Nokorɛ Ne Ateasefoɔ Ayeforɔ Dɔfoɔ,
Ɛberɛ a Yesu, Asɛm no Ankasa, baa asase so mfie mpenu a abɛsene kɔ no, Ɔbaa sɛnea Ɔkaa sɛ Ɔbɛba no, sɛ Odiyifoɔ. N’Asɛm no pae mu ka, sɛ ansa na Ɔba bio no, deɛ wɔda no adie nyinaa a ɛfa Yesu Kristo Nipasuo ho no bɛda adi bio wɔ honam mu, wɔ odiyifoɔ mu. Saa odiyifoɔ no aba, ne din de William Marrion Branham.
Ɛbɛyɛ dɛn na obi ɛntumi ɛnhunu sɛ wɔretie Onyankopɔn Nne tẽẽ a ɛwɔ tapes so no ɛyɛ Onyankopɔn Pɛ a ɛwie pɛyɛ? Yɛnim sɛ Asɛm no ba Ne diyifoɔ no hɔ ɛberɛ nyinaa; Ɛntumi mma ɔkwan foforɔ biara so. Ɛsɛ sɛ ɛfa Onyankopɔn kwan kwantene a Ɔyii yɛn asotire sɛ ɛbɛfa so aba no so. Ɛno nko ara ne ɔkwan a Ɛbɛfa so aba da. Onyankopɔn tu anamɔn wɔ ɔkwan a Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no so. Ɔnsesa no da sɛ Ɔyɛ no ɔkwan korɔ no ara a Ɔfaa so yɛɛ no ɛberɛ nyinaa no.
Wɔn mu biara dii ade korɔ, wɔn nyinaa saa wɔ Honhom no mu, na wɔn nyinaa wɔ biribiara a ɛyɛ pɛ; nanso ɛduruu ntetemu berɛ no, Asɛm no yɛɛ ntetemu no. Saa ara na ɛteɛ nnɛ! Asɛm no ayɛ ntetemu no! Sɛ ɛberɛ ba…
Yɛhunu saa berɛ no sɛ ɛrekɔ so mprempren yi, Asɛm no ɛretete mu. Wɔbɔ Ayeforɔ no kwaadu sɛ ɔde bebiree regu ɔdiyifoɔ no so dodo sɛ wɔka sɛ, “ yɛ wɔ afoforɔ bi a Onyankopɔn afrɛ wɔn, mmarima a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma sɛ wɔbɛdi Ayeforɔ no anim nnɛ. Wohia pii a ɛboro tapes no nko ara so. Onyankopɔn de nnipa asisi hɔ nnɛ sɛ wɔnni asɔre no anim.”
“Wobɔ mmɔden sɛ wodwene sɛ wo nkutoo na wowɔ ɛkuo no mu. Asafo no nyinaa yɛ kronkron!” Onyankopɔn amfa deɛ ɛte saa so da anni dwuma. Anka na ɛsɛ sɛ ɔhunu yie kyɛn saa. Na ɔkaa sɛ, “Wiɛ, asafo no nyinaa yɛ kronkron. Wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ wo ho…” Sɛ yɛbɛka no nnɛ a, abɔntene so nkasaeɛ mu no, “Ɛboɔ a ɛno nkutoo na ɛwɔ mpoano.”
Na Mose nim sɛ Onyankopɔn asoma no aseɛ hɔ ama saa.
Onyankopɔn wɔ mmarima a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma sɛ wɔnni N’Ayeforɔ no anim; Di wɔn anim KƆ SƐ AWURADE SEƐ NIE, ƆBƆFOƆ SOMAFOƆ NO hɔ. Ɛfiri sɛ Nkransɛm no ne ɔbɔfoɔ no yɛ ade korɔ. Ɛno ne Onyankopɔn kwan a ɛnsesa da a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ, ɛne ɛberɛ nyinaa.
Ɛfiri sɛ wɔtiee mfomsoɔ bi. Ɛberɛ a Mose, deɛ Onyankopɔn asi no pi no, ɛne ɔkannifoɔ sɛ ɔnkyerɛ wɔn kwan nkɔ bɔhyɛ asase no so, na wɔn abɛduru mpɛnpɛnsoɔ a ɛfata, nanso afei wɔrentoa so ɛne no nkɔ…. Afei, agyedifoɔ bɛtumi ahunu Ɛno, nanso annyeanie foɔ ntumi nhunu Saa deɛ wɔasi no pi no.
