25-0330 Nsɔano A Ɛtɔso Mmiɛnsa

Nkransɛm: 63-0320 Nsɔano A Ɛtɔso Mmiɛnsa

BranhamTabernacle.org

Medɔfo Honhom  Mu Hawa,

Ma memfa Onyankopɔn Atomic bomb mfiri me krataa ase ɛnnɛ; Ɛnyɛ .22 rifle, ATOMIC BOMB ma Yesu Kristo Ayeforɔ. 

Afei, sɛ wopɛ sɛ wotwerɛ gu hɔ a; Nokorɛ mu, monim ne nyinaa: Yesu, Yohane 14:12; ne Yoel, Yoel 2:38; Paulo, Timoteo nwoma a Ɛtɔ so Mmienu nkyekyɛmu mmiɛnsa; Malaki, etire 4; ne Yohane Adiyieni no, Adiyisɛm 10:17, 1-17. Hwɛ, deɛ ɛbɛkɔ so pɛpɛɛpɛ mprempren yi!

Hyɛ no nso na ma ɛnyɛ kɔkɔbɔ: Anum-nsɛm a ɛdidosoɔ yi nyɛ wo dea sɛ wo gye di a. 

“Yɛde dodoɔ mmorosoɔ gu Onyankopɔn diyifoɔ so.”

“Wontumi nyɛ ayeforɔ no sɛ wotie odiyifoɔ no ara kɛkɛ.” 

“worebɔ tapes wɔ asɔredan mu no yɛ mfomsoɔ”.

 “Ɛhan no afiri nsa baako mu akɔ ɔfoforɔ mu; adeɛ a ɛho hia ɛnnɛ yi paa ne sɛ woretie ɔsom adwuma no.”

“Sɛ mo nyinaa ɛrebɔ mu apresse play wɔ ɛberɛ korɔ mu no yɛ nhyɛsoɔ”.

Wɔ asafo no fam no, ɛyɛ deɛn?  Asɛm a ayɛ honam no wɔ ne nkurɔfoɔ ntam bio! Wahu? 

KABOOM…Enti ɛnam sɛ yɛremia play so no, yɛbɛtumi ate Asɛm a ayɛ honam no, sɛ ɛrekasa ano gu asom ma yɛn ɛberɛ a Ɔda N’Asɛm adi.  

Na anyabiaa, obi bɛtumi aka sɛ Ɛno nyɛ ƐNNE A ƐHO HIA PAA A WOBƐTUMI ATIE? Saa anum nsɛm ɛfa wei yɛ wo dea.

“Na wɔnnye nni kɛkɛ”.

Adiyie dodoɔ a Awurade de ma yɛn ɛfa N’Asɛm ho no, ɛne nnipa ko a yɛyɛ no, na akyirikyiri  ara na obiara a wɔwɔ adiyie no akyi ɛkorɔ.

Ma menka no, kann, sɛneɛ wobɛ…ɛbɛmem akɔ aseɛ hɔ tɔɔnn. Mepɛ sɛ wei ɛnya. Ɛno ne ɔhaw a ɛwɔ  wo ho nnɛ, hwɛ, wonnim Asɛm no! Wahu?

Onyankopɔn de ngo asra mmarima wɔ Saa Nkransɛm yi asɛmpaka ho, nanso Osiwieɛ baako pɛ na ɛwɔ hɔ: Asɛm no.  Sɛ wote sɛ ɔsomfoɔ bi, anaa obiara kasa a, ɛsɛ sɛ wonya gyidie sɛ wobɛgye adi sɛ deɛ ɔreka no yɛ deɛ Onyankopɔn diyifoɔ no aka no dada pɛpɛɛpɛ. Wɔn asɛm, wɔn adiyie, wɔn nkyerɛaseɛ bɛtumi adi ntwo; Onyankopɔn Nne a ɛwɔ tapes no so no NTUMI NNI NTWO DA. 

Kasa fa Onyankopɔn a Ɔnyɛ Kyɛnkyerɛkyɛnn ho ɛnam sɛ woremia play so…Ɔsan ka bio.

Wɔn ani bɔfa Ne so, Asɛm a ɛte ase a wɔda no adi wɔ honam mu, ɛnam Asɛm a wɔahyɛ ho bɔ no so. Asɛm no hyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛyɛ saa nneɛma yi. Wɔhyɛɛ bɔ no, sɛ ɛbɛyɛ sei wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu. 

Tie N’Aprannaa. Aprannaa yɛ Onyankopɔn Nne. William Marrion Branham yɛ Onyankopɔn Nne ma saa awoɔ ntoatoaso yi. 

