Nkransɛm: 60-0522E Abayɛ #4
Adɔfoɔ A Moasakra, .
Ɛnam Pressing Play nti, yɛretie Onyankopɔn Asɛm a mfomsoɔ nni ho no. Ɛyɛ Asɛm biara ɛyɛ Nokorɛ no, ne mu kasasini biara. Wɔafrɛ yɛn na wɔakora yɛn, ahyɛ yɛn ma na wɔde asi nkyɛn; Honhom Kronkron no ahyɛ yɛn ma, na seesei yɛwɔ Kanaan Asase so dada. Yɛnsurohwee. BIRIBIARA, yɛnim nnipa ko a yɛyɛ.
Ɛsiane sɛ yɛne N’Asɛm atena, sɛnea Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no nti, Ɔrebɛka akyerɛ yɛn sɛ Ogyaa yɛn apɛgyadeɛ bi. Ɛberɛ bɛn na woyɛɛ saa, Agya? Ɛberɛ a meyii mo na mede mo din hyɛɛ Adwammaa Nkwa Nwoma no mu ansa na wiase fapem.
Ɛberɛ a na Ɔahyɛ no sooeɛ no, Me somaa Yesu, Adwamaa no, A Wɔkumm no no ɛfiri ewiase fapem no, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛnya mo apɛgyadeɛ a mode bɛyɛ Me mmamarima ne mmamaa, Anyame nkumaa.
Na ɛsɛ sɛ mehwɛ mo mu sɛ kasa gyegyeegye ɛne mmeaeɛ a ahodwohodwo ansa na matumi de mo asisi.
“Mogye di sɛ Me Nne a morebɔ wɔ tapes so wɔ asɔredan mu no yɛ mfomsoɔ?”
“Yiw, ɛnsɛ sɛ wobɔ tapes wɔ asɔredan mu.”
“Kasa tia ɛno. Kasa gyegyeegye.”
“Mogye di sɛ M’Asɛm a ɛwɔ tapes so no hia nkyerɛaseɛ?”
“Yiw, Ɛhia sɛ obi kyerɛkyerɛ Ɛno ase”
“Wo kasa gyegyeegye. Yi firi hɔ. Wo nnya nnyɛɛ krado.”
Sɛ woyɛ krado a, wobɛgye Asɛm biara so sɛ, “Amen”.
“Mogye di sɛ mete saa ɛnora, ɛnɛ ne daa?”
“Amen.”
“Mogye di sɛ Me Nne a ɛwɔ tapes so no ne NNE a ƐHO HIA PAA a ɛsɛ sɛ mo tie?”
“Amen.”
“Mogye di sɛ Me Nne a ɛwɔ tapes so no bɛka Ayeforɔ no abom?”
“Amen.”
“Mogye di sɛ Me bɔfoɔ hoɔdenfoɔ no bɛyi mo akyerɛ Me?”
“Amen.”
Afei wo mu ɛremiamia. Mahwehwɛ wo mu kasa gyegyeegye ɛne mmeaeɛ a ahodwohodwo no. Mayɛ krado sɛ mɛto ɔpono no mu. Mede Me Nsɔano bɛsɔ mo ano. Mo ho sɔnn wɔ Me nhwehwɛmu no mu.
Afei ma Menka biribi nkyerɛ mo, Me nkorɔfoɔ dɔfoɔ a mo som boɔ a mo wɔ tapes nsase soɔ; Amannɔne ne baabiara a mowɔ no, ma mo nsuro. Biribiara ayɛ yie. Na menim mo ansa na ewiase fapem. Ná menim biribiara a ɛbɛsie.
Ɛnkyɛ koraa, Mereba abɛfa mo de mo akɔ Baabi a owuo nnie, awerɛhoɔ nnie, ahoɔyaa nnie, hwee nni hɔ; Pɛyɛ nkutoo, ɔdɔ a ɛwie pɛyɛ.
Ɛnkɔsi saa berɛ no, mma mo werɛ mmfi da, Me ma mo M’Asɛm mu ahotɔsoɔ, mo YƐ M’ASƐM a adane honam. Sɛ mo hia BIRIBIARA a, ka, afei gye Ɛno di; Ɛyɛ w’apɛgyadeɛ.
Merebɛsoma de Me Nne aberɛ mo bio Kwasiada wei na Makyerɛkyerɛ Ne nyinaa mu akyerɛ mo. Merebɛka akyerɛ mo prɛko bio nnipa ko a moyɛ, baabi a morekorɔ, ɛne sɛnea ɛteɛ wɔ hɔ, mprempren yi ara.
Bra bɛka M’Ayeforɔ ho ɛberɛ a mema wɔbom tena ɔsoro hɔnom Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ, na tie sɛ Menam M’Asɛm so de mo sisi hɔ. 60-0522E Abayɛ #4.
Onubarima Joseph Branham.