24-1208 Laodikea Asafo Mfirinhyia No

Nkransɛm: 60-1211E Laodikea Asafo Mfirinhyia No

BranhamTabernacle.org

Adɔfoɔ a Wɔayi Wɔn,

Hwɛ, megyina ɔpono no ano na mebɔ mu, sɛ obi te Me nne na obue ɔpono no a, mɛba ne nkyɛn na me ne no adidi, na ɔne Me nso adidi.

Ɔsom dwumadie, bue w’apono ma Onyankopɔn bɔfoɔ ansa na aka akyiri dodo. Mo nsane mo akyi mfa Onyankopɔn Nne no nsan hyɛ mo asɛnkadua no mu ɛnam tape bɔ so. Ɛyɛ Onyankopɔn Nne koro pɛ a wɔabu no bem ama yɛn da yi a ɛwɔ Nsɛm a mfomsoɔ biara nni ho. Ɛyɛ Ɛnne koro pɛ a ɛwɔ Sɛnea Awurade Seɛ Nie. Ɛno nko ara ne Ɛnne a Ayeforo no nyinaa bɛtumi aka  AMEN wɔ soɔ.  

Ɛyɛ aberɛ nyinaa mu mfirinhyia kɛseɛ paa. Yesu de Ne ho nkyerɛkyerɛmu ɛrema yɛn ɛberɛ a N’adom nna no ɛrekɔ n’awieɛ. Ɛberɛ adu awieɛ. Wada Ne su pɔtee ankasa adi akyerɛ yɛn wɔ saa mfirinhyia a ɛtwa toɔ yi mu. Wama yɛn adehwɛ a ɛtwa toɔ wɔ Ɔno ankasa adom ɛne Ne Nyame pɔn no ho. Saa mfirinhyia yi ne Ɔno ankasa ho adiyie tiboɔ.

Onyankopɔn baa Laodikea berɛ yi mu na Ɔbɛfaa onipa honam so kasaaeɛ. Wɔatwe Ne Nne agu ahoma so na wɔde asie sɛ ɛbɛdi N’asɛm Ayeforo anim na ama n’awie pɛyɛ. Tiawa mu no, Ɛnne foforo biara nni hɔ a ɛbɛtumi ama N’ayeforo awie pɛyɛ gyesɛ Ɔno ankasa Nne.

Ɛwɔ saa berɛ a ɛtwa toɔ yi mu no, wɔde Ne Nne a ɛwɔ Tape nom so no ato nkyɛn; wɔayi afiri nsɔrensɔre no mu. Wɔremmɔ Tape nom no kɛkɛ. Enti Onyankopɔn see, “Meekɔ atia mo nyinaa. Mɛfe mo afiri M’ano mu. Awieɛ no nie.” 

“Nson mu mfirinhyia nson, menhunuu hwee sɛ nnipa a wɔbu wɔn ankasa asɛm sene Me deɛ. Enti saa mfirinhyia yi awieɛ no merebɛfe mo afiri M’ano mu. Ne nyinaa aba awieɛ. Ɛyɛ Merebɛkasa. Aane, mewɔ ha wɔ Asafo no ntam. Onyankopɔn Amen no, ɔnokwafo ne deɛ yɛgye no die no bɛda Ne ho adi na ƐBƐNAM ME DIYIFOƆ SO.”

Sɛnea na ɛteɛ kane no, wɔreyɛ wɔn ntotoeɛ sɛdeɛ yɛnim sɛ wɔbɛyɛ no te sɛ deɛ wɔn agyanom yɛɛeɛ wɔ Ahab nna no mu no. Na’ wɔn dodoɔ yɛ ahannan na wɔn nyinaa yɛɛ adwene korɔ; na ɛnam sɛ wɔn nyinaa ɛreka asɛm korɔ no, wɔmaa nkurɔfoɔ no yɛɛ nkwasampafoɔ. Nanso odiyifoɔ BAAKO, BAAKO PƐ, na na ɔyɛ nokorɛ na nkaeɛ no nyinaa ati ɛfiri sɛ na Onyankopɔn de adiyie no ahyɛ ƆBAAKO NKUTOO nsa.

