25-0417 Easter Afe Mpenu Ne Aduonu Num- Awurade Adidie Ne Ɛnan Ase Hohoro Soronko Ɛsom

Nkransɛm: 62-0204 Awurade Adidie

PDF

BranhamTabernacle.org

Dɔfoɔ Kristo Ayeforɔ,

Animuonyam berɛ paa a Ayeforɔ no bɛnya saa Easter nnawɔtwe wei awieɛ. Megye di sɛ ɛbɛyɛ yɛn asetena mu mpɔmpɔnsoɔ no mu baako; ɛberɛ a yɛn werɛ ɛmfi da. Nnawɔtwe awieɛ a ɛdutwam.

Easter biara ayɛ ɛberɛ titire a ɛte saa ma Ayeforɔ no, ɛberɛ a yɛto yɛn apono nom mu ɛma adihɔ denam sɛ yɛredundum yɛn nkitahodie mfidie nom nyinaa ɛne ewiase nnoɔma a ɛtwetwe yɛn adwene, na yɛsan tu yɛn abrabɔ hyɛ Ne nsa kɛkɛ. Ɛyɛ nnawɔtwe awieɛ mua a yɛtu hyɛ Ne nsa wɔ ɔsɔreɛ mu, wɔ ɛberɛ a yɛkasa kyerɛ No ɛda biara , na afei yɛtie N’Asɛm.

Ɔtamfo no ama yɛn adaagyeɛ akɔ abrabɔ mu nnoɔma bebiree so ama atwe yɛn adwene afiri yɛn asetena mu kɔpem sɛ ayɛ den sɛ yɛbɛto ewiase pono mu na yɛakasa akyerɛ No. Mpo nkitahodie mfidie a yɛde tie Asɛm no, Ɔboronsam fa de yɛn ɛmmerɛ kɔ asianeɛ mu.

Nanso nnawɔtwe wei bɛyɛ soronko, na ɛnnyɛ te sɛ Easter nnawɔtwe awieɛ foforo biara a yɛanya pɛn.

Ɛberɛ a Awurade de too m’akoma so sɛ yɛntie Nsɔano no, na menni adwenkyerɛ biara ɛfa sɛdeɛ ɛnna no bɛsie ho. Nanso sɛnea ɛteɛ daa no, Ne berɛ ɛyɛ deɛ ɛwie pɛyɛ. Kwasiada mmienu a atwam no, ɛyɛɛ animuonyam hyɛ maa yɛn sɛ yɛtie Nsɔano a ɛtɔ so Nan no, Ɔkɔdeɛ Mfirinhyia no, ɛwɔ Oforisuo da a ɛtɔ so nsia, ɔdiyifoɔ no awoda; Sɛnea ɛfata.

Nanso seesei, Awurade wɔ nneɛma pii mpo ma yɛn. Sɛnea Mekaeɛ no, ɛberɛ a metee nka sɛ Awurade de ato m’akoma so sɛ me mmɔ Nsɔano Nson no, na menim sɛ ɛde nnawɔtwe bebiree na ɛbɛwie wɔn bɔ no ɛnam sɛ Nkransɛm du na ɛwɔ ntoatoasoɔ no mu.

Ɛberɛ a mehwɛɛ Calendar no so no, mehunuu sɛ Easter baeɛ ansa na yɛbɛwie ntoatoasoɔ no tieɛ no nyinaa. Me dwenee wɔ me mu sɛ, mesusu sɛ ɛsɛ sɛ yɛgyae Nsɔano no tie na Ɔbɛma me Easter Nkrasɛm.

Prɛkopɛ me hunuu…ƐBƐWIE PƐYƐ. Yɛbɛtumi akɔ so abɔ Nsoano nwoma no a yɛrebɔ Nsɔano a ɛtɔ so Nson no Easter Kwasiada anɔpa. Na mentumi nnye nni, ɛne nhyehyɛe no hyia pɛpɛɛpɛ. Ɛhɔ ara na mehunuu sɛ WEI YƐ WO, AWURADE.

