Nkransɛm: 61-0806 Daniel Nnawɔtwe A Ɛtɔso Aduɔson No
Adɔfoɔ a wɔwɔ Akwanhwɛ ne Atwɛneyɛ mu,
Ahosɛpɛ bi wɔ Ayeforɔ no ntam te sɛnea ɛbi nsii da. Yɛwɔ animhwɛ kɛseɛ mu; Y’ɛahofadie afe no ɛreba abɛwie du. Ayeforɔ no atwɛn ɛmerɛ tenten saa sɛ saa da yi bɛba. Amanaman-mu- foɔ mmeresantene no aba awieɛ na ɛnkyɛ na yɛn ne yɛn Awurade nkwanna a ɛnni awieɛ no bɛfiri aseɛ
Yɛrenya nteaseɛ wɔ ɛberɛ a yɛwɔ mu yi ɛnam asɛm a yɛretie no so. Ɛberɛ aba awieɛ. Ohwim berɛ no abɛn. Yɛaduru. Honhom Kronkron no aba na wada adi akyerɛ N’Ayeforɔ no nneɛma akɛseɛ a ɛmu dɔ, a ahinta no nyinaa.
Yɛwɔ ahoyerayera mu, ɛrehwehwɛ Onyankopɔn; ɛresiesie yɛn ho. Yɛato wiase yi mu nneɛma nyinaa agu. Ɔbra yi mu adwendwene ɛnkyerɛ hwee mma yɛn. Yɛn gyedie akɔduru ɛsoro mpɛnpɛnsoɔ a ɛbi mmaa da. Honhom Kronkron no ɛrema N’Awuraa a wɔayi no no ohwim gyedie, sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi aba abɛfa no akɔ.
Saa nnawɔtwe aduosia nkron yi bɔ ano pɛpɛɛpɛ; Yudafoɔ no nkɔyɛ no bɔ ano pɛpɛɛpɛ; Asafo mfirinhyia no bɔ ano pɛpɛɛpɛ. Yɛ wɔ awieɛ berɛ no, awieɛ berɛ, Laodikea asafo mfirinhyia no, n’awieɛ. Nsoromma abɔfoɔ no nyinaa aka wɔn nkransɛm. Anyakɔ. Yɛrekɔ kɛkɛ.
Hwɛ abirabɔ berɛ bi a yɛwɔ mu. Ɛyɛ ɛberɛ a ɛmu yɛ den kɛse paa a ɔtamfo no ɛretohyɛ obiara so te sɛnea ɛbi nsii da no. Ɔreto deɛ ɔwɔ nyinaa agu yɛn so. Ɔwɔ ahoyerayera mu, ɛfirisɛ ɔnim sɛ ne berɛ aba awieɛ.
Nanso saa berɛ korɔ pɛpɛɛpɛ no ara mu no, yɛnnyaa anigyeɛ a ɛkyɛn sei wɔ yɛasetena mu da.
- Yɛmmɛn Awurade sei da.
- Honhom Kronkron no hyɛ yɛn nipadua akwaa no mu babiara ma.
- Ɔdɔ a yɛwɔ ma N’asɛm no nyɛɛ kɛseɛ sei da.
- Yɛn adiyie wɔ N’asɛm mu no hyɛ yɛn kra ma.
- Yɛde Asɛm no ɛredi ɔtamfo biara so nkonim.
Na, yɛnnyaa ahotɔsoɔ wɔ nipasuo a yɛ yɛ ho sei bi da:
- NHYƐTOHƆ.
- OYITOHƆ .
- WƆN A WƆAYI WƆN .
- ADEHYEƐ ABA .
- AKOMAMU TƆFE
- DAA NKWA, ATAADE-FITAA, OWURAYERE JÉSUS, TAPE TIE, DEƐ ƐHYERƐN, AYEFORƆ BAABUNU, HONHOM AHYƐ MA, DEƐ OBI NTUMI NNI NE SO NKUNIM, ABAYƐ, DEƐ YƐNFRAFRAA MU, ASƐM BAABUNU AYEFORƆ.
Ɛdeɛn na ɛdi hɔ a ɛreba? Ɛboɔ no reba. Yɛrehwɛ, yɛretwɛn na yɛrebɔ mpaeɛ wɔ simma biara mu da biara. Biribi foforɔ biara nni hɔ a ɛho hia gye sɛ yɛresiesie yɛn ho ama Ne mmaeɛ no.
Ɛnyɛ, “yɛwɔ anidasoɔ sɛ”, YƐNIM. Akyinnyegyeɛ biara nni ho bio. Wɔ ɛbere tiaa bi mu no, wɔ anibɔtɛtɛ so na aba awieɛ, na yɛ ne Ɔno ɛne yɛn adɔfoɔ nyinaa bɛduru ɔfã foforɔ no wɔ yɛn Ayeforɔhyia Anwummere Adidie ase.
NA ƐNO YƐ MFITIASEƐ KƐKƐ…..NA AWIEƐ BIARA NNI HƆ!!
Bra bɛsiesie wo ho ka yɛn ho ma saa Ayeforɔhyia Anwummerɛ Adidie Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a Onyankopɔn nam Ne bɔfo-hoɔdenfoɔ so ɛrekasa, deɛ Ɔsomaa no sɛ ɔnkɔdi N’Ayeforɔ anim, ɛberɛ a ɔka, na ɔda Onyankopɔn asumasɛm nyinaa adi.
Onubarima Joseph Branham .
Nkrasɛm a ɔkaa no Ɔsanna Bosome no ne da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankoron aduosia baako mu.
“ -Daniel Nnawɔtwe A Ɛtɔ So Aduɔson No “.