Dɔfoɔ Adehyeɛ Abusua,
Beaeɛ BAAKO pɛ na ɛwɔ hɔ a wɔasi no pi a wobɛtumi akɔtie sɛ Awurade nam Ne bɔfoɔ so na Ɔka kyerɛ wo, “Ɛberɛ biara monkae, moyɛ Onyankopɔn mma, Adehyeɛ Abusua a mowɔ Adehye Mogya. Mogya papa biara nni wiase a ɛkyɛn mo deɛ. Moyɛ Me mma, a ato apete wɔ asase so, a mawo ama Kristo.
Yɛyɛ Onyankopɔn Adehyeɛ Abusua a Adehye Mogya retene wɔ yɛn ntini mu. Mmɔfra a ɛnam Onyankopɔn Nne a ɛnam Ne diyifoɔ hoɔdenfoɔ a ɔrekasa so awo wɔn ama Kristo. Ɛrentumi nyɛ papa nkyɛn saa me nnamfonom.
Onuabarima Branham, ɛho bɛhia sɛ Ayeforɔ no tu kɔtena Jeffersonville anaa Arizona na ama wɔn akɔ Ohwim no mu anaa?
“Mmienu bɛda mpa so; Mɛfa baako na magya baako; na mmienu wɔ afuo mu, na Mɛfa baako na magya baako.” Moahu? Enti ebia wɔn…Wɔ wiase nyinaa no, wɔremmoa wɔn ano wɔ baabi baako sɛ wɔbɛnya nneɛma korɔ. Mmom wɔn mu akuo nketewa bɛpete asase so nyinaa.
Enti honam fam no, yɛrentena baabi baako ɛberɛ koro mu. Nanso animuonyam nka Onyankopɔn, Na Ɔwɔ nhyehyɛeɛ kɛseɛ mpo sɛ Ɔbɛka N’Ayeforɔ no abom.
Yɛbɔ mpaeɛ ma nsɔrensɔre ɛne asafomma a wɔn aboaboa wɔn ano atwa ɛ—ɛ—ɛ akasamu nketewa no ho ahyia ɛfiri ɔman no mu, ɛkɔ ara kɔsi Atɔeɛ Mpoano, foro kɔ Arizona mmepɔ no so, ɛsiane ba Texas mpaperɛ so, kɔwura Apueeɛ Mpoano, wɔ ɔman no mu nyinaa, Awurade, baabi a wɔn aboa wɔn ano. Nnɔnhwere pii da wɔn ntam, yɛwɔ ɛberɛ mu, nanso, Awurade, yɛaboa yɛn ano abom anadwo yi sɛ ɛkoro bafua, agyidifoɔ, a wɔretwɛn Messiah no Mmaeɛ no.
Ɛnnɛ, ɛnyɛ sɛ Ɔreboaboa N’Ayeforɔ ano afiri ɔman yi mu nko ara, mmom Ɔreboaboa YƐN ano afiri ewiase asasetam nson no so. Ɛfiri Afrika kɔsi Antarctica. North America ne South America, Asia, Australia ɛne Europe. Ɔreboaboa ɛna Ɔreka N’Ayeforɔ no abom sɛ ƐKORO BAFUA ama wɔn atie Onyankopɔn Nne.
Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ asɔre; mpo baabi a wɔkyerɛkyerɛ Asɛm no fã, KƆSI sɛ yɛbɛtumi anya asɔre bi a wɔkyerɛkyerɛ ASƐM MUA NO NYINAA. Ayɛyie nka Onyankopɔn afei Ayeforɔ no ahunu saa beaeɛ no, Onyankopɔn Nne a ɛwɔ Tape so no ɛne ASƐM MUA NO NYINAA.
Sɛ́ wowɔ wo Fie Tape asɔre mu, w’asɔre a mmusua pii ahyia wɔ ɛmu, anaasɛ apata bi ase wɔ kwaeɛ biretuo mu wɔ Amazon anaa Africa, baabibiara a wobɛtumi Apresse Play atie Onyankopɔn Nne sɛ Ɛkasa ano gu aso mu kyerɛ wo, wo bɛwɔ ASƐM MUA ASƆRE mu.
Yɛahunu saa Asɛm mua asɔre no na yɛto nsa frɛ mo sɛ mommɛka yɛn ho Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu ɛberɛ a yɛtie Nsɛmmisa Ne Mmuaeɛ #4 64-0830E
Onuabarima Joseph Branham.