M’ani agye yie na mewɔ akwanhwɛ kɛseɛ mu wɔ yɛn Easter berɛ a yɛreka yɛn ho abom na yɛ ne No ahyia. Mehunuu sɛ Ɔno na Ɔyɛɛ nhyehyɛe no maa yɛn.

Ɛne sɛ, sɛ ɛyɛ Awurade pɛ a, yɛbɛkɔ so atie Nsɔano no wɔ yɛn Easter nnawɔtwe awieɛ soronko no nyinaa mu.

YAWOADA

Na ɛyɛ Yawoada anadwo na Awurade Yesu ne N’asuafoɔ no dii anwummere aduane a ɛtwa toɔ, de kaee Twam no ansa no Israel mma akwantuo no. Akwanya paa yɛwɔ sɛ yɛne Awurade bɛdi nkitaho wɔ yɛn afie mu, ansa na yɛn nnawɔtwe awieeɛ kronkron no aba, na yɛasrɛ no sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na ɔmfa deɛ yɛhia wɔ yɛn akwantuo mu no nyinaa mma yɛn.

Ma ɛho kwan, Awurade. Sa ayarefoɔ no yareɛ. Kyekyere wɔn a wɔabrɛ no werɛ. Ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no ani nnye. Fa asomdwoeɛ ma wɔn a wɔabrɛ, aduane ma wɔn a ɔkɔm de wɔn, nsuo ma wɔn a sukɔm de wɔn, anigyeɛ ma wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, tumi ma asafo no. Awurade, ma Yesu mmera yɛn ntam anadwo yi, ɛberɛ a yɛresiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ Awurade adidie a ɛregyina hɔ ama Ne nipadua a abubuo no. Yɛbɔ mpaeɛ, Awurade, sɛ Ɔbɛba abɛsra yɛn wɔ ɔkwan a ɛdutwam so…

Hyira afoforɔnom, Awurade, wɔ ewiase nyinaa, wɔn a wɔde anigyeɛ ɛretwɛn Awurade mmaeɛ no, asiesie ntemaban ano, atwitwi wisie dorobɛn no ho nyinaa, na Asɛmpa no ho hann no ɛrehyerɛn wɔ mmeaeɛ a ɛyɛ sum.

Momma yɛn nyinaa mfiri aseɛ nɔn-nsia anwumerɛ wɔ wo mpɔtam hɔ berɛ na tie Awurade Adidie Nkransɛm 63-02-04 na afei ɔdiyifoɔ no de yɛn bɛwura yɛne Awurade adidie ɛne ɛnan ase hohoro soronko som no, a ɛbɛbɔ wɔ Lifeline app (wɔ Borɔfo kasa mu), anaasɛ wobɛtumi adounloadu ɔsom no wɔ Borɔfo anaa kasa foforɔ mu ɛberɛ a woremia link yi a ɛwɔ aseɛ ha yi.

Nkransɛm no akyire no, yɛne yɛn mmusua bɛbom ahyia wɔ yɛn afie mu na yɛadi Awurade Anwummerɛ Aduane.

EFIADA

Momma yɛne yɛn mmusua nkɔ mpaebɔ mu wɔ anɔpa nɔn nkoron, ɛna afei ɛbio wɔ prɛmtoberɛ, ɛreto nsa aferɛ Awurade sɛ Ɔmɛka yɛn ho na Ɔmfa Honhom Kronkron no nhyɛ yɛn afie mu ma ɛberɛ a yɛretu yɛn ho ahyɛ No nsa no.

Momma yɛn adwene nom mmu nkɔmpɔ nkɔ saa da no wɔ Calvary, bɛyɛ mfie mpem mmienu a atwam no, na yɛnhunu yɛn Agyenkwa no sɛ Ɔsɛn asɛnnua no so, na afei yɛnhyɛ yɛn ho bɔ saa ara sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛsɔ Agya no ani daa.