Wei ɛnkyerɛ sɛ ɔsom nwuma nyinaa yɛ atorɔ na ɛredaadaa nkurɔfoɔ no. Saa ara nso na menka sɛ ɔbɛɛma a ɔwɔ ɔfrɛ sɛ ɔnyɛ ɔsom adwuma ntumi nka asɛm anaa ɔnkyerɛkyerɛ.  Mereka sɛ NOKWARE som nwuma nnum no de TAPES NO, Onyankopɔn Nne ma Ayeforɔ no, bɛsi hɔ sɛ Ɛnne a ɛho hia paa a ƐSƐ SƐ WOTIE. Ɛnne no a ɛwɔ  tape nom so no ne Ɛnne NKUTOO a Onyankopɔn ankasa agye atom sɛ ɛyɛ Sɛnea Awurade Seɛ.

Monhwɛ yie wɔ atorɔ adiyifoɔ ho, ɛfiri sɛ wɔyɛ mpataku bɔne.

Wobɛyɛ dɛn ahu ɛnnɛ da yi mu ahotɔsoɔ kwan a ɛyɛ  nokorɛ? Mpaapaemu a ɛte saa wɔ agyidifoɔ ntɛm. Nnipa kuo baako see ɔsom nwuma num no bɛma Ayeforo no awie pɛyɛ, ɛna ɔfoforo no ka sɛ Press Play kɛkɛ. Ɛnni sɛ yɛn mu paepae; ɛsɛ sɛ yɛka bom sɛ AYEFORƆ BAAKO. Mmuaeɛ a ɛyɛ nokorɛ ɛne deɛn?

Momma yɛnmom mmue yɛakoma mu na yɛntie deɛ Onyankopɔn nam Ne diyifoɔ so ɛreka akyerɛ Ayeforo no. Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa gye tom sɛ, Onua Barima Branham yɛ N’ebɔfo-somafoɔ a ɔtɔ so nson.

Sɛ wo gyina nnipa nneyɔeɛ nkoaa mpo so a, obibiara nim sɛ, baabi a nnipa dodoɔ wɔ no, adwene nkyekyɛ mu wɔ asɛm kumaa bi a ɛfa nkyerɛkyerɛ kɛseɛ a wɔn nyinaa kura mu. Ɛnneɛ na hwan na ɔbɛnya tumi a ɛho ntoo kyema a ɛyɛ sɛ yɛ sane de bɛsi hɔ wɔ mfirihyia a ɛtwa toɔ yi mu, efiri sɛ awieɛ mfirihyia yi bɛbu nkɔmpɔ akɔ n’akyi akɔda asɛm  korɔgyenn ayeforɔ no adi? Ɛno kyerɛ sɛ yɛbɛnya asɛm no prɛkopɛ bio sɛdeɛ wɔde maa korɔgyeenn maa wɔnyaa nteaseɛ korɔgyenn wɔ Paulo nna mu no. Mɛka onii ko a ɔbɛnya akyerɛ wo. Ɛbɛyɛ odiyifoɔ a wɔabu no bem turodoo anaa mpo sɛ wɔabu no bem akyɛn mfirinhyia no nyinaa mu adiyifoɔ firi Enock berɛ so bɛsi ɛnnɛ, ɛfiri sɛ ɛbɛhia sɛ saa barima yi bɛnya nkɔmhyɛsom dwumadie no tiboɔ, na Onyankopɔn bɛma no so akyerɛ. Ɛnhia sɛ ɔbɛkasa ama ne ho, Onyankopɔn bɛfa ɛnne nsɛnkyerenne so akasa ama no. Amen.

Enti, saa Nkransɛm yi a Ne somafoɔ no kaeɛ no, wɔde maaeɛ frenkyemm, na wɔtee aseɛ frenkyemm.

Ɛdeɛn bio na Onyankopɔn ka faa Ne bɔfo somafo a ɔto so nson ne ne Nkrasɛm no ho? 

