25-0511 Abayɛ #2

Nkransɛm: 60-0518 Abayɛ #2

PDF

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ Adehyeɛ Asɔfokuo,

Obibiara ka wo nsateaa, ti wo kra, nya akokoduro. Ɛnnɛ, Yesu Kristo Ayeforɔ no ɛreteɛteamu:

Saa da yi, nkɔmhyɛ wei aba mu wɔ yɛn ani so ankasa.

“Megye di, saa animuonyam nna yi mu baako, sɛ asafo ahodoɔ nkabom kuo no ɛkɔ bɔ mu, na wɔyi Pope foforɔ no firii United States na wɔde no abɛsi hɔ sɛnea nkɔmhyɛ kyerɛ no, afei wɔbɛyɛ te sɛ ohoni ama aboa no.”

Onyame diyifoɔ Ɛnne kaa no Ɔpɛnima da a ɛtɔ so du nkoron wɔ afe apem ahankoron aduonum nan mu, abosome nkoron akyi no, wɔwoo Robert Prevost a seesei wɔfrɛ no Pope Leo XIV. Seesei ɔno ne Romanfoɔ Pope foforɔ. “Sɛ Awurade seɛ nie” aba mu.

Kɔtonima da a ɛtɔ nson wɔ afe apem ahankoron aduanan nsia mu no, Onyankopɔn de Ne diyifoɔ sii Green’s Mill a ɛwɔ Indiana, sɛ ɔde ne dwumadie bɛhyɛ ne nsa, na Wabɔ no dawuro akyerɛ ewiase, wei ne Me bɔfo-somafoɔ hoɔdenfoɔ a ɔtɔ so nson, Me Nne ma ɛwiase. Mo ntie No.

“Ɛberɛ a Awurade Bɔfo no hyiaa me wɔ abɔnten hɔ wɔ Green’s Mill, Indiana, mfie nwɔtwe a abɛsene kɔ no, ɛfiri dii m’akyi ɛberɛ a na meyɛɛ abɔfra no, ɛrekyerɛ anisoadehunu nom, ɛberɛ a mekɔɔ Ne nkyɛn no, Ɔkaa sɛ, “Sɛ wobɛdi nokorɛ a, ama nkorɔfoɔ no gye wo di a, biribiara ɛnnyina mpaebɔ no anim.”

William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn Nne a wɔayi ama ewiase. Odiyifoɔ kokroko a Onyankopɔn Asɛm ba ne hɔ. Sɛnea Asɛm no kyerɛ no, ɔno nkutoo ne Ɔsoro ni a ɔyɛ Onyankopɔn Asɛm asekyerɛni.

Onyankopɔn ankasa nam Ogya Fadum No so buu no bem.

Kɔtonima da a ɛtɔ so nson wɔ afe mpenu ne aduonu num,  SATAN boaa ne Cardinals ano wɔ Sistine Chapel ɛwɔ Rome sɛ wɔnyi  Kristo Asinanmu, ɛma Sɛ Awurade Seɛ nie ɛnhyɛ ma.

Onipa de WISIE FITAA KUMOO na ɛsii ne so dua.

Kristo Ayeforɔ a wɔwɔ wiase nyinaa no ani gye, ɛreteɛteamu, ɛrekeka mu na wɔreyi Awurade ayɛ ɛberɛ a yɛte, na yɛde yɛn ankasa ani ɛhunu, odiyifoɔ no nkɔmhyɛ no a ɛrehyɛ ma.

Ayɛ te sɛ nea yɛrehwɛ sɛ ɛpo kɔkɔɔ no abue wɔ yɛn ani so. Manna mono a ɛtɔ firi ɛwiem. Mmoko ɔpepem pii a wɔrema Ayeforɔ no aduane. Nsuo a ɛfiri Ɔbotan no mu ɛba. Ogya ɛresiane aba ɛrehye Elia afɔrebɔdeɛ.

