Dɔfoɔ Nyame A Wedeɛ Wɔ Ɛho,
Yɛnni nkatanim no akyi bio, mmɔfra Nkumaa, Onyankopɔn abɛyi Ne Ho nyinaa akyerɛ yɛn. Ɔsoro ne asase so tumfoɔ Nyankopɔn A ɛberɛ nyinaa wakata N’anim ama nkorɔfoɔ no sɛ Ogya Fadum no a ɛfiri Onyankopɔn hɔ baaeɛ no na Ɔbɛtenaa asase so honam dua a wɔfrɛ no Yesu mu no; afei ɔsann N’akyi kɔɔ Ogya Fadum no mu na ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Paul wɔ kwan a ɛkɔ Damascus so no, seesei wasan aba bio abɛyi Ne ho nyinaa akyerɛ ɛna wasan atena onipa honam mu bio wɔ Ne bɔfo Somafoɔ, William Marrion Branham, a Ɔrefrɛ N’Ayeforɔ aba Ne nkyɛn.
Onyankopɔn de Ne bɔfoɔ sii asase so sɛ ɔnnyina Ɔno Ankasa ananmu sɛ N’ananmusini kɛseɛ a wɔahyɛ ato hɔ sɛ ɔmmɔ nwura beaeɛ kɛseɛ a ɛboro nnipa ahoɔden so a yɛnnim no. Ɔnya nhunumuu na ɔde nneɛma a adwene kann ntumi nte aseɛ na ɛba. Wɔsomaa no sɛ ɔmmɛyi Onyankopɔn ahintasɛm nkyerɛ, na ɔnni kan nhunu nkyerɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ, ɛne nneɛma a asie, ɛne nneɛma a ɛbɛsie. Ɔno ne Onyankopɔn Nne ma Ayeforɔ no.
Ɛyɛ ɛdeɛn a? Onyankopɔn, Onyankopɔn a Ɔwɔ wedeɛ akyi, nnipa wedeɛ nom. Ɛte saa pɛpɛɛpɛ.
Ɛnnɛ yi mfomsoɔ hwehwɛfoɔ pii ntumi nte yɛn agyidifoɔ kann no ase. Wɔn afam no, yɛn abɛyɛ nnipa a yɛn nneyɔeɛ ɛmfa kwan mu. Wɔka sɛ yɛyɛ anyame agyidifoɔ na yɛsom odiyifoɔ no…
Mfomsoɔ hwehwɛni bi, ɛnna kakraa bi a atwam nie, ka kyerɛɛ me, wɔ Tucson Ɔkaa sɛ, “Wonim, nnipa binom yɛ wo obi a wo nneyɔeɛ ɛmfa kwan mu, ɛna ɛbinom yɛ wo nyame.”
Mekaa sɛ, “Wiɛ, akɔyɛ sɛdeɛ ɛkɔ kama” Na menim sɛ ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛnya mfomsoɔ aka afa me ho. Moahu? Ɔkaa sɛ, “Nkorɔfoɔ dwene sɛ woyɛ onyame.”
Sɛnea na ɛteɛ no ɛberɛ a na Yesu wɔ asase so ha no, saa ara na ɛteɛ ɛnnɛ wɔ Ne diyifoɔ ho. Nkorɔfoɔ no nni nkatanim no akyi; nokorɛ no afira wɔn ani. Yɛmpɛ hwee gye sɛ Onyankopɔn kwan a Ɔde ama ɛnnɛ: Ɔno Ankasa a Ɔde honam akata N’anim, Onyankopɔn Nne a wɔtwe guu ahoma so na wɔde sieeɛ maa Ayeforɔ no.
Ɛberɛ a Onyankopɔn daa ne ho adi wɔ wiase no, na ɔde ne ho rehinta nkatanim bi akyi; Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu wedeɛ akyi. ƆKataa N’anim na na Ɔrehinta ɔbarima bi a wɔfrɛ no Mose wedeɛ akyi, na na wɔyɛ anyame, ɛnyɛ Onyankopɔn nom; nanso na wɔyɛ Onyankopɔn, Onyame-koro-pɔn no, a Ɔresesa ne nkataanim no kɛkɛ, Ɔreyɛ adekorɔ no ara ɛberɛ biara, de saa Asɛm yi reba. Onyankopɔn yɛɛ no saa.
Wɔde Asɛm no asina yɛn kɛkɛ, ɛdɔn no mu Nkransɛm no. Seesei ama yɛayɛ Asɛm no a akata N’anim wɔ nnipa honam akyi. Ayeforɔ no ɛne Ayeforokunu no yɛ baako. Onyankopɔn yɛ baako, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn! Wɔde Asɛm no asina yɛn.
Awerɛhosɛm ne sɛ, mpaapaemu a ɛda agyidifoɔ no ntam ɛnnɛ ne sɛ wɔte nka sɛ yɛde dodoɔ no ara na ɛgu Onyankopɔn diyifoɔ a wɔasi ne so dua no so. Deɛ ɛne no bɔ abira no, wɔpɛ sɛ wɔde saa akannie no to wɔn asɔfoɔ so.
Onyankopɔn nsesa Ne nhyehyɛeɛ; Ɔsoma ƆBARIMA BAAKO ma ɔdi N’Ayeforɔ anim. Ɛyɛ Ne Honhom Kronkron wɔ yɛn mu biara mu, ɛnam OGYA FADUM no so redi yɛn anim.