  • Ɔbɛtie afiri Onyankopɔn nkutoo hɔ. 
  • Ɔbɛnya “sɛnea  Awurade seɛ” na wakasa ama Onyankopɔn. 
  • Ɔbɛyɛ Onyankopɔn kasamafo. 
  • ƆNO, SƐNEA WƆAKA WƆ MALAKI 4:6 NO, BƐDANE MMƆFRA NO AKOMA ASAN AKƆ AGYANOM NO SO. 
  • Ɔde wɔn a wɔayi wɔn no wɔ ɛnna a ɛtwatoɔ no mu no bɛsane aba na wɔbɛtie odiyofoɔ a wɔabu no bem  sɛ ɔma nokorɛ pɔtee  te sɛdeɛ na Paulo deɛ teɛ no.
  • Ɔde nokorɛ no bɛsi nananmu te sɛdeɛ wɔnyaaeɛ no.

Na afei ɛdeɛn na ɔka faa yɛn ho?

Na ɔne wɔn a wɔayi wɔn  saa da no bɛyɛ wɔn a wɔda Awurade adi ampa na wɔbɛyɛ Ne Nipadua na wɔayɛ Ne nne na wɔayɛ Ne nnwuma. Haleluia! Anyabiaa wohu anaa?

Sɛ wadwene da so yɛ wo naa a, srɛ Onyankopɔn ma Ɔnam Ne Honhom so nhyɛ wo ma, na Ɔnni w’anim ɛfiri sɛ Asɛm no ka sɛ, “ƐNTUMI ƐNNAADAA WƆN A WƆAYI WƆN PƆTEE NO”. Ɔbarima biara nni hɔ a ɔbɛtumi adaadaa wo sɛ woyɛ Ayeforo no a.

Ɛberɛ a Methodistfoɔ no dii ntwo no, Onyankopɔn pagyaa afoforɔ na saa na akɔ so wɔ mfie no mu kɔsi saa da a ɛtwa toɔ yi mu no, nnipa foforɔ wɔ asaase no so bio, a wɔ wɔ wɔn somafoɔ no nan aseɛ no wɔbɛyɛ ɛnne a ɛtwa toɔ ama mfirinhyia a ɛtwa toɔ no.

Yiw owura. Asɔre no nyɛ Onyankopɔn “kasamafoɔ” bio. Ɛyɛ ɔno ara ankasa kasamafoɔ. Enti Onyankopɔn ɛredane akɔ ne so. Ɔbɛnam odiyifoɔ no ne ayeforo no so ama no adwen-fra, ɛfirisɛ ne mu na yɛbɛnya Onyankopɔn nne. Yiw ɛte saa, ɛfirisɛ ɛka wɔ Adiyisɛm ɛtire a ɛtwatoɔ nkyekyɛmu du nson no sɛ, “Honhom no ne ayeforo no ka sɛ: Bra.” Prɛkopɛ bio ɛwiase no bɛtie afiri Onyankopɔn hɔ tɔɔnn te sɛ Pentekose; nanso nokware mu no, wɔbɛpo saa Asɛm-Ayeforo no sɛnea na ɛteɛ wɔ mfirinhyia a ɛdi kan no mu no.

Ayeforo no wɔ ɛnne, nanso ɛbɛka nea ɛwɔ tape nom so nkutoo. Ɛfirisɛ saa Ɛnne no FIRI ONYANKOPƆN HƆ TƆƆNN, ɛnti ɛnhia nkyerɛaseɛ biara sɛnea wɔde maa pɛpɛɛpɛ na wɔte aseɛ pɛpɛɛpɛ no.

Bra bɛka yɛn ho Kwasiada wei prɛmtoberɛ, ɛwɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie saa Ɛnne no ɛda no adi kyerɛ yɛn: Laodikea Asafo Mfirinhyia No Ɔpɛnima bosome no ne da a ɛtɔ so du baako anwumerɛ wɔ afe apem ahankoron aduosia mu.

Onua Barima Joseph Branham.