Nkɔmhyɛ ɛrehyɛ ma da biara. Onyankopɔn bɔhyɛ-Asɛm ɛreda adi wɔ yɛn abrabɔ nom mu. Nneɛma ɛrekɔ so wɔ yɛn ho nyinaa. Ayeforɔ no asiesie Ne ho ɛnam sɛ ɔretie na ɔregye Asɛm no die. Yɛn ne Asɛm no a ayɛ honam no.

Nokorɛ nie, yɛabɛduru. Ɛberɛ no abɛn. Ayeforɔ no ɛregye n’ani ɛna wɔreka wɔn ho bom wɔ ewiase afanaa nyinaa senea ɛbi nsii da.  Odiyifoɔ no ɛrema ayeforɔ no ahotɔsoɔ bio ɛnam sɛ ɔreka akyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ Onyankopɔn adehyeɛ asɔfokuo, ɔman kronkron, nnipa soronko,  wɔn a yɛafrɛ wɔn, yɛayi wɔn, yɛapaw wɔn, na yɛde wɔn asi nkyɛn.

SEESEI YɛYƐ Onyankopɔn Mmamarima ne Mmamaa, a Onyankopɔn Honhom ɛdi yɛn anim; Ɛnyɛ onipa, na mmom ɛnam Honhom no so. Yɛnim, a akyinnyeɛ ho sunsum baako mpo nni mu, YƐYƐ N’AYEFORƆ. Yɛn gyidie ɛreduru ɛsoro foforɔ da biara. Biribiara nni hɔ a ɛrema yɛn agyina anaa sɛ ɛreberɛ yɛn anamɔntuo ase, Onyankopɔn ada no adi na Ɔde ato yɛn akoma ɛne yɛn kra sɛkyɛ.

Ayeforɔ no ahunu nnipasuo mua a yɛyɛ. Yɛwɔ yɛn honhom bɔhyɛ Asase so, yɛkura biribiara mu. Yɛwɔ Ɔsoro asomdwoe, Ɔsoro nhyira, Ɔsoro Honhom.  BIRIBIBIARA YƐ YƐDEA. Yɛresiesie yɛn ho kɛkɛ ama deɛ ɛdi hɔ a Ɔwɔ ma yɛn.

Wɔbɛhyɛn Awurade torobɛnto no, na Kristo mu awufoɔ no bɛdi kan asɔre.

Saa ɔsoro nnipa dua yi bɛsiane aba fam na wɔahyɛ asase so nipadua a wɔahyɛ no animuonyam no, na wɔasesa wɔ ɛberɛtia bi mu, wo bɛbɔ ani ateɛ. Wɔbɛfa yɛn ne wɔn abɔ mu akɔhyia Awurade ɛwɔ ɛwiem.

Ɛda bi paa ni. Ɛberɛ bi paa ni. Ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so de nnipa nsɛmfua aka atenka a  yɛnyinaa yɛwɔ ɛwɔ yɛn kra nom mu. Yɛn akoma nom de mmirika. Ɛnnyɛ yɛn na yɛrema no ayɛ saa, Honhom Kronkron no te sɛ abura nsutire a ɛreworo so wɔ yɛn mu. Ayeforɔ no atwɛn saa berɛ yi ɛfiri Adam nna no mu…NA YƐN NA YƐWƆ HA SEESEI.

Yɛma wo akwaaba. Yɛto nsa frɛ wo. Yɛsrɛ wo. Bra bɛka yɛn ho wɔ ɛberɛ mu nwanwasoɔ paa a ewiase ahunu pɛn, ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn Nne ɛda N’Asɛm adi kyerɛ yɛn Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie: 60-0518 Abayɛ #2.

Onubarima Joseph Branham.

Twerɛnsɛm a wobɛkeken ansa na woatie Nkransɛm no:

Genesis 1:26

Efesofoɔ Etire a ɛdikan

Romanfoɔ 8:19

Galatifoɔ 1:6-9

Hebrewfoɔ Etire Nsia

Yohane 1:17