Na saa da yi, esiane sɛ ɛho hia paa nti, nna a ɛho hia paa no mu baako, momma yɛnhwɛ nneɛma ahoroɔ mmiɛnsa ho asekyerɛ a saa da no wɔ ma yɛn. Yɛbɛtumi afa ɔhaha nom. Nanso, anɔpa yi, mayi nneɛma mmiɛnsa ahoroɔ a ɛho hia a yɛpɛ sɛ yɛhwɛ, wɔ ɛberɛ tia bi a ɛdi hɔ no mu ara kɛkɛ, a Calvary ɛde kyerɛɛ yɛn. Na mebɔ mpaeɛ sɛ ɛbɛbu ɔbɔnefoɔ biara a ɔwɔ hɔ no fɔ; Ɛbɛma ɔhotefoɔ biara akɔ ne nkotodwe anim; Ɛno bɛma ɔyarefoɔ biara ama ne gyidie so akɔ Onyankopɔn nkyɛn, na wasɔre akɔ apɔmudene mu; ɔdebɔneyɛni biara, anya nkwagyeɛ; deɛ wahwe aseɛ biara asan n’akyi, na n’ani awu ne ho; Na ɔhotefoɔ biara, di ahurusie, na ɔtimtim foforɔ ɛne anidasoɔ foforɔ.

Afei prɛmtoberɛ pae mu a, momma yɛnka mmom wɔ yɛn afie mu ntie; 63-03-23 Nsɔano A Ɛtɔso Nsia.

Afei momma yɛnsan nka mmom wɔ mpaebɔ mu wɔ ɔsom no akyi pɛɛ, ɛmfa nkae bɔ a wɔbɔɔ yɛn Awurade asɛndua no.

MEMENEDA

Momma yɛn nyinaa nka mmom bio wɔ mpaebɔ mu anɔpa nɔn nkoron ɛne prɛmtoberɛ, na yɛnsiesie yɛn akoma ma nnoɔma akɛseɛ a Ɔbɛyɛ ama yɛn wɔ yɛn ntam.

Metumi te sɛ Ɔka sɛ, “Satan, bra ha!” Ɔyɛ Boss seesei. Ɔtene Ne nsa, ɛsɔ saa owuo ɛne asamando safoa no ɛfiri ne nkyɛn mu ɛde sɛn Ɔno ankasa nkyɛn mu. “Mepɛ sɛ mebɔ wo kɔkɔ. Wayɛ ohunahunafoɔ akyɛ dodo. Me ne Onyankopɔn teasefoɔ no ba no a wɔwoo no Ɔbabunu no. Me mogya da so ara afɔ wɔ asɛnnua no so, na wɔatua ɛka no nyinaa! Wonni ɛhokwan biara bio. Wɔapa wo ho ntoma. Fa saa nsafoa no ma me!”

Afei prɛmtoberɛ paemu a, yɛn nyinaa bɛbom atie ASƐM no: 63-03-24M Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ A Ɛfa Nsɔano No Ho.

ƐDA KƆKƆƆ paa a saa da yi ɛrebɛyɛ ama N’Ayeforɔ a wɔwɔ wiase afannaa nyinaa.

Afei, moma yɛnsan nkamom wɔ mpaebɔ mu wɔ ɔsom no akyi pɛɛ.

KWASIADA

Moma yɛnni kan nsɔre ntɛm te sɛnea Onuabɛɛma Branham yɛɛ anɔpa a n’adamfo ketewa no, Robin, ɛnyanee no ahemakye nɔn num. Moma yɛnna Awurade ase kɛkɛ sɛ Wanyane Yesu afiri awufoɔ mu.

Anɔpa yi nnɔnnum, m’adamfo ketewa a ne bo ntakra kɔkɔɔ no tu bɛgyinaa mpoma no so ɛna ɔnyanee me. Ɛkɔ yɛɛ sedeɛ n’akoma ketewa no ɛbɛpae, ɔreka sɛ, “Wasɔre.”