Asɛm no ba ɔbaako hɔ. Wɔ mfirinhyia biara mu no, saa ara, wɔ asɔre mfirinhyia no mu mpo no, ɛfiri deɛ ɛdikan pɔtee no kɔsi deɛ ɛtwa toɔ. Afoforɔnom wɔ wɔn mmeaeɛ, ɛte saa, hyɛ no nso, nanso twe wo ho firi saa Ogya Fadum no ho. Moahu?
NANSO ƐDEƐN NA YƐTEƐ ƐNNƐ YI…ADEƐ KORƆ NO ARA.
Mokae deɛ Dathan ne nkaeɛ no kaa no wɔ adihɔ no? Wɔkaa sɛ, “Afei, Mose, twɛn wɔ ha simma pɛ bi! Wosoa bebiree gu wo ho so dodo, moahu. Afei, mmɛɛma foforɔ bi wɔ ha a Onyankopɔn afrɛ.”
Yɛntia ɔsom adwuma no mu; Onyankopɔn afrɛ wɔn, nanso anuanom mmarima ne mmaa, sɛ wo sɔfoɔ no ɛmfa Onyankopɔn Nne ankasa nsi hɔ sɛ Ɛnne a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wotie ɛnam sɛ wɔrebɔ tapes wɔ w’asɔredan mu a, ɛnyɛ adeɛ sɛ ɔredi w’anim akɔ Onyankopɔn kwan a Ɔde ama no so.
Ɛno yɛ nokorɛ. Wɔn, na baako biara redi akyire kama mmerɛ tenten a wɔ kɔɔeɛ no, nanso ɛberɛ a obi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdi anim na wafa Onyankopɔn gyinabea a Ɔde maa Mose a na wɔayi na wɔahyɛ ato hɔ ama saa dwumadie no, bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa no, ogya siane baa fam na ɛbuee asase no mu ɛna ɛmenee wɔn kɔɔ mu tɔnn. Moahu? Moahu? Hwɛ yie. Moahu?
Ɛsɛ sɛ yɛsina yɛn nyinaa wɔ Asɛm a wɔkaaeɛ na wɔde agu tapes no so no. Ɛno ne Onyankopɔn Osiwieɛ no. Ɛno nkutoo ne Asɛm a Ayeforɔ no bɛtumi agye atom. Ɔsom adwuma no ɛnka Ayeforɔ no mmɔ mu da, gye sɛ Onyankopɔn Nne nkutoo a ɛwɔ tapes so no.
Mentumi nyɛ hwee sɛ mo nni hɔ a; montumi nyɛ hwee a menka ho a; ɛmu biara ntumi nnyɛ hwee a Onyankopɔn nka ho. Enti, ɛkabom yɛ bafua no, nkabomdie no. Onyankopɔn somaa me maa botaeɛ no; monye nni; Na ɛhɔ na ɛsie. Ɛno ara ne no, hwɛ o, asi so dua pɛpɛɛpɛ.
Nkabom NKUTOO na ɛyɛ BAFUA, nkabomdie no. Onyankopɔn somaa William Marrion Branham maa saa botaeɛ no. Ɛnneɛ, gye sɛ wogye Ɛno di, NKUTOO na Ɛbɛba mu; asi so dua pɛpɛɛpɛ.
Ɛnyɛ me ne onii ko a ɔɔka saa, anuanom mmɛɛma ne mmaa. ƐYƐ ONYANKOPƆN A ƆNAM NE DIYIFOƆ SO REKA SAA. Ɛmma onipa biara nka soronko nkyerɛ wo anaasɛ mmɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkwan soronko so akyerɛ wo. ONYANKOPƆN NNE A ƐWƆ TAPES SO NO NKUTOO NA ƐBƐKA AYEFORƆ NO ABOM NA AMA NO AWIE PƐYƐ. ƆKWAN FOFORƆ BIARA SO NO, WORENYƐ AYEFORƆ.
Enti medwene sɛ yɛn mpanyinfoɔ yi mu pii no ara dwene ade korɔ no ara. Onyankopɔn, a wedeɛ wɔ Ne ho. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ deɛ ɛmfa kwan mu, ama ewiase, nanso ɛretwe nnipa nyinaa aba Ne nkyɛn.
Anyabiaa wote deɛ ɔkaa no seesei ara no? Onyankopɔn a wedeɛ wɔ Ne ho ɛretwe nnipa nyinaa aba Ne nkyɛn.
Ɛberɛ a wɔde deɛ ɛmfata resina ewiase no, wɔde Onyankopɔn Nne asina yɛn na wɔfrɛ yɛn Ayeforɔ no. Ɛretwe yɛn afiri saa sakatuu yi mu, akɔ Onyankopɔn Animpa. Yɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a asina a ɛmfa kwan mu wɔ nnipa aniso.
Bra na wɔnsina wo ɛne yɛn mmɔ Onyankopɔn Nne Kwasiada yi prɛmtoberɛ wɔ Jeffersonville berɛ mu, ɛberɛ a ɛtwe nnipa nyinaa ba Ne nkyɛn no.
Onuabarima Joseph Branham.
Nkransɛm:
Deɛ Watom No
64-0614E .
Twerɛnsɛm:
1Korintofoɔ 1:18-25.
II Korintofoɔ 12:11.