25-0727 Ohwim

Ayeforɔ Dɔfoɔ A Nhyehyɛeɛ Ɛnna Ho,

Awurade maa yɛn ɛberɛ nwanwasoɔ ɛte saa wɔ nsraban mu naawɔtwe a ɛtwaa mu no mu sɛnea Ɔdaa N’Asɛm adi kyerɛɛ yɛn no. Ɔnam N’asɛm so ɛdaa ɛmu nokorɛ adi, sɛ yɛn Osiwieɛ ɛne: N’Asɛm, Saa Nkransɛm yi, Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so; Wɔn nyinaa yɛ adekorɔ, Yesu Kristo te saa ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem.

Yɛtee sɛdeɛ ɔbonsam no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛtete Nkransɛm no afiri ɔsomafoɔ no ho, nanso ayɛyie nka Awurade Yesu, Onyankopɔn Ankasa nam Ne bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no so kasaeɛ na Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ:

Yɛhunu sɛ sɛ onipa bi a wɔasoma no firi Onyankopɔn nkyɛn, Onyankopɔn ahyɛ no ato hɔ, ɔde SƐ AWURADE SEƐ NIE turodoo ɛba a, nkrasɛm no ɛne ɔsomafoɔ no yɛ bafua ne adekorɔ no ara. Ɛfiri sɛ wɔasoma no sɛ ɔnnyina hɔ mma SƐ AWURADE SEƐ NIE, Asɛmfua baako biara, enti ɔne ne nkransɛm yɛ adekorɔ no ara.

Wontumi ntete Nkransɛm no mfiri ɔsomafoɔ no ho, wɔyɛ adekorɔ, SƐ AWURADE SEƐ NIE. Ɛmfa ho deɛ atorɔ ngosra wɔ ne so biara ka, Onyankopɔn kaa sɛ wɔ yɛ adekorɔ na wontumi ntete wɔn mu.

Afei Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnhia ntoma sɔneɛ a yɛde kye nkammoa biara ɛberɛ a yɛretie tapes no, ɛfirisɛ nkammoa anaa nkaboa ho nsuo biara nni Saa Nkransɛm yi mu. Ɛyɛ Ne Nsubura a ɛberɛ nyinaa ɛho teɛ na ɛretene korɔgyenn.
Ɛberɛ nyinaa ɛreworo fa so, ɛnwe da, kɔ so ɛrepia na ɛrepia kɛkɛ, ɛrema yɛn N’Asɛm mu adiyie pii.

Ɔkaee yɛn sɛ yɛn WERƐ ƐMFI da sɛ N’apam a Ɔne yɛn wɔ no yɛ deɛ Akyinnyegyeɛ ɛnni ho, deɛ Nkunwasie ɛnni ho, nanso ne nyinaa mu titire paa no, Nhyehyɛeɛ nna ho.

Sɛ ɛyɛ ɔdɔ, mmoa, anaa gyae-mu-ma, sɛ biribi yɛ deɛ nhehyɛeɛ ɛnna ho a, ɛyɛ OSIWIEƐ na ɛnyɛ deɛ ɛgyina nhyehyɛe ne nyinasodeɛ soronko bi so: ɛbɛba mu ɛmfa deɛ ɛka ho biara a ɛbɛba.

Afei Ɔpɛɛ sɛ Ɔbɛka dadewa no ato so, enti Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ saa da yi Ne Twerɛnsɛm no ɛrehyɛma wɔ yɛn ani so.

Saa awia s-u-n korɔ no ara a ɛpue wɔ apueɛ fam no saa awia s-u-n korɔ no ara kɔtɔ wɔ atɔeɛ. Na saa Onyankopɔn Ba S-o-n no a Ɔfiri apueɛ baaeɛ na Ɔbɛsii Ne ho pi sɛ Onyankopɔn a wada adi wɔ honam mu no, ɛyɛ saa Onyankopɔn Ba S-o-n ɛwɔ atɔeɛ asase tam fa a ɛwɔ ha no, a ɛreyi Ne ho akyerɛ wɔ asafo no ntam anadwo yi, te saa ɛnora, ɛnnɛ ɛne daapem. Ɔba no anwummere Hann no aba. Saa da yi Twerɛsɛm wei ahyɛma wɔ yɛn anim.

Onipa Ba no aba bio wɔ onipa honam mu wɔ yɛn da yi mu, sɛnea Ɔhyɛɛ bɔ sɛ Ɔbɛyɛ no ara, afrɛ Ayeforɔ bi. Ɛyɛ Yesu Kristo a Ɔrekasa tẽẽ kyerɛ yɛn, na Ɛnhia onipa nkyerɛaseɛ biara. Deɛ yɛhia nyinaa, deɛ yɛpɛ nyinaa ɛne Onyankopɔn Nne a Ɔrekasa wɔ tape so a ɛfiri Onyankopɔn Ankasa hɔ ɛreba.

Ɛyɛ adiyie a ɛwɔ Asɛm no a wɔada no adi akyerɛ ayɛ nokorɛ no.*
Na saa da no mu na yɛteɛ no; Ayɛyie nka Onyankopɔn; Ɔno ankasa ahintasɛm ho adiyie.

Animuonyam berɛ paa Ayeforɔ no ɛrenya, ɛreda Ɔba no animpa, ɛrebere. Ayuo no asan aba ayuo no bio, na mmɔreka biara nni yɛn ntam. Onyankopɔn Nne korɔgyenn no ara kɛkɛ a ɛrekasa kyerɛ yɛn, a ɛrenwene na ɛrema yɛn awura Kristo sɛso, Asɛm no mu.

Yɛyɛ Onyankopɔn Mmamarima ne mmamaa, Ne nsusueɛ a Ɔhyɛ too hɔ sɛ wɔbɛba wɔ saa mfirinhyia yi mu, ewiase abakɔsɛm mu mfirinhyia mu kɛse-paa.
Na Ɔnim sɛ yɛnni ntwo, yɛnngo yɛn mudie mu, mmom yɛbɛyɛ N’Asɛm Ayeforɔ nokwafoɔ turodoo, Ne bɔhyɛ a ɛfa Abraham Adehyeɛ Aba Kantinka no a na ɛbɛba ho no.

Ohwim no abɛn. Ɛberɛ aba awieɛ. Ɔreba abɛfa N’Ayeforɔ a wasiesie Ne ho awie nanso ɔte Ɔba no Animpa, ɛretie Ne Nne ɛrehyɛ N’Ayeforɔ no atadeɛ. Ɛnkyɛ yɛbɛfiri aseɛ ahu yɛn adɔfoɔ a wɔwɔ twamu berɛ akyi, a wɔretwɛn na wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛka yɛn ho.

Tapes no yɛ Onyakopɔn kwan a Ɔde ama sɛ ɛbɛma N’Ayeforɔ no awie pɛyɛ. Saa tapes weinom nkutoo ne adeɛ a ɛbɛka N’Ayeforɔ abom. Saa tapes yi yɛ Onyankopɔn Nne ma N’Ayeforɔ.

Meto nsa frɛ mo sɛ mommra na mo mɛka yɛn ho, N’Ayeforɔ no fã bi, Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie ɛfa nea ɛnkyɛ koraa ɛreba abɛsie ho no nyinaa: Ohwim 65-1204.

Onubarima Joseph Branham