Ɛbɔ anɔpa nɔn nkoron ɛne prɛmtoberɛ a yɛnka mmom prɛkopɛ bio wɔ yɛn mpaebɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu, ɛrebɔ mpaeɛ ma yɛn ho yɛn ho na yɛresiesie yɛn ho atie Onyankopɔn Nne

Prɛmtoberɛ pae mu a, yɛbɛbɛhyia mu atie yɛn Easter Nkransɛm: 63-03/24E Nsɔano A Ɛtɔ So Nson No.

Ɛbɔ nɔn mmiɛnsa a, momma yɛnsan nka mmom wɔ mpaebɔ mu bio, ɛreda N’ase wɔ NAAWƆTWE AWIEƐ NWANWASOƆ A ƆDE AMA YƐN ƐNE ƆNO ƐNE N’AYEFORƆ A WƆWƆ EWIASE AFANNAA NYINAA.

Ɛkɔ ma me nua mmarima ne mmaa a wɔwɔ amannɔne no, ɛte sɛ afe a ɛtwaa mu no, mɛpɛ sɛ mɛto nsa afrɛ wo sɛ wo ne yɛn nkamom wɔ Jeffersonville berɛ mu, wɔ mpaebɔ mmerɛ no nyinaa a ɛwɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu no. Mmom, me hunu sɛ yɛrebɔ Tapes no wɔ Yawoada, Efiada ɛne Memeneda awia wɔ Jeffersonville berɛ mu no bɛyɛ den ama mo mu dodoɔ no ara, ɛnti mɛsrɛ sɛ momɔ saa Nkransɛm wɔ ɛberɛ a ɛyɛ ma mo mu. Nanso, mɛpɛ sɛ yɛn nyinaa yɛbɛka abom Kwasiada prɛmtoberɛ apae mu ɛwɔ Jeffersonville berɛ, na yɛtie yɛn Kwasiada Nkransɛm no abom.

Mepɛ nso sɛ mɛto nsa afrɛ wo ne wo mma sɛ mode mo ho bɛhyɛ adebɔ nwumadie no, dabiara atwerɛtwerɛ ɛne YF quizzes, a w’abusua no nyinaa bɛtumi abom anya mu anigyeɛ. Yɛdwene sɛ w’ani bɛgye ho sɛdeɛ wɔn nyinaa gyina ASƐM no a yɛbɛtie nnawɔtwe yi awieɛ no so.

Sɛ wopɛ nnawɔtwe yi awieɛ nhyehyɛeɛ no nsɛnkaeɛ a ɛfa ahosiesie a wɔyɛ ma Awurade Adidie som no ho a, nneɛma a ɛbɛhia ama adebɔ ho nnwumadie no, Easter Quizzes, ne amanebɔ afoforɔ a, hwɛ links a ɛwɔ aseɛ hɔ no.

Moma yɛnumnum yɛn nkratofidie nom ɛma Easter nnawɔtwe awieɛ yi gyesɛ wode ɛretwa mfonini, ɛde tie N’anum Asɛm Ɛnnɛ Da Yi, anaa sɛ wode ɛrebɔ Tapes afiri Table app, Lifeline app, anaasɛ downloadable link.

Ɛyɛ nidie a ɛte saa ma me sɛ mɛto nsa afrɛ wo ne w’abusua sɛ ɛne Ayeforɔ a wɔwɔ ewiase afannaa nyinaa nkamom wɔ nnawɔtwe awieɛ a ƆSƆREƐ, AYƐYIE, ƐNE AYARESA AHYƐ MU MA. Megye di sɛ ɛyɛ nnawɔtwe awieɛ ampa a ɛbɛsesa w’abrabɔ afebɔɔ.

Onuabɛɛma Joseph Branham .