wɔ wɔ Ogya Fadum bi a ɛresi wɔn som adwuma no pi? Anyabiaa ɛyɛ wɔn nkyerɛaseɛ a ɛwɔ Asɛm no mu na ɛyɛ Osiwieɛ ma wo?
Ɔdiyifoɔ no kaa sɛ Ayeforɔ no bɛka ABOM. Bisa wo ho sɛ, ɛdeɛn na ɛbɛma saa nkɔmhyɛ yi ahyɛ ma sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade bɛba abɛhwim N’Ayeforɔ no?
Na afei, sɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ firi aseɛ san boaboa wɔn ho ano bio a, baakoyɛ wɔ hɔ, tumi wɔ hɔ. Wahu? Na ɛberɛ biara a Onyankopɔn nkorɔfoɔ bɛka wɔn ho abom mapa no, megye di sɛ owusɔreɛ no bɛsi saa berɛ no. Ohwim berɛ bi bɛba ɛberɛ a Honhom Kronkron no hyɛ aseɛ ɛboa wɔn ano bom. Wɔn—ɛbɛyɛ ɛkuo ketewa no mu, ampa ara, nanso anoboa kɛseɛ bi bɛba.
Anyabiaa onipa bi som adwuma bɛma anoboa kɛseɛ bi aba, a ɛnyɛ Onyankopɔn diyifoɔ a wasi no pi no? Anyabiaa ɛbɛyɛ asomfoɔ KUO BI, ɛfiri sɛ ɔsom nnwuma num no mu asomfoɔ no bi se ɛnsɛ sɛ wobɔ Onyankopɔn Nne wɔ w’asɔre dan mu DA, ɛyɛ mfomsoɔ. Ɛneɛ anyabiaa wɔbɛdi Ayeforɔ no anim?
MESRƐ WO BOA ME! ƆSOMFOƆ BƐN NA ƐSƐ SƐ MEDI N’AKYI, SƐNEA MEPƐ SƐ YƐKA ME BOM WƆ SAA ANOBOA KƐSEƐ NO.
Ɛbinom ka sɛ aprannaa nson no mu asomfoɔ a wɔ wɔ ɔsom nnwuma num no mu no na wɔbɛma Ayeforɔ no awie pɛyɛ. Ɔsom nnwuma num mu asomfoɔ no binom se ɛnna a ɛyɛ Onipa-Baako som adwuma no atwam. Ɔsom nnwuma num no mu asomfoɔ no binom se ɛsɛ sɛ yɛsan y’ɛakyi kɔ Pentekose. Ebinom se Nkransɛm no ƐNYƐ Osiwieɛ no. Ebinom se sɛ wobɔ tapes a woyɛ anyame gyedini. Wɔn nyinaa ka biribi soronko, na wɔn NYINAA wɔ nkyerɛaseɛ ahodoɔ nom, adwenkyerɛ ahodoɔ, nanso wɔn mu baako biara ka sɛ Honhom Kronkron na ɛdi WƆN anim.
ƆSOM NNWUMA NUM NO MU ƆSOMFOƆ BƐN NA ƐSƐ SƐ MEDI N’AKYI?Ɛmerɛ tenten a medi “ME” sɔfoɔ a ɔwɔ ɔsom nnwuma num no mu akyi no, mɛyɛ Ayeforɔ no anaa? “Ɛkuo nom” ahodoɔ bebiree na ɛwɔ asomfoɔ a wɔ wɔ ɔsom nnwuma num no mu. Asomfoɔ aduonu wei ka wɔn ho bom ɛnya wɔn ahyiadie nom, nanso wɔne asomfoɔ aduonu bi a wɔn nso aka wɔn ho abom ɛreyɛ ahyiadie wɔ baabi foforɔ ɛnyɛ adwene koraa…ahyiadie no mu deɛ ɛwɔ hene na mɛkɔ a ɛbɛma me awie pɛyɛ na aka me abom…ɛmu binom…wɔn nyinaa anaa?
Na nkorɔfoɔ gyedi sɛ SAA SAKATUU yi ƐREBƐKA AYEFORƆ NO ABOM NA AMA NO AWIE PƐYƐ? Wɔn nyinaa se wɔn na wɔyɛ ƆSOM NNWUMA NUM MU NOKORƐ SOMFOƆ A ONYANKOPƆN AFRƐ WƆN. Nanso wɔn ɛnni w’anim nkɔ NOKORƐ AKANNIE NO A ƐNAM HONHOM KRONKRON NO SO NO, WƆREDI W’ANIM AKƆ WƆN NKYƐN ƐNE WƆN SOM ADWUMA.
M’afam no, wo nhia adiyie mpo sɛ wobɛhunu sɛ ɛno ɛntumi ƐNKA Ayeforɔ no MMƆ MU anaa ƐNNI wɔn anim. ASƐM no NKUTOO na ɛbɛka Ayeforɔ no abom, ɛnam ONYANKOPƆN ANKASA NNE A ƐWƆ TAPES SO.
Nnuammarima ne nuammaaa, ɛbɛyɛ ama mo sɛ mobɛsɔre, sɛ moredi ɔsɔfoɔ bi a ɔreyɛ preaching na “ɔrekootu” Asɛm no kɛkɛ akyi, a ɛyɛ nwanwa na ƐYƐ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ PƐPƐƐPƐ, nanso ɔrenka nkyerɛ mo, na ne titire, ƆRENYƐ, sɛ ɔrebɔ ONYANKOPƆN NNE A ƐWƆ TAPES SO WƆ W’ASƆRE.
Onuabarima Branham ka kyerɛɛ yɛn sɛ:
Afei, yɛwɔ honam afam ɔsoro ahyɛdeɛ mmiɛnsa pɛ a wɔde agya yɛn: ɛmu baako ɛne—ɛne Awurade adidie, ɛnanse-hohorɔ, nsuo asubɔ. Ɛno ne nneɛma mmiɛnsa pɛ no. Ɛno ne pɛyɛ no, mmiɛnsa no mu, wahu.
Mɛpɛ sɛ yɛbɛyɛ Awurade Adidie ɛne Ɛnanse-Hohorɔ Ɛsom Kwasiada yi, sɛ Awurade pɛ a. Sɛnea yɛayɛ wɔ ɛberɛ a atwam no mu no, mɛhyɛ wo nkuran sɛ firi aseɛ anwummerɛ nɔn num ɛwɔ wo mpɔtam hɔ ɛberɛ mu. Ɛwom sɛ Onuabarima Branham kaa sɛ Asomafoɔ no yɛɛ Awurade Adidie ɛberɛ biara a wɔhyiaaeɛ deɛ, ɔno pɛɛ sɛ ɔyɛ no anwummerɛ berɛ mu, na ɔfrɛɛ no sɛ Awurade Anwummeduane.
Nkransɛm no ɛne Awurade Adidie Ɛsom no bɛba Voice Radio so, na “link” bi nso bɛwɔ hɔ ama wɔn a wɔn nsa nka Voice Radio no adownloadu file no Kwasiada anwummerɛ.
Onuabarima Joseph Branham .