A —Ayeforɔ no ɛnya nnyaa nkanyan biara ɛbɛsi saa berɛ yi. Wahu? Nkanyan biara nni hɔ, Nyame nneyɔeɛ a ɛda adie biara nni hɔ sɛ ɛbɛkanyan ayeforɔ no de besi saa ɛberɛ yi. Wahu? Yɛrehwɛ no kwan seesei. Ɛbɛnam saa Aprannaa nson a yɛnnim no wɔ ɛtoɔ hɔnom, sɛ ɛbɛnyane no bio, wahu. Aane. Ɔde bɛsoma. Ɔhyɛɛ ho bɔ. Afei hwɛ.

Wobɛtumi akyea no sɛ wopɛ a, nanso Aprannaa nson no bɛma ayeforo no nkanyan a ɛnam Adiyie ɛne Ohwimgyidie, a ɛnam Honhom Kronkron a Ɔnam Onyankopɔn diyifoɔ so ɛrekasa nkutoo so na ɛba. Ɛrekɔ so MPREMPREN yi wɔ ewiase nyinaa.  Onyankopɔn wɔ N’Ayeforɔ a N’Asɛm akanyan wɔn.  

Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom waka akyerɛ y’ɛatamfo no dada deɛ ɛwɔ sɛ ɔyɛ.

Wo deɛ yi wo nsa firi wɔn so. Wɔnim baabi a wɔrekorɔ, ɛfirisɛ Mede Me Ngo asra wɔn ngosra. Na ɛnam Me Ngo a wɔde sra wɔn no so no, wɔwɔ anigyeɛ bobesa, ’firisɛ  wɔnim Me bɔhyɛ Asɛm, ‘Merebɛma wɔn so bio.’ Mma ɛmpira Ɛno! Mma nkɔbɔ mmɔden sɛ woreha wɔn adwene. 

Waka akyerɛ y’ɛatamfo no sɛ ɔnyi ne nsa kankan no mfiri yɛn so.  Nanso anyabiaa yareɛ bɛtumi akɔ so abɔ yɛn? Aane. Anyabiaa yɛda so ara wɔ ɔhaw nom? Aane. Nanso ɔkaa deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nso kyerɛɛ yɛn. 

Ɛmu dɔ.  Kenkan no bɔkɔɔ na si so bio ne bio. 

Ansa na yɛbɛnya asɛmfua bi no, ɛyɛ adwene nsusueɛ. Na ɛsɛ sɛ adwene nsusueɛ nya abɔseɛ. Ɛyɛ. Enti, Onyankopɔn adwene nsusueɛ bɛyɛɛ abɔdeɛ ɛberɛ a Ɔnam Asɛm so kaaeɛ. Ɛno ne ɛberɛ a Ɔde kyerɛ —ma wo sɛ adwene nsusueɛ bi, N’adwene nsusueɛ, na ɛda adi akyerɛ wo. Afei, ɛda so ara yɛ adwene nsusueɛ kɔsi sɛ wobɛka. 

N’adwene nsusueɛ bɛyɛɛ abɔdeɛ ɛberɛ a wokaeɛ no. Afei, wɔyii N’adwene nsusueɛ kyerɛɛ yɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn sɛ Asɛm no. Seesei ɛda so ara yɛ adwene nsusueɛ wɔ yɛn nkyɛn kɔsi sɛ yɛbɛka. ENTI YƐKA…. NA YƐGYE ƐNO DI.

Me ne Abraham Adehyeɛ Aba no. Me ne Kristo Ayeforɔ no. Wɔyii me na wɔde me too hɔ ansa na ewiase fapem sɛ mɛyɛ N’Ayeforɔ, na biribiara ntumi nsesa ɛno. Bɔhyɛ biara a ɛwɔ Bible mu no yɛ me dea. Ɛyɛ N’Asɛm ma me. Meyɛ ɔdedini ma Bɔhyɛ no ankasa. Ɔyɛ Awurade Nyankopɔn a ɔsa me nyarewa nyinaa.

Deɛ mehia biara ɛyɛ me dea, saa na Onyankopɔn kaaeɛ. 

Onyankopɔn  a Ɔnyɛ Kyɛnkyerɛkyɛnn: Gyidie nam ɔtie so na ɛba, Asɛm no tieɛ so. Asɛm no ba Ɔdiyifoɔ no nkyɛn.

Obiara pɛ sɛ ɔde “anumnsɛm” di adanseɛ fa wɔn adwene nsusueɛ, wɔn adwene nkyerɛ, wɔn nkransɛm ho. Na wɔnyɛɛ mfomsoɔ, saa ara nso na me nyɛɛ mfomsoɔ, ɛno nti na deɛ mede ma mo no nyinaa yɛ anumnsɛm a ɛka kyerɛ mo sɛ: Ɛne Tapes no ntena. Tie saa Ɛnne no. Saa Ɛnne no yɛ Onyankopɔn Nne. Ɛsɛ sɛ wogye Asɛm biara a ɛwɔ  Tapes no so di, ɛnyɛ deɛ obi foforɔ ka. Saa Ɛnne no NE ƐNNE A ƐHO HIA PAA A ƐSƐ SƐ WOTIE.

