Me Dɔfo Ɔsoro Hemaa,
Mewɔ nneɛma pii wɔ hɔ ma wo Kwasiada wei. Ɛdikan no, wobɛte aprannaa a ɛrebɔ mu. Ɛbɛyɛ me Nne, Onyankopɔn Nne a Ɔrekasa kyerɛ wo, M’Ayeforɔ. Merebɛda M’Asɛm adi akyerɛ wo sɛnea ɛbi nsii da. Wobɛhu Me, Adwamaa a mogya apiram no a na wɔakum no firi ewiase fapem no, sɛ Ɔfa nwoma no na Ɔbue mu, tete Nsɔano no ano, na Ɔde soma siane kɔ asase so, kɔmaa Me bɔfo somafoɔ a ɔtɔ so nson, William Marrion Branham, sɛ ɔnna no adi nkyere MO ahintansɛm no a wɔde asie ɛfiri ewiase fapem no!
Mo bɛte nteateamu, nkekamu, ne hallelujah nom afiri wiase afanaa nyinaa ɛberɛ a Me kasa kyerɛ mo no. Gyata no bɛbobom; Ngosra no, tumi no, animuonyam no, ɛda ne ho adie no bɛyɛ deɛ wontumi nkyerɛkyerɛ mu. Mo, Me Hemaa, bɛbom atena ɔsorosoro hɔnom ɛberɛ a Mekasa kyerɛ mo na mema mo Ohwim mu Gyidie.
Kae sɛ, ɛsɛ sɛ wonya saa gyidie a ɛberɛ bi wɔde maa ahotefoɔ no. Meka kyerɛɛ mo, ɛsɛ sɛ motie Me bɔfoɔ a mesoma brɛɛ mo no.
Ɔno na ɛwɔ sɛ “ɔsan de mmɔfra no Gyidie san bɛsi Agya no deɛ no.” Mfitisseɛ Bible Gyedie no, ɛwɔ sɛ ɔbɔfoɔ a ɔto so nson no san de bɛsi hɔ.
M’asɛm ka kyerɛ mo, ɛwɔ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so Nson no Nne nna no mu no, ne nne nyegyeɛ ɛrekɔ so no, ɛrebɔ Asɛmpa torobɛnto no; ɛwɔ sɛ ɔwie Onyankopɔn ahintansɛm no nyinaa. Adeɛ baako ntumi mmɛka ho na biribiara nni hɔ a wɔbɛyi afiri deɛ mekaa wɔ tapes no so; Ka deɛ Menam Me bɔfo somafoɔ no so kaaeɛ kɛkɛ. Ɛno nti na memaa wɔtwe guu ahoma so no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi a PRESS PLAY kɛkɛ na woatie deɛ Mekaeɛ no pɛpɛɛpɛ, ɛne sɛnea Mekaaeɛ. Ɛbɛma wo Ohwim mu Gyidie.
Me dɔfo Hemaa, wɔ M’ani so no, woyɛ obi a ampaniampaa, turodoo bɔne nni wo mu wɔ M’anim. Ɛnha wo ho, wo nkɔ ahohiahia no mu; ɛfiri sɛ woagye Me Mogya, M’asɛm, Me bɔfoɔ, Me Nne, ɛkyerɛ sɛ bɔne ko koraa nni wo ho wɔ M’anim.
Mewɔ nneɛma akɛseɛ a ɛte saa wɔ hɔ ma wo. Wohu M’asɛm a ɛreda adie wɔ w’ani so ɛdakoro biara. Me de nsɛnkyerɛnne agu ɛwiem ɛkyerɛ mo sɛ biribi ɛreba abɛsi. Mereba, siesie wo ho. Ma M’asɛm, Me Nne, ɛni kan wɔ w’abrabɔ mu.
Fa biribiara to nkyɛn, biribiara nni hɔ a ɛho hia kyɛn M’asɛm. Menim sɛ ɔtamfo no ɛrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wo abu wo ho abomfea, nanso Mehyɛɛ wo bɔ sɛ mɛma wo so. Me ne wo ɛwɔ hɔ, wɔ WO MU mpo. Wo ne Me ɛreyɛ baako ɛberɛ a meda M’asɛm adi kyerɛ wo no.
Wonim wɔ w’akoma mu, wo yɛ M’ayeforɔ-Hemaa. Wonim sɛ meyii wo too hɔ. Wonim sɛ medɔ wo. Wonim sɛ me ne wo wɔ hɔ anibɔ biara mu ɛda biara. Wonim sɛ MENYA WO HƆ DA.
Yɛbɛnya ɛberɛ nwanwasoɔ pii wɔ ɛberɛ a MedA bebiree adi kyerɛ wo Kwasiada biara, ɛda biara, ɛberɛ a wote sɛ Menam Me bɔfoɔ so ɛkasa kyerɛ wo. Ɛbia afoforɔ ɛnte aseɛ anaa wɔnhunu deɛ wo hunu, nanso ato sɛkyɛ wɔ w’akoma mu sɛ wei ɛne Me Kwan a M’ayi ato hɔ no.
Dwanekɔbea paa a Mede ato hɔ ama wo. Wobɛtumi Amia Play kɛkɛ ɛberɛ biara, adekyeɛ anaa adesaeɛ, na woate sɛ Mekasa kyerɛ wo. Mede awerɛkyekyerɛ bɛba wo kra mu ɛberɛ a Meda M’Asɛm adi na meka onipa ko a woyɛ kyerɛ wo no. Nkrasɛm biara yɛ wo dea, na wo nko ara. Yɛbɛtumi abom abɔ fekuo na yɛayɛ ɔsɔreɛ ɛberɛ biara a wopɛ.
Kwasiada prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, Ayeforɔ no fã bi bɛboa wɔn ano afiri ewiase afanaa atie sɛ wɔreda saa ahintansɛm akɛseɛ yi adi. Meto nsa frɛ wo sɛ bra bɛka yɛn ho ɛwɔ ɛberɛ a yɛtie Nkransɛm a ɔkaa no Ɔbɛnem bosome no ne da a ɛtɔ so du nwɔtwe wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu- “Nsɔano A Ɛdikan”.
Onuabarima Joseph.
Twerɛnsɛm a wobɛkeken de asiesie wo ho atie Nkransɛm no:
Ɔhoteni Mateo 10:1 / 11:1-14 / 24:6 / and 28:19 .
Ɔhoteni Yohane 12:23-28.
Asomafoɔ No Nnwuma 2:38 .
2 Tesalonikafoɔ 2:3-12 .
Hebrifo 4:12.
Adiyisɛm 6:1-2 / 10:1-7 / 12:7-9 / 13:16 / 19:11-16 .
Malaki Ɛtire 3 ne 4 .
Daniel 8:23-25 / 11:21 / 9:25-27.