24-1222 Onyankopɔn Akyɛdeɛ a Wakyekyere Ho

Nkransɛm: 60-1225 Onyankopɔn Akyɛdeɛ a Wakyekyere Ho

BranhamTabernacle.org

Ɔdɔfoɔ Owurayere YESU,

Oh Nyame Adwamaa, Wo ne Onyankopɔn Akyɛdeɛ kɛseɛ a wakyekyere de ama ɛwiase. Woama yɛn Akyɛdeɛ mu kɛseɛ a wɔde ama pɛn, Wo-ankasa wo ho. Ansa na Wobɔɔ nsoromma a ɛdi kan no, ansa na wobɔɔ asase, bosome, owia nhyehyɛeɛ no, na Wonim yɛn na Wo yii yɛn sɛ yɛnyɛ W’ayeforo. 

Saaberɛ no a Wohunuu yɛn no, Wodɔɔ yɛn. Na yɛyɛ Wo honam mu honam, Wo dompe mu dompe; na yɛyɛ Wo fã bi. Sɛnea Wodɔɔ yɛn na wopɛɛ sɛ Wo ne yɛn bɛbɔ fekuo.  Wopɛɛ sɛ wo ne yɛn kyɛ Wo Daa Nkwa. Na yɛnim saa berɛ no, sɛ yɛbɛyɛ Wo Owurayere YESU.

Wohunuu sɛ yɛbɛdi ntwo, ɛnti na ɛsɛ sɛ Woma ɔkwan bi a wobɛfa so asan de yɛn aba. Na yayera a na yɛnni anidasoɔ. Na ɔkwan baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, Na ɛsɛ sɛ wobɛyɛ “Abɔdeɛ Foforɔ”. Na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ne onipa bɛyɛ Baako. Na ɛsɛ sɛ wobɛyɛ yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi abɛyɛ Wo. Enti, Wo hyɛɛ Wo nhyehyɛeɛ kɛseɛ no ase mfie mpempem a atwam wɔ Eden turo mu.  

Ayɛ Wo pɛ paa sɛ wobɛka yɛn ho, W’asɛm a ɛwie pɛyɛ Ayeforɔ, nanso na wonim sɛ ɛsɛ sɛ wo dikan san de yɛn kɔ deɛ na ayera wɔ mfitiaseɛ no nyinaa mu.  Wotwɛneɛ na wotwɛneɛ na wotwɛneɛ de besii ɛnnɛ da yi sɛ wobɛwie Wo nhyehyɛeɛ no. 

Ɛda no aduru. Saa ɛkuo ketewa a Wohunuu no mfitiaseɛ no wɔ ha.  W’akoma mu tɔfe a ɔdɔ Wo ne W’asɛm kyɛn biribiara.

Na,, ɛberɛ aso sɛ Wobabɛda Wo ho adi wɔ onipa honam mu sɛnea Wo ne Abrahamyɛɛeɛ no, ɛne sɛnea Woyɛɛeɛ ɛberɛ a Wobɛyɛɛ Abɔdeɛ foforɔ no.  Sɛdeɛ Wo kɔn asi adɔ saa da yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtumi ada W’ahintasɛm akɛseɛ a wɔde asie firi ɛwiase fapem no nyinaa adi akyerɛ yɛn. 

Wode W’Ayeforɔ hoahoa wo ho paa. Sɛnea W’ani gye ho sɛ wode No bɛkyerɛ na woaka akyerɛ Satan sɛ, “Ɛmfa ho ne nea wobɛbɔ mmɔden biaaa sɛ wobɛyɛ ɔɔmo no, ɔɔmo nhinhim; ɔɔmo ngo ɔɔmo mmudie mu wɔ M’asɛm, Me Nne mu.  Wɔyɛ M’ASƐM A ƐWIE PƐYƐ AYEFORƆ” Ɔɔmo ho yɛ Me fɛ yie. Hwɛ ɔɔmo kɛkɛ! Wɔ ɔɔmo nsɔhwɛ ne sɔhwɛ nyinaa mu no, wɔkɔ so gyina nokorɛ mu wɔ M’asɛm so.  Mɛma ɔɔmo akyɛdeɛ afebɔɔ. Deɛ meyɛ nyinaa, mede ma wɔn. YƐBƐYƐ BAAKO.

Dodoɔ a yɛbetumi aka aaa ne sɛ: “YESU, YƐDƆ WO. Ma yɛnma Wo akwaaba mmra yɛn fie. Ma yɛnsra Wo na yɛmfa yɛn nisuo nhohoro na yɛnfe Wo nan ho. Ma yɛnka sɛnea yɛdɔ Wo no nkyerɛ Wo.”

Nea yɛyɛ nyinaa, yɛde ma Wo YESU. Ɛno ne yɛ’akyɛdeɛ ma Wo YESU. Yɛdɔ Wo. Yɛtontom Wo. Yɛsom Wo. 

Meto nsa frɛ mo mu biaaa sɛ ɔmmɛka yɛn ho Kwasiada prɛmtoberɛ, wɔ Jeffersonville berɛ mu, na momma YESU akwaaba mmra mo fie, mo-asɔre mu, mo kar mu, baabi-biara a mobɛtena, na monnye Akyɛdeɛ kɛseɛ a wɔde ama onipa pɛn; Onyankopɔn ankasa  a Ɔne wo ɛɛkasa na ɔne wo ɛɛbɔ fekuo.

Onua Barima Joseph Branham.

60-1225 Onyankopɔn Akyɛdeɛ a Wakyekyere Ho.