Nkransɛm: 61-0730M Gabriel Nkyerɛkyerɛ A Ɔde Maa Daniel
Adɔfoɔ A Mo Wɔ Botaeɛ,
Awɔ berɛ nwanwasoɔ bi a yɛanya ɛberɛ a yɛsuaa Asafo Mfirinhyia Nson no, na afei Onyankopɔn rema yɛn adiyie bebiree mpo wɔ Yesu Kristo ho Adiyie nwoma no mu. Sɛnea Adiyisɛm ɛtire mmiɛnsa no a ɛdikan no, na ɛyɛ Asafo Mfirinhyia no, na afei sɛnea wɔmaa Yohane so kɔɔ soro wɔ ɛtire nan ne ɛnum a ɛrekyerɛ yɛn nneɛma a na ɛrebɛba no.
Ɛwɔ ɛtire a ɛtɔ so nsia no mu no, ɔdaa sɛdeɛ Yohane sianee baa fam bio sɛ ɔbɛhunu nneɛma a na ɛrekɔ so a ɛbɛfiri ɛtire a ɛtɔ so nsia akɔpem Adiyisɛm ɛtire du nkoron no so.
Sɛnea ayeforɔ no bɛyɛ nhyira Kwasiada ɛberɛ a yɛtie Onyankopɔn nne ɛnam Ne bɔfo-hoɔdenfoɔ a ɔto so nson no so ɛkasa na Ɔka deɛ ɛdi hɔ a ɛrebɛda adie no.
M’ani agye yie sɛ mebɔ amanneɛ sɛ afei yɛbɛhyɛ Daniel Nnawɔtwe Aduɔson No ho adesua kɛseɛ no ase. Ɔdiyifoɔ no kaa sɛ ɛne Nkransɛm nkaeɛ no bɛbɔ mu ansa na yɛatumi akɔ Nsoano Nson no mu; Totrobɛnto Nson; Amanehunu Mmiɛnsa; ɔbaa no ɔwɔ awia no mu no; Wɔretutu Ɔbonsam kɔkɔɔ no; Ɔha ne aduanan nan foɔ a wɔasɔ wɔn ano frenkyemm no; Ne nyinaa si wɔ saa berɛ yi ntam.
Daniel nwoma no yɛ kalenda pɔtee ma mfirinhyia ne ɛberɛ a yɛwɔ mu yi, na ɛmfa ho ne nwonworann a ɛbɛsi ayɛ no, Onyankopɔn bɛpaapae mu nkumaa na wama no ayɛ sima ama yɛn.
Na Onyankopɔn nim sɛ ɛno ne deɛ merehwehwɛ saaberɛ yi, sɛnea ɛbia mɛkyekyere Ne nkorɔfoɔ werɛ na maka deɛ aduru soɔ akyerɛ wɔn, wɔn a wɔwɔ ha anɔpa yi, ɛne wɔn a wɔ wɔ akyiri nsaase a Tapes weinom bɛkorɔ, ɛwiase afannaa, sɛ yɛwɔ awieɛ berɛ no.
Yɛyɛ Onyankopɔn nnipa a yɛayi wɔn a wɔn kɔn dɔ na wɔ bɔ mpaeɛ ma saa da no ɛne saa dɔn no. Na y’ɛani kyerɛ Ɔsoro, na yɛrehwɛ Ne Mmaeɛ no kwan.
Momma yɛn nyinaa nyɛ te sɛ Daniel na yɛmfa y’ɛanim nkyerɛ Ɔsoro, wɔ mpaebɔ ne nkotosrɛ mu, sɛnea yɛnim sɛ ɛnam asɛm no akenkan soɔ ɛne Ne nne tieɛ so no, Awurade mmaeɛ no ɛrebɛn ntɛmntɛm; Yɛ wɔ awieɛ no.
Boa yɛn Agya ma yɛnto adesoa biara, bɔne biara, annyeanie kumaa biara a ɛyɛ merɛ sɛ ɛbɛsi yɛn kwan biara ngu. Afei momma yɛmpem nkɔ ɔsoro frɛ botaeɛ no so, a yɛnim sɛ yɛn mmerɛ sua.
Yɛabɔ Nkransɛm no ho dawuro. Biribibiara ayɛ krado saaberɛ yi; Yɛretwɛn na yɛregye yɛn ahome. Wɔasɔ Asafo no ano frenkyemm. Atrimuɔdenfoɔ reyɛ atirimuɔdensɛm bebiree. Nsɔre no yɛ ara na wɔreyɛ nsɔre, nanso W’ahotefoɔ ɛretwebɛn wo.
Yɛwɔ ɛnne bi a ɛreteamu firi ɛserɛ no so, ɛrefrɛ nkorɔfoɔ no san de wɔn ba mfitiase Nkransɛm no so; Ɛsane ba nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho. Yɛnam adiyie so nya nteaseɛ sɛ saa nneɛma yi ɛrekɔ so.
Bra bɛka yɛn ho Kwasiada wei prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a Onyankopɔn da N’asɛm adi kyerɛ yɛn ɛberɛ a yɛhyɛ yɛn adesua kɛseɛ a ɛfa Daniel nwoma no ho ase.
Onuabarima Joseph Branham .
Nkransɛm a ɔkaa no Kitawonsa bosome no ne da a ɛtɔ so aduasa afe apem ahankoron aduosia baako mu- Gabriel Akwankyerɛ A Ɔde Maa Daniel.