Afoforɔnom nam anumnsɛm so de wo ba wɔn som dwumadie mu, wɔn nsɔre mu, wɔn nkyerɛaseɛ mu, wɔn adiyie mu. “Ɛne wo sɔfo ntena”. (Wiɛ, m’ani gye ɛno nso ho, ɛfirisɛ yɛ yɛ, ɔsɔfo no na ɔyɛ soronko kɛkɛ.) “Ɛnyɛ ɔno nkutoo ne boba a ɛwɔ mpoano.” “Wanka da sɛ bɔ tapes wɔ asɔredan mu.”

Mfa ankorankora nkyerɛase biara nto Ɛno so. Ɔpɛ korɔgyenn, a yɛmfrafraa mu, ɛnyɛ ahohyehyɛ mpo.  Mempɛ sɛ me yere ne ɔbarima foforɔ bi bɛdi ahohyehyɛ.  Na sɛ wokɔ kɔtie nyinasoɔ nom biara a, ɛwɔ Deɛ woretie yi akyi a, wo ne Satan ɛredi ahohyehyɛ. Amen! Anyabiaa, ɛno ɛmma wo nya nyamesom mu atenka? Onyankopɔn pɛ sɛ wotena a mfraframu nni mu.  Wo ne saa Asɛm no ntena ɛhɔ ara. Ɛne No ntena hɔ ara. Ɛno ara ne no.

Me ne me fie deɛ, yɛbɛ presse play na yɛadi Onyankopɔn Asɛm a adane honam a ɛnam Ne bɔfoɔ a ɔtɔ so nson no so ɛrekasa no akyi. Yɛmfa yɛn ankorankora nkyerɛase ɛnka Ɛno ho; Yɛnyɛ ahohyehyɛ anaasɛ yɛntie nimdeɛ nyinasoɔ biara. Yɛne SAA ASEM NO BƐTENA SƐNEA WƆKA-GUU TAPES SO NO. Ɛyɛ Onyankopɔn a Ɔnyɛ Kyɛnkyerɛkyɛnn.

Animuonyam berɛ paa a yɛbɛnya Kwasiada wei wɔ prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a yɛtie: Nsɔano A Ɛtɔ So Mmiɛnsa. Nkransɛm a ɔkaa no Ɔbɛnem da a ɛtɔ so aduonu wɔ afe apem ahankoron aduosia mmiɛnsa mu.

 Mɛpɛ sɛ mɛto nsa afrɛ wo sɛ bɛka yɛn ho wɔ ɛberɛ a yɛabɔ mu ahyia wɔ Asɛm a ɛwɔ hɔ ma ɛnnɛ da yi.

Onuabarima Joseph  Branham .

Twerɛsɛm a wobɛkeken ansa na watie Nkransɛm no:

Ɔhoteni Mateo 25:3-4.

Ɔhoteni Yohane 1:1, 1:14, 14:12, 17:17.

Asomafoɔ Nnwuma Etire Mmienu

I Timoteo 3:16.

Hebrifoɔ 4:12, 13:8.

I Yohane 5:7.

Leviticus 8:12.

Yeremia etire 32 .

Joel 2:28 

Sakaria 4:12 .

Ma memfa akwanya wei so mma ɛmu nna hɔ prɛko bio. Mentia ɔsom nnwuma-num no.  Megye ɔsom nnwuma- num no di. Menni atenka sɛ ɛyɛ mfomsoɔ sɛ wobɛtie ɔsomfoɔ bi. Megye di sɛ ɛsɛ sɛ wotie wo sɔfo wɔ baabi a Onyankopɔn de wo asi no. M’asɛm pɔ ne sɛ, megye di sɛ Onyankopɔn somaa odiyifo wɔ yɛn da yi mu. Onyankopɔn daa N’asɛm adi kyerɛɛ Ne diyifoɔ no. Mɛtumi ayɛ mfomsoɔ, wo sɔfoɔ bɛtumi ayɛ mfomsoɔ, nanso ƐSƐ SƐ yɛpene so (sɛ yɛka sɛ yɛgye di sɛ SAA NKRANSƐM YI  ɛne nokware no na Onuabarima Branham yɛ Onyankopɔn diyifoɔ) deɛ wɔaka wɔ tapes no so no yɛ Sɛ Awurade Seɛ ni. Sɛ wo nnye ɛno nni a, ɛnneɛ wo nnye saa Nkransɛm yi nni. Ɛne sɛ, megye di sɛ ɛyɛ ƐNNE A ƐHO HIA PAA A ƐSƐ SƐ WOTIE.  Ɛnsɛ sɛ wotie me, ɛnsɛ sɛ wotie obi foforɔ, nanso ƐSƐ SƐ WOTIE SAA ƐNNE NO A ƐWƆ TAPES SO NO.