Ɛnyɛ sɛ wɔyii wo sɛ wo bɛgye awieɛ berɛ Adiyie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ da yi nko ara, mmom Onyankopɔn, ɛnam N’Aduane a Ɔde asie tapes kwan so no, kasa fira no ntoma kyerɛ N’akoma mu tɔfe Ayeforɔ no.
Ɛnneɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn babarima anaa Onyankopɔn ba babaa a, na wowɔ Onyankopɔn mu ɛberɛ nyinaa. Nanso na Ɔnim asase ne ɛberɛ a wɔbɛdua wo. Enti afei wɔayɛ wo abɔdeɛ, Onyankopɔn ba, Onyankopɔn barima anaa ba baa a wɔada no adi sɛ ɔnhyia ɛdɔn yi mu akansie sɛ ɔnsi saa ɛdɔn yi mu nokorɛ ne ɔteasefoɔ Nyankopɔn no pi, Nkransɛm no a ɛreba wɔ saa berɛ yi mu no. Ɛte saa! Wɔyɛɛ wo ɛwɔ ɛhɔ ansa na wiase fapem.
Ɔdɔ krataa-a- wɔafira no ntoma paa a ɛkɔma N’Ayeforɔ, ANIMUONYAM!!!
Ɛnyɛ sɛ na Ɔnim yɛn nko ara na Ɔyii yɛn ansa na wiase fapem, mmom ɛha Ɔka kyerɛ yɛn sɛ Ɔyii yɛn sɛ yɛnyɛ Ne mmamarima ne Ne mmamaa a wɔada wɔn ho adie wɔ ƐNNƐ DA YI. Ɔde yɛn too asase so ha nnɛ, ɛboroo ahotefoɔ afoforɔ nyinaa so firi mfitiaseɛ no, ɛfiri sɛ na Ɔnim sɛ yɛbɛhyia saa dɔnhwereɛ yi mu akansie no sɛ yɛbɛsi ɛdɔn yi mu nokorɛ ne ɔteasefoɔ Nyankopɔn no pi, Nkransɛm a ɛreba no wɔ saa berɛ yi.
Na yɛwɔ Onyankopɔn mu, awosuo, asɛm, nsusueɛ a ɛfiri ahyɛaseɛ, nanso MPREMPREN yi YƐREBOM atena wɔ ɔsorosoro mmea hɔnom wɔ Kristo Yesu mu, denam N’Asɛm so, redi nkitaho ɛfa N’Asɛm so; ɛfiri sɛ yɛ YƐ N’ASƐM, na Ɛrema yɛn Akra aduane.
Yɛntumi, na yɛnfa biribiara nwura yɛn abrabɔ asetena mu, gye sɛ Onyankopɔn Asɛm a mfrafrayɛ ɛnni mu no. Yɛhyɛ no nso na yɛgyedi sɛ Ɛno ne Onyankopɔn kwan a Ɔde ama ɛnnɛ.
Yɛbɛpɛ sɛ wobɛka yɛn ho Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie ƐNNE KORO PƐ, Onyankopɔn Ɛnne a ɛwɔ tapes so no, wobɛtumi aka AMEN agye Asɛm biara a wo teɛ so.
Onuabɛɛma Joseph Branham.
Nkransɛm: Nkɔmhyɛ Ma Ɛnnɛmmerɛ Yi Mu Nsɛm Ani Da Hɔ.
Ɔpɛnima da a ɛtɔ so du mmienu Afe-Apem ahankoron aduosia num mu na Ɔkaa saa Nkransɛm no.
Twerɛnsɛm a wo bɛkenkan ansa na watie Nkransɛm no:
Genesis 22 .
Deuteronomium 18:15
Nnwom 16:10 / 22:1 / 22:18 / 22:7-8 / 35:11 .
Yesaia 7:14 / 9:6 / 35:7 / 50:6 / 53:9 / 53:12 / 40:3.
Amos 3:7.
Sakaria 11:12 / 13:7 / 14:7.
Malaki 3:1 / 4:5-6.
Ɔhoteni Mateo 4:4 / 24:24 / 11:1-19 .
Ɔhoteni Luka 17:22-30 / 24:13–27.
Hebrifoɔ 13:8 / 1:1.
Ɔhoteni Yohane 1:1.
Adiyisɛm 3:14-21